Romafoɔ 3 – ASCB & KSS

Asante Twi Contemporary Bible

Romafoɔ 3:1-31

1Ɛnneɛ na Yudaniyɛ ho mfasoɔ ne sɛn, anaasɛ twetiatwa ho wɔ mfasoɔ bi? 2Aane mfasoɔ wɔ so. Deɛ ɛdi ɛkan no, Onyankopɔn de ne nsɛm ahyɛ wɔn nsa.

3Na sɛ ebinom nni gyidie ɛ? Gyidie a wɔnni no kyerɛ sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ anaa? 4Ɛnte saa koraa! Sɛ obiara yɛ ɔtorofoɔ a, Onyankopɔn deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ,

“Wodi bem wɔ wo kasa mu

na wotene wɔ wʼatemmuo mu.”

5Na obi bɛka sɛ, “sɛ yɛn bɔne a yɛyɛ no da Onyankopɔn tenenee adi kann a, adɛn enti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuhyeɛ ba yɛn so?” (Merekasa sɛ onipa) 6Dabi! Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔteneneeni a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi abu ewiase atɛn? 7Obi bɛgye akyinnyeɛ aka sɛ, “Sɛ me nkontompo ma Onyankopɔn nokorɛ da adi na nʼanimuonyam boro so a, ɛnneɛ adɛn enti na Onyankopɔn bu me fɔ sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ?” 8Ebinom nso bɛka sɛ, “Ɛnneɛ momma yɛnyɛ bɔne sɛdeɛ biribi pa bɛfiri mu aba!” Nnipa bi mpo ka sɛ saa asɛm yi na yɛka. Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn.

Obiara Ntene

9Ɛnneɛ, ɛdeɛn na yɛnka? Yɛn Yudafoɔ yɛ nnipa sene amanamanmufoɔ no anaa? Ɛnte saa! Makyerɛ mu dada sɛ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ nyinaa yɛ pɛ wɔ bɔne tumi ase. 10Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ,

“Obiara nyɛ ɔteneneeni;

11obiara nyɛ ɔbadwemma;

na obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyiri kwan.

12Nnipa nyinaa atwe wɔn ho afiri Onyankopɔn ho;

wɔn nyinaa ayɛ bɔne.

Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa.

Ɔbaako mpo nni hɔ.”

13“Wɔn anom te sɛ damena a abue;

na wɔn tɛkrɛma ka atorɔsɛm.”

“Wɔn anofafa ka nsɛm a ɛte sɛ ɔwɔ ano borɔ.”

14“Nnome a ɛyɛ hu na ɛfiri wɔn anom ba.”

15“Wɔnkyɛre opira ne awudie ho;

16baabiara a wɔbɛkɔ no, wɔsɛe hɔ pasaa,

17na wɔnnim asomdwoeɛ kwan.”

18“Na wɔnnsuro Onyankopɔn.”

19Yɛnim sɛ biribiara a ɛwɔ Mmara no mu no, wɔtwerɛ maa wɔn a wɔhyɛ Mmara no tumi ase. Mmara no ka yeinom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara rennya anoyie, na ama Onyankopɔn akyerɛ sɛ ewiase nyinaa di fɔ. 20Ɛfiri sɛ, obiara nni hɔ a sɛ ɔyɛ deɛ Mmara no hyɛ sɛ ɔnyɛ a, Onyankopɔn bɛbu no bem. Deɛ Mmara no yɛ ara ne sɛ, ɛma onipa hunu sɛ wayɛ bɔne.

21Wɔada teneneeyɛ a ɛfiri Onyankopɔn, na ɛmfiri mmara no adi. Ɛno na Mmara no ne Adiyifoɔ no di ho adanseɛ. 22Saa teneneeyɛ a ɛfiri Onyankopɔn yi nam gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu Kristo mu. Ɛwɔ hɔ ma agyidifoɔ nyinaa. Nsonsonoeɛ biara nni mu. 23Na nnipa nyinaa ayɛ bɔne ama Onyankopɔn animuonyam abɔ wɔn, 24nanso ɔnam Kristo adom nkwagyeɛ no so abu wɔn nyinaa bem kwa. 25Onyankopɔn somaa Kristo sɛ ɔmfa ne ho mmɛbɔ afɔdeɛ mma yɛn. Kristo de ne mogya maaeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, gyidie a yɛbɛnya wɔ ne mu enti wɔbɛgye yɛn. Saa afɔdeɛ yi ma yɛhunu sɛ, mmerɛ a atwa mu no, Onyankopɔn nam boasetɔ ne adom so de bɔne kyɛeɛ. 26Ɛfiri sɛ na Onyankopɔn rehwɛ ɛkwan na ɔde wɔn abɛka deɛ ɔreyɛ saa ɛberɛ yi no ho. Onyankopɔn yɛɛ yei de kyerɛɛ ne tenenee, ɛfiri sɛ ɔno ankasa nyɛ nyiyimu, na ɔbu atɛntenenee nso, na sɛ nnebɔneyɛfoɔ gye Yesu di a, ɔbu wɔn sɛ wɔtene wɔ nʼani so.

27Ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛde bɛhoahoa yɛn ho? Biribiara nni hɔ! Na adɛn nti? Mmara no a yɛdi so no enti na wagye yɛn anaa? Dabi. Gye a ɔgye yɛn no nnyina mmara a yɛdi so, na mmom, ɛgyina gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu mu. 28Ne tiawatwa ne sɛ, wɔnam gyidie so na wɔbu onipa bem, na ɛnyɛ Mmara a ɔdi so no enti. 29Onyankopɔn yɛ Yudafoɔ nko ara Onyankopɔn anaa? Ɔnyɛ amanamanmufoɔ nso Onyankopɔn bi anaa? Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ ɔyɛ amanamanmufoɔ nso Onyankopɔn. 30Onyankopɔn yɛ baako, na ɔnam gyidie nko ara a Yudafoɔ wɔ so bɛbu wɔn bem. Na saa ara nso na ɔnam gyidie nko ara so bɛbu amanamanmufoɔ bem. 31Enti, yei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛfa saa gyidie no so gyae Mmara no so di anaa? Dabi, na mmom, sɛ yɛwɔ gyidie a, yɛfoa Mmara no adanseɛ so.

Kurdi Sorani Standard

ڕۆما 3:1-31

دڵسۆزیی خودا

1کەواتە، جولەکەکان چییان لە نەتەوەکانی دیکە زیاترە؟ یان سوودی خەتەنەکردن چییە؟ 2زۆر شتیان لە نەتەوەکانی دیکە زیاترە! پێش هەموو شتێک، وشەکانی خودایان پێ سپێردرا.

3کەواتە چی دەبێت ئەگەر هاتوو هەندێکیان بێباوەڕ بوون؟ ئایا دڵسۆز نەبوونیان دڵسۆزیی خودا پووچەڵ دەکاتەوە؟ 4نەخێر! بەڵکو با خودا ڕاستگۆ بێت و هەموو مرۆڤ درۆزن. وەک نووسراوە:

﴿تاکو لە قسەکانت ڕاست بیت و

سەرکەوتوو بیت لە حوکمەکانت.﴾3‏:4 زەبوورەکان 51‏:4.‏

5بەڵام ئەگەر ناڕەواییمان ڕەوایی خودا دەردەخات، چی بڵێین؟ ئایا خودا زۆردارە ئەگەر تووڕەیی خۆی بەسەرماندا بڕژێنێت؟ (وەک مرۆڤ قسە دەکەم.) 6نەخێر! ئەگینا چۆن خودا جیهان حوکم دەدات؟ 7لەوانەیە یەکێک بڵێ: «ئەگەر درۆی من ڕاستی خودا بۆ شکۆی ئەو زیاتر بکات، بۆچی من هێشتا وەک گوناهبارێک تاوانبار دەکرێم؟» 8ئەی بۆ نەڵێن: «با خراپە بکەین تاکو چاکەی بەدواوە بێت،» وەک هەندێک بوختان بە دەممانەوە هەڵدەبەستن؟ ئەو کەسانە تاوانبارکردنیان دادپەروەرانەیە!

هیچ مرۆڤێک بێ گوناه نییە

9کەواتە چی بڵێین؟ ئایا ئێمەی جولەکە لە خەڵکانی تر باشترین؟ نەخێر، چونکە ئێمە جولەکە و ناجولەکەمان تۆمەتبار کرد کە هەردووکیان لەژێر دەسەڵاتی گوناهن، 10وەک نووسراوە:

﴿کەس بێتاوان نییە، تەنانەت یەک کەسیش،

11کەس نییە تێبگات،

کەس نییە بەدوای خودا بگەڕێت.

12هەموو ڕوویان وەرگێڕا و

تێکڕا بێ سوود بوون.

کەس نییە چاکە بکات،

تەنانەت یەکێکیش نییە.﴾3‏:12 زەبوورەکان 14‏:1‏-3 و زەبوورەکان 53‏:1‏-3.‏

13﴿قوڕگیان گۆڕێکی کراوەیە،

بە زمانیان فێڵبازی دەکەن.﴾3‏:13 زەبوورەکان 5‏:9.‏

﴿ژەهری تیرەمار لەژێر لێویانە.﴾3‏:13 زەبوورەکان 140‏:3.‏

14﴿دەمیان پڕە لە نەفرەت و تاڵاو.﴾3‏:14 زەبوورەکان 10‏:7.‏

15﴿پێیان خێرایە بۆ خوێنڕشتن،

16وێرانی و دەردەسەری لەسەر ڕێگایانە

17ڕێگای ئاشتی پێنازانن.﴾3‏:17 ئیشایا 59‏:7‏-8.‏

18﴿ترسی خودایان لەبەرچاو نییە.﴾3‏:18 زەبوورەکان 36‏:1.‏

19ئێستا دەزانین هەرچی شەریعەت دەیڵێت، بەوانەی دەڵێت کە لەژێر سایەی شەریعەتدان، تاکو هەموو دەمێک دابخرێت و هەموو جیهان بکەوێتە ژێر لێپرسینەوەی خودا. 20بە کرداری شەریعەت کەس لەلای خودا بێتاوان نابێت، بەڵکو گوناه لە ڕێگەی شەریعەتەوە3‏:20 مەبەست لە شەریعەتی موسایە کە تەوراتە.‏ دەناسرێت.

بێتاوانکردن بە باوەڕ

21بەڵام ئێستا بەبێ شەریعەت بێتاوانکردن لەلایەن خوداوە ئاشکرا کرا، تەورات و پەیامی پێغەمبەرانیش شایەتی بۆ دەدەن. 22ئەم بێتاوانکردنە لە خوداوەیە لە ڕێگەی باوەڕ بە عیسای مەسیح، بۆ هەموو ئەوانەیە کە باوەڕ دەهێنن، بەبێ جیاوازی، 23لەبەر ئەوەی هەمووان گوناهیان کرد و لە شکۆی خودا دوورکەوتنەوە و 24بەخۆڕایی بە نیعمەتی ئەو بێتاوان کران، بەو کڕینەوەیەی3‏:24 کڕینەوەی مرۆڤ لە کۆیلایەتی گوناه بە خوێنی عیسا.‏ کە لە ڕێگەی عیسای مەسیحەوە هەیە. 25خودا مەسیحی وەک کەفارەت3‏:25 ئەو قوربانییەی کە تووڕەیی خودا لادەدات.‏ پێشکەش کرد، ئەگەر باوەڕ بە خوێنی ئەو بهێنین. ئەمەی بۆ دەرخستنی دادپەروەرییەکەی خۆی کرد، بۆ چاوپۆشیکردن لە گوناهەکانی ڕابردوو، بە پشوودرێژیی خودا، 26هەروەها بۆ دەرخستنی دادپەروەرییەکەی لە کاتی ئێستادا، تاکو دادپەروەر بێت و ئەوانە بێتاوان بکات کە باوەڕیان بە عیسایە.

27بۆیە لەخۆباییبوون لەکوێیە؟ نەماوە. بەپێی چ بنەمایەک؟ ئایا بەپێی بنەمای کردار؟ نەخێر، بەڵکو بەپێی بنەمای باوەڕ. 28کەواتە بۆمان دەردەکەوێت کە مرۆڤ بە باوەڕ بێتاوان دەکرێت، نەک بە جێبەجێ کردنی فەرزەکانی شەریعەت. 29ئایا خودا تەنها هی جولەکەیە؟ ئەی هی نەتەوەکانی دیکەش نییە؟ بەڵێ، هی نەتەوەکانی دیکەشە، 30چونکە تەنها یەک خودا هەیە کە خەتەنەکراو بە باوەڕ بێتاوان دەکات و خەتەنەنەکراویش بەهۆی هەمان باوەڕەوە بێتاوان دەکات. 31ئایا شەریعەت بەهۆی باوەڕەوە پووچەڵ دەکەینەوە؟ نەخێر، بەڵکو شەریعەت3‏:31 شەریعەتی موسا.‏ دەچەسپێنین.