Nnwom 93 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 93:1-5

Dwom 93

1Awurade di ɔhene, wɔde tumi ahentadeɛ ahyɛ no;

wɔde tumi ahentadeɛ ahyɛ Awurade

na wɔde ahoɔden ayɛ nʼakodeɛ.

Wɔde ewiase atim hɔ pintinn;

na wɔrentumi ntutu.

2Wʼahennwa tim hɔ firi tete;

na wowɔ hɔ firi mmerɛsanten.

3Ao Awurade, ɛpo ama wɔn ho so,

ɛpo ama wɔn nne so;

ɛpo ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ denden no so.

4Woyɛ deɛ ɔwɔ tumi sene nsuo akɛseɛ aprannaa,

deɛ ɔwɔ tumi sene ɛpo nworosoɔ.

Awurade a ɔte ɔsoro no yɛ kɛseɛ.

5Ao Awurade, wo nhyehyɛeɛ gyina hɔ pintinn;

kronkronyɛ hyɛ wo fie animuonyam

daa nyinaa.