Nnwom 91 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 91:1-16

Dwom 91

1Deɛ ɔte Ɔsorosoroni no hintabea

bɛhome wɔ Otumfoɔ no nwunu mu.

2Mɛse Awurade sɛ, “Woyɛ me dwanekɔbea ne mʼabankɛseɛ,

me Onyankopɔn a mewɔ wo mu ahotosoɔ.”

3Ampa ara, ɔbɛgye wo afiri fidisumfoɔ afidie mu

ne owuyadeɛ mu.

4Ɔde ne ntakra bɛkata wo so;

na ne ntaban ase na wobɛnya dwanekɔbea;

ne nokorɛ bɛyɛ wo banbɔ ne wo kyɛm.

5Worensuro anadwo mu ahunahuna,

anaa bɛmma a ɛtu awia,

6anaa owuyadeɛ a ɛba esum mu,

anaa ɔyaredɔm a ɛsɛe owigyinaeɛ.

7Apem bɛtotɔ wo nkyɛn mu,

na ɔpedu bɛtotɔ wo nifa,

nanso, wo deɛ, ɛrenka wo.

8Wʼani nko ara na wode bɛhwɛ

na woahunu nnebɔneyɛfoɔ asotwe.

9Sɛ wode Ɔsorosoroni no yɛ wo tenabea,

mpo Awurade a ɔyɛ me dwanekɔbea no a,

10ɔhaw biara remma wo so,

na amanehunu biara remmɛn wo ntomadan.

11Ɛfiri sɛ ɔbɛhyɛ nʼabɔfoɔ a wɔhwɛ wo so no

abɛbɔ wo ho ban wʼakwan nyinaa mu;

12wɔde wɔn nsa bɛpagya wo,

na wo nan rensunti ɔboɔ.

13Wobɛtiatia agyata ne aprammire so,

wobɛnante gyataburuwa ne ɔtweaseɛ so.

14Awurade ka sɛ, “Esiane sɛ ɔdɔ me enti, mɛgye no;

mɛbɔ ne ho ban, ɛfiri sɛ ɔnim me din.

15Ɔbɛfrɛ me, na mɛgye ne so;

mɛka ne ho wɔ amanehunu mu,

mɛgye no, na mahyɛ no animuonyam.

16Mɛma nkwa nna a ɛware amee no

na makyerɛ no me nkwagyeɛ.”