Nnwom 80 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 80:1-19

Dwom 80

Asaf dwom.

1Ao Israel dwanhwɛfoɔ, tie yɛn,

wo a wodii Yosef anim sɛdeɛ wɔdi nnwankuo anim;

wo a wote ahennwa so wɔ Kerubim ntam no, hyerɛn

2wɔ Efraim, Benyamin ne Manase anim.

Kanyane wo tumi;

bra bɛgye yɛn nkwa.

3Ao Onyankopɔn, gye yɛn bio;

ma wʼanim nhyerɛn yɛn so,

na wɔagye yɛn nkwa.

4Ao Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn,

wʼabofuo bɛdɛre akɔsi da bɛn

wʼabofuo a ɛtia wo nkurɔfoɔ mpaeɛbɔ no?

5Wode nisuo yɛɛ aduane maa wɔn diiɛ;

wode nisuo kuruwa ma ma wɔnomeeɛ.

6Woama yɛn mfɛfoɔ abu yɛn animtiaa,

na yɛn atamfoɔ sere yɛn.

7Ao Otumfoɔ Onyankopɔn, gye yɛn bio;

ma wʼanim nhyerɛn yɛn so,

na wɔagye yɛn nkwa.

8Wode bobe firi Misraim baeɛ;

wopamoo amanaman no na woduaaɛ.

9Wosiesiee asase no baabi maa no,

ɛgyee nhini na ɛtrɛɛ asase no so.

10Ne nwunu kataa mmepɔ no so

ne mman kataa ntweneduro akɛseɛ no so.

11Ɛdendanee kɔɔ Ɛpo so,

na ɛfefɛ kɔduruu Asubɔnten no ho.

12Adɛn enti na woabubu nʼafasuo

ama wɔn a wɔtwam hɔ tete ne bobe aba no?

13Kɔkɔte firi wiram bɛsɛe no pasaa

na mmoadoma a ɛwɔ ɛserɛ so de yɛ wɔn aduane.

14Ao Otumfoɔ Onyankopɔn, sane bra yɛn nkyɛn!

Firi soro hɔ hwɛ na wobɛhunu!

Hwɛ saa bobe yi so,

15ntini a wo nsa nifa adua no,

ɔbabarima a woatete no ama wo ho no.

16Wɔatwa wo bobe no ato fam, ato mu ogya ama ahye;

wʼanimka ma wo nkurɔfoɔ ase tɔre.

17Fa wo nsa kata ɔbarima a ɔwɔ wo nifa no so,

onipa ba a woatete no ama wo ho no.

18Afei yɛrentwe yɛn ho mfiri wo nkyɛn;

kanyane yɛn, na yɛbɛbɔ wo din.

19Ao Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn, gye yɛn bio,

na ma wʼanim nhyerɛn yɛn so,

na wɔagye yɛn nkwa.