Nnwom 6 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 6:1-10

Dwom 6

Dawid dwom.

1Ao, Awurade nka mʼanim wɔ wʼabofuo mu,

na ntwe mʼaso nso wɔ wʼabufuhyeɛ mu.

2Hu me mmɔbɔ, Awurade, ɛfiri sɛ meyɛ mmrɛ;

Ao Awurade sa me yadeɛ

na me nnompe wɔ ahoyera mu.

3Me kra wɔ ahohia mu.

Ɛnkɔsi da bɛn, Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn?

4Sane bra, Ao Awurade, na bɛgye me nkwa;

gye me, wo dɔ a ɛnni hwammɔ no enti.

5Obi a wawuo no renkae wo da,

hwan na ɔfiri damena mu kamfo woɔ?

6Apinisie ama mayɛ mmerɛ.

Anadwo mu nyinaa mede agyaadwotwa fɔ me mpa

na me nisuo fɔ me sumiiɛ.

7Awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ me kusuu.

Ɛredum mʼatamfoɔ nyinaa enti.

8Mo nnebɔneyɛfoɔ, montwe mo ho mfiri me ho,

ɛfiri sɛ Awurade ate me sufrɛ.

9Awurade ate me mmɔborɔ su;

Awurade tie me sufrɛ.

10Mʼatamfoɔ nyinaa anim bɛgu ase

na wɔn ho adwiri wɔn;

na wɔapatu de fɛreɛ asane wɔn akyi.