Nnwom 56 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 56:1-13

Dwom 56

Dawid dwom a ɔtoeɛ ɛberɛ a Filistifoɔ kyeree no wɔ Gat no.

1Ao Onyankopɔn, hunu me mmɔbɔ na nnipa taa me anibereɛ so;

da mu nyinaa, wɔmia mmirika a wɔtu wɔtaa me no mu.

2Wɔn a wɔbɔ me ahohora taa me da mu nyinaa;

wɔn a wɔma wɔn ho so tia me dɔɔso.

3Sɛ mebɔ hu a,

mede me ho bɛto wo so.

4Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no,

mede me ho to Onyankopɔn so, na merensuro.

Ɛdeɛn na onipa dasani bɛtumi ayɛ me?

5Ɛda mu nyinaa wɔgye mʼano si bɔne;

ɛberɛ biara wɔbɔ pɔ sɛ wɔbɛteetee me.

6Wɔbɔ pɔ, na wɔtetɛ,

wɔhwɛ mʼanammɔntuo,

na wɔpere sɛ wɔbɛkum me.

7Ɛkwan biara so, mma wɔmfa wɔn ho nni;

Ao Onyankopɔn, brɛ amanaman no ase wɔ wʼabufuo mu.

8Twerɛ me kwadwom to hɔ;

sese me nisuo wɔ wo nwoma mmobɔeɛ no mu.

Ɛnni deɛ woatwerɛ ato hɔ no mu anaa?

9Sɛ mepɛ mmoa firi wo hɔ a,

mʼatamfoɔ bɛsane wɔn akyi.

Yei bɛma mahunu sɛ Onyankopɔn wɔ mʼafa.

10Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no,

Awurade a mekamfo nʼasɛm no,

11mede me ho to Onyankopɔn so; na merensuro.

Ɛdeɛn na ɔdasani bɛtumi ayɛ me?

12Ao Onyankopɔn, mehyɛ ɛbɔ a mahyɛ wo no ase,

mede mʼaseda afɔdeɛ bɛbrɛ wo.

13Ɛfiri sɛ, woagye me afiri owuo mu,

woamma me nan ansunti,

sɛdeɛ mɛtumi anante Onyankopɔn anim

wɔ nkwa hann mu.