Nnwom 49 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 49:1-20

Dwom 49

Kora mma dwom.

1Nnipa nyinaa, montie;

monyɛ aso, mo a mowɔ ewiase yi mu nyinaa,

2deɛ ɔyɛ abomfiaa ne deɛ ɔdi mu,

adefoɔ ne ahiafoɔ nyinaa.

3Mʼano bɛka anyansasɛm;

nsɛm a ɛfiri mʼakomam bɛma nhunumu.

4Mɛbrɛ mʼaso ase atie abɛbusɛm;

na menam sankubɔ so bɛte aseɛ ama makyerɛ abɛbusɛm no ase.

5Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mesuro nna bɔne,

ɛberɛ a amumuyɛfoɔ adaadaafoɔ atwa me ho ahyia,

6wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ahonya soɔ

na wɔde wɔn adedodoɔ hoahoa wɔn ho?

7Onipa biara rentumi nnye nʼankasa nkwa

na ɔrentumi mfa mpata biara mma Onyankopɔn.

8Nkwa ho mpata boɔ yɛ den,

sika biara rentumi ntɔ,

9sɛ ɛbɛma no atena ase afebɔɔ

a ɔrenhunu porɔeɛ.

10Obiara nim pefee sɛ anyansafoɔ wu;

saa ara na nkwaseafoɔ ne agyimifoɔ nso wuo

na wɔgya wɔn ahonya hɔ ma afoforɔ.

11Wɔn adamena bɛyɛ wɔn afie afebɔɔ.

Ɛhɔ na wɔbɛtena awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi ɛberɛ a ɛnni awieeɛ mu,

wɔn din a wɔde totoo nsase so nyinaa akyi.

12Na onipa ahonya nyinaa akyi no, ɔrentena hɔ daa;

ɔte sɛ mmoa a wɔwuo no ara.

13Yei ne deɛ ɛda hɔ ma wɔn a wɔgye wɔn ho die,

ne wɔn akyidifoɔ a wɔfoa wɔn nsɛm soɔ.

14Wɔte sɛ nnwan na wɔbɛkɔ damena mu,

na owuo de wɔn bɛyɛ nʼaduane.

Teneneefoɔ bɛdi wɔn so anɔpa;

wɔn onipadua bɛporɔ wɔ damena mu,

na wɔne wɔn adan akɛseɛ no ntam kwan bɛware.

15Nanso, Onyankopɔn de ne tumi bɛgye me afiri damena mu;

ampa ara, ɔde me bɛkɔ ne nkyɛn.

16Sɛ onipa nya ne ho a, mma ɛnha wo;

na sɛ ne fie anigyeɛ yɛ bebree a, mma no nha wo;

17ɛfiri sɛ, sɛ ɔwu a, ɔremfa hwee nkɔ,

nʼanimuonyam ne no renkɔ amena mu.

18Mpo ɔte ase no, ɔfaa no sɛ wɔahyira no,

ɛfiri sɛ wɔkamfo nnipa ɛberɛ a wɔdi yie,

19nanso ɔbɛkɔ akɔka nʼagyanom ho,

wɔn a wɔrenhunu nkwa hann ara da no.

20Onipa a ɔwɔ ahonya na ɔnni nhunumu no,

ɔte sɛ aboa a ɔwuo.