Nnwom 45 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 45:1-17

Dwom 45

Kora mma dwom. Ayeforɔhyia dwom.

1Botaeɛ bi a ɛdi mu akanyane mʼakoma

ɛberɛ a merebɔ ɔhene mmrane no;

me tɛkrɛma yɛ ɔtwerɛfoɔ kunini bi twerɛdua.

2Wodi mu wɔ mmarima mu

na wɔde adom bi asra wʼano,

ɛsiane sɛ Onyankopɔn ahyira wo afebɔɔ no enti.

3Fa wʼakofena bɔ wo nkyɛn mu, Ao Otumfoɔ;

fa animuonyam ne kɛseyɛ fira.

4Fa wo kɛseyɛ mu kɔ wʼanim nkonimdie so

wɔ nokorɛ, ahobrɛaseɛ ne tenenee mu;

ma wo nsa nifa nna wo nnwuma a ɛyɛ nwanwa no adi.

5Ma wo bɛmma namnam no nhwere ɔhene atamfoɔ akoma mu;

na ma amanaman nhwe wo nan ase.

6Ao Onyankopɔn, wʼahennwa no bɛtena hɔ daa daa;

tenenee ahempoma bɛyɛ wʼahennie no ahempoma.

7Wodɔ tenenee na wokyiri bɔne.

Ɛno enti Onyankopɔn, wo Onyankopɔn de wo asi wo mfɛfoɔ so,

na ɔde anigyeɛ ngo asra wo.

8Kurobo, pɛperɛ ne bɛwewonua hwa agye wo batakari mu nyinaa;

sankuo so nnwom a ɛfiri ahemfie a wɔde asonse asiesie ho mu

ma wʼani gye.

9Ahemfo mmammaa ka wo mmaa atitire ho;

wo nsa nifa so na ayeforɔ dehyeɛ a ɔhyɛ Ofir sikakɔkɔɔ gyina.

10Ao ɔbabaa tie, dwene ho na yɛ ɔsetie;

ma wo werɛ mfiri wo nkurɔfoɔ ne wo agya fie.

11Wʼahoɔfɛ asɔ ɔhene no ani;

di no nni, ɛfiri sɛ ɔno ne wo wura.

12Tiro Babaa de ayɛyɛdeɛ bɛba;

mmarima adefoɔ bɛdɛfɛdɛfɛ wo.

13Ɔhene babaa a ɔwɔ ne piam no yɛ onimuonyamfoɔ

wɔde sikakɔkɔɔ abobɔ nʼatadeɛ yuu mu.

14Ɔhyɛ ntadeɛ a wɔadi mu adwinneɛ na wɔde no kɔma ɔhene;

ne mfɛfoɔ mmaabunu di nʼakyi

na wɔde wɔn nyinaa brɛ wo.

15Wɔde ahosɛpɛ ne anigyeɛ kɔ mu;

wɔhyɛne ɔhempɔn no ahemfie.

16Wo mmammarima bɛsi wʼagyanom ananmu

wobɛyɛ wɔn mmapɔmma wɔ asase no so nyinaa.

17Mɛma wɔakae wo wɔ awontoatoasoɔ nyinaa mu;

ɛno enti amanaman bɛkamfo wo daa nyinaa.