Nnwom 150 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 150:1-6

Dwom 150

1Monkamfo Awurade.

Monkamfo Awurade wɔ ne kronkronbea;

monkamfo no wɔ ɔsoro tumi mu.

2Monkamfo no wɔ ne tumi mu nneyɛɛ ho;

monkamfo no wɔ ne kɛseyɛ a ɛboro biribiara soɔ ho.

3Momfa totorobɛnto nnyegyeeɛ nkamfo no,

momfa asankuo ne bɛnta nkamfo no,

4momfa akasaeɛ ne asa nkamfo no,

momfa sankuten ne atɛntɛbɛn nkamfo no,

5momfa kyankyan mmobɔmu so nkamfo no,

momfa kyankyan nnyegyeeɛ nkamfo no.

6Momma deɛ ɛhome nyinaa nkamfo Awurade.

Monkamfo Awurade.