Nnwom 148 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 148:1-14

Dwom 148

1Monkamfo Awurade!

Monkamfo Awurade mfiri ɔsorosoro,

monkamfo no wɔ ɔsoro sorɔnsorɔmmea.

2Nʼabɔfoɔ nyinaa, monkamfo no,

ne ɔsoro asafo nyinaa, monkamfo no.

3Owia ne ɔsrane, monkamfo no,

nsoromma a ɛhran nyinaa, monkamfo no.

4Monkamfo no, ɔsoro mu ɔsoro

ne mo nsuo a mowɔ ɔsoro atifi.

5Momma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din,

ɛfiri sɛ ɔno na ɔhyɛeɛ na wɔbɔɔ wɔn.

6Ɔde wɔn sisii hɔ afebɔɔ;

na wahyɛ nʼasɛm a ɛrentwam da.

7Monkamfo Awurade mfiri asase so,

mo, ɛpo kɛseɛ mu abɔdeɛ ne ɛpo bunu nyinaa,

8anyinam ne asukɔtweaa, sukyerɛmma ne omununkum,

ahum a moyɛ nʼapɛdeɛ,

9mo, mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa,

nnua a ɛso aba ne ntweneduro nyinaa,

10wira mu mmoa ne anantwie,

abɔdeɛ nketewa ne nnomaa a wɔtuo,

11asase ne amanaman nyinaa so ahemfo,

mo, mmapɔmma ne asase sodifoɔ nyinaa,

12mmeranteɛ ne mmabaawa

mmasiriwa ne mmɔfra nso.

13Ma wɔnkamfo Awurade din,

na ne din so sene edin biara;

nʼanimuonyam korɔn wɔ asase ne ɔsoro so.

14Wapagya abɛn bi ama ne nkurɔfoɔ,

ama nʼahotefoɔ nyinaa animuonyam,

Israelfoɔ, nnipa a wɔda nʼakoma so no.

Monkamfo Awurade.