Nnwom 131 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 131:1-3

Dwom 131

Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ.

1Ao Awurade, ahomasoɔ nni mʼakoma mu,

na mʼani ntraa ntɔn;

memma nsɛm akɛseɛ nha me

anaa nsɛm a ɛyɛ nwanwa dodo ma me.

2Na mmom, mama me kra anya abotɔyam

te sɛ akɔkoaa a ɔda ne maame so renum no,

te sɛ akɔkoaa a ɔtua nufoɔ ano no,

saa ara na me kra ayɛ wɔ me mu.

3Ao Israel, ma wʼani nna Awurade so,

seesei ne daa nyinaa.