Nnwom 113 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 113:1-9

Dwom 113

1Monkamfo Awurade.

Ao, mo Awurade asomfoɔ, monkamfo no,

monkamfo Awurade din.

2Momma wɔnkamfo Awurade din,

seesei ne daa nyinaa.

3Ɛfiri baabi a owia pue kɔsi faako a ɔkɔtɔ,

ma wɔnkamfo Awurade din.

4Wɔama Awurade so aman nyinaa so,

nʼanimuonyam tra ɔsorosoro.

5Hwan na ɔte sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn,

Ɔbaako no a ɔdi ɔhene wɔ ɔsorosoro,

6ɔno na ɔbɔ ne mu ase

hwɛ ɔsorosoro ne asase.

7Ɔma ahiafoɔ so firi mfuturo mu

na ɔpagya onnibie firi nso sie so;

8ɔde wɔn tena mmapɔmma mu,

wɔn nkurɔfoɔ mmapɔmma mu.

9Ɔbɔ obonini atenaseɛ wɔ ne fie

sɛ ɔbaatan a nʼani gyeɛ.

Monkamfo Awurade.