Nnwom 11 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 11:1-7

Dwom 11

Dawid dwom.

1Awurade mu na mede me werɛ ahyɛ.

Adɛn na wotumi ka kyerɛ me sɛ,

“Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔ so.

2Na hwɛ, amumuyɛfoɔ akuntunu wɔn tadua mu,

na wɔde wɔn mmɛmma asisi nhoma so

sɛ wɔbɛto wɔ esum mu

de awɔ akoma mu ahotefoɔ.

3Sɛ wɔresɛe fapem no a,

ɛdeɛn na ɔteneneeni bɛtumi ayɛ?”

4Awurade wɔ nʼasɔredan kronkron no mu;

Awurade te ne soro ahennwa so.

Ɔhwɛ nnipa mma,

nʼani hwehwɛ wɔn mu.

5Awurade hwehwɛ ɔteneneeni mu,

na amumuyɛfoɔ ne wɔn a wɔpɛ basabasayɛ deɛ,

ne kra kyiri wɔn.

6Ɔbɛtɔ gyaframa ne sɔfe a ɛrederɛ

agu Amumuyɛfoɔ so;

na mframa a emu yɛ hyeɛ bɛyɛ wɔn kyɛfa.

7Awurade yɛ ɔteneneeni,

na ɔpɛ atɛntenenee;

wɔn a wɔtene no bɛhunu nʼanim.