Mateo 3 – ASCB & JCB

Asante Twi Contemporary Bible

Mateo 3:1-17

Yohane Osubɔni Asɛnka

1Ɛberɛ a Yesu ne nʼawofoɔ wɔ Nasaret no, Yohane Osubɔni bɛkaa asɛm wɔ Yudea ɛserɛ so sɛ, 2“Monnu mo ho; momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahennie no abɛn” 3Yohane ne deɛ odiyifoɔ Yesaia kaa ne ho asɛm sɛ,

“Nne bi reteam wɔ ɛserɛ so sɛ,

‘Monsiesie ɛkwan mma Awurade;

momma nʼatempɔn ntene!’ ”

4Saa ɛberɛ no na Yohane fira yoma ho nwi ntoma, bɔ aboa nhoma abɔsoɔ. Na nʼaduane yɛ ntutummɛ ne ɛwoɔ. 5Yerusalemfoɔ ne Yudeafoɔ ne nnipa a wɔte Asubɔnten Yordan ho no nyinaa kɔɔ ne nkyɛn wɔ ɛserɛ no so hɔ kɔtiee asɛm no bi. 6Wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.

7Yohane hunuu sɛ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ pii reba ne nkyɛn ma wɔabɔ wɔn asu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awɔ mma! Hwan na ɔka kyerɛɛ mo sɛ monnwane mfiri Onyankopɔn abufuo a ɛreba no ano? 8Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakyera ampa. 9Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefoɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn bɛtumi ama saa aboɔ yi adane nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefoɔ. 10Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnso aba pa nhini ho sɛ ɔde bɛtwa, na ɔde agu ogya mu ahye no.

11“Me deɛ, mede nsuo na ɛrebɔ wɔn a wɔasakyera wɔn su no asu. Nanso deɛ ɔdi mʼakyi reba no deɛ, ɔso sene me a ne mpaboa mpo mensɛ sɛ mekura. Ɔno deɛ, sɛ ɔba a, ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu. 12Ɔbɛhuhu aburoo no so ayiyi mu aba pa no afiri ntɛtɛ no mu, na ɔde aba pa no akɔsie, na ɔde ogya a ɛnnum da ahye ntɛtɛ no pasaa.”

Yesu Asubɔ

13Yesu tee Yohane Osubɔni nka no, ɔfiri Galilea baa Asubɔnten Yordan ho sɛ Yohane mmɔ no asu. 14Yohane hunuu sɛ ɔmfata sɛ ɔbɔ Yesu asu. Yei enti, ɔkaa sɛ, “Wo na ɛsɛ sɛ wobɔ me asu, na ɛnyɛ me.”

15Ɛnna Yesu nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛtwa ara na ɛtwa sɛ wobɔ me asu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ no bɛba mu.” Yesu asɛm a ɔkaeɛ no enti, Yohane bɔɔ no asu.

16Wɔbɔɔ Yesu asu wieeɛ no, ɔfirii nsuo no mu, na hwɛ ɔsoro bueɛ. Ɔhunuu Onyankopɔn Honhom sɛ ɛresiane ba ne so sɛ aborɔnoma. 17Ɛhɔ ara, ɛnne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba a ɔsɔ mʼani.”

Japanese Contemporary Bible

マタイの福音書 3:1-17

3

バプテスマのヨハネ

1ヨセフの一家がナザレに住んでいたころ、バプテスマのヨハネがユダヤの荒野で教えを宣べ始めて、言いました。 2「悔い改めて、神に立ち返れ。神の国が近づいたからだ。」 3このバプテスマのヨハネの働きについては、その数百年前、すでに預言者イザヤが語っています。

「荒野から叫ぶ声が聞こえる。

『主のための道を準備せよ。

主が通られる道をまっすぐにせよ。』」イザヤ40・3

4ヨハネはらくだの毛で織った服に皮の帯をしめ、いなごとはちみつを常食にしていました。 5このヨハネの教えを聞こうと、エルサレムやヨルダン川流域だけでなく、ユダヤの全土から、人々が荒野に押しかけました。 6神にそむく生活を送っていたことを全面的に認め、それを言い表した人たちに、ヨハネはヨルダン川でバプテスマ(洗礼)を授けました。

7ところが、パリサイ派(特に律法を守ることに熱心なユダヤ教の一派)やサドカイ派(神殿を支配していた祭司階級。ユダヤ教の主流派)の人々が大ぜい、バプテスマを受けに来たのを見て、ヨハネは彼らをきびしく責めました。「まむしの子たち! だれがおまえたちに、もうすぐ来る神のさばきから逃れられると言ったのか。 8バプテスマを受ける前に、悔い改めにふさわしいことをしなさい。 9『私はユダヤ人だから、アブラハムの子孫だから大丈夫』などと思ってはいけない。そんなことは何の役にも立たない。神はこんな石ころからでも、今すぐアブラハムの子孫をお造りになれるのだ。

10今にでも、神はさばきの斧をふり上げ、実のならない木を切り倒そうと待ちかまえておられる。そんな木はすぐにも切り倒され、燃やされるのだ。

11私は今、罪を悔い改める者たちに水でバプテスマを授けている。しかし、まもなく私など比べものにもならない、はるかに偉大な方がおいでになる。その方のしもべとなる価値さえ、私にはない。その方は、聖霊と火でバプテスマをお授けになり、 12刈り入れの時が来たら、麦ともみがらをふるい分け、麦は倉に納め、もみがらは永久に消えない火で焼き捨ててしまわれる。」

イエス、バプテスマを受ける

13そのころイエスは、ガリラヤからヨルダン川へ来て、ヨハネからバプテスマ(洗礼)を受けようとされました。 14ところが、ヨハネはそうさせまいとして言いました。「とんでもないことです。私こそ、あなたからバプテスマを受けなければなりませんのに。」

15しかしイエスは、「今はそうさせてもらいたい。なすべきことは、すべてしなければならないのです」とお答えになり、ヨハネからバプテスマを受けました。

16イエスが、バプテスマを受けて水から上がって来ると、突然天が開け、イエスは、神の御霊が鳩のようにご自分の上に下るのをごらんになりました。 17その時、天から声が聞こえました。「これこそ、わたしの愛する子。わたしは彼を心から喜んでいる。」