Mateo 28 – ASCB & HHH

Asante Twi Contemporary Bible

Mateo 28:1-20

Owusɔreɛ

1Homeda no akyi, Memeneda ahemadakye, Maria Magdalene ne Maria baako no kɔɔ ɛda no so.

2Amonom, asase wosoo denden; na Awurade ɔbɔfoɔ siane firii ɔsoro baeɛ bɛpiree ɛboɔ no firii ɛda no ano, na ɔtenaa so. 3Nʼanim hyerɛn te sɛ kanea na nʼatadeɛ yɛ fitaa te sɛ nwera. 4Awɛmfoɔ no hunuu no no, ehu maa wɔn ho popoeɛ, na wɔhwehwee ase, danee sɛ awufoɔ.

5Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ mmaa no sɛ, “Monnsuro! Menim sɛ, morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no, 6nanso ɔnni ha. Wasɔre kɔ sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Mommra mmɛhwɛ deɛ na ɔda hɔ no. 7Afei, monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ nʼasuafoɔ no sɛ, ‘Wasɔre afiri awufoɔ mu, na ɔredi mo anim ɛkan akɔ Galilea akɔhyia mo wɔ hɔ.’ Yei ne nkra a mewɔ de ma mo.”

8Mmaa no de ehu ne anigyeɛ a adi afra tutuu mmirika firii ɛda no so sɛ, wɔrekɔhwehwɛ asuafoɔ no aka ɔbɔfoɔ no nkra no akyerɛ wɔn. 9Wɔrekɔ no, prɛko pɛ, Yesu bɛgyinaa wɔn anim. Ɔkyeaa wɔn sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo.” Wɔbuu no nkotodwe, somm no. 10Afei, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro! Monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom no sɛ wɔnkɔ Galilea nkɔhyia me wɔ hɔ.”

Deɛ Awɛmfoɔ No Kaeɛ

11Ɛberɛ a mmaa no rekɔ kuro no mu no, awɛmfoɔ a wɔwɛn ɛda no mu bi kɔɔ asɔfoɔ mpanin no nkyɛn kɔkaa deɛ asie no nyinaa kyerɛɛ wɔn. 12Yudafoɔ mpanin no nyinaa hyiaeɛ, na wɔsii no gyinaeɛ sɛ, wɔbɛma awɛmfoɔ no sika aka akyerɛ wɔn 13sɛ, “Monka sɛ, ‘Anadwo a yɛdaeɛ no, na nʼasuafoɔ no ba bɛwiaa amu no de kɔeɛ.’ ” 14Wɔhyɛɛ awɛmfoɔ no bɔ sɛ, “Sɛ ɛba sɛ amrado te ɛho asɛm a, yɛbɛkyerɛkyerɛ no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrenyɛ mo hwee.” 15Yei enti, awɛmfoɔ no gyee sika no kɔyɛɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Asɛm a wɔkaeɛ no trɛ faa Yudafoɔ no mu nyinaa na wɔgye di de bɛsi ɛnnɛ.

Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Nʼasuafoɔ No

16Afei, asuafoɔ dubaako no siim kɔɔ Galilea bepɔ a Yesu kaa sɛ wɔnkɔ so no so. 17Ɛhɔ na wɔhunuu no, koto sɔree no. Nanso, na wɔn mu bi nnye nni ara. 18Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. 19Enti, monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa mʼasuafoɔ. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, 20na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ, wɔnni deɛ mahyɛ mo no nyinaa so. Na me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akɔsi ewiase awieeɛ.”

Habrit Hakhadasha/Haderekh

הבשורה על-פי מתי 28:1-20

1ביום ראשון השכם בבוקר, בעלות השחר, הלכו מרים המגדלית ומרים השנייה אל הקבר.

2לפתע התחוללה רעידת אדמה חזקה, ומלאך ירד מהשמים, הזיז את האבן שחסמה את הפתח וישב עליה. 3פניו האירו כברק, ובגדיו היו צחורים כשלג. 4כשראו השומרים את המלאך, הם התעלפו מרוב בהלה ונפלו על הארץ כמתים.

5”אל תפחדנה“, פנה המלאך אל הנשים. ”אני יודע שאתן מחפשות את ישוע שנצלב. 6אולם הוא אינו נמצא כאן. ישוע קם לתחייה בדיוק כפי שהבטיח. היכנסו, תראו את המקום שבו שכב. 7עכשיו לכו מהר אל תלמידיו ותאמרו להם שישוע קם מן המתים, והולך לפניכם לגליל. אתם תראו אותו שם. זהו, אמרתי לכם!“

8הנשים רצו מן הקבר מבוהלות מאוד, אך מלאות שמחה, ומיהרו למצוא את התלמידים ולמסור להם את בשורת המלאך. 9בשעה שרצו נגלה אליהן ישוע. ”שלום לכן“, אמר, והן נפלו לרגליו והשתחוו לפניו.

10”אל תפחדו“, הרגיע אותן ישוע. ”לכו ואמרו לאחי ללכת מיד לגליל כדי לפגוש אותי שם.“

11כשהיו הנשים בדרכן העירה, באו השומרים אל ראשי הכוהנים וסיפרו להם מה שקרה, 12‏-13הזקנים התכנסו לאסיפת חרום והחליטו לשחד את השומרים, כדי שיספרו שגופת ישוע נגנבה בזמן שישנו.

14”אם יגיע הדבר הזה לאוזני המושל,“ הסבירו, ”נעמוד לצדכם ונפייס אותו.“

15וכך קיבלו אנשי המשמר את השוחד ואמרו מה שנתבקשו לומר. גרסתם הופצה בין היהודים, אשר עד היום מאמינים בה.

16בינתיים הלכו אחד־עשר התלמידים אל הגליל, כדי לפגוש את ישוע על אותו הר שאמר להם מראש. 17כשראו אותו התלמידים הם השתחוו לפניו, למרות שחלקם הטילו ספק שאכן היה זה ישוע.

18”ניתנה לי כל סמכות בשמים ובארץ“, אמר להם ישוע. 19”משום כך לכו ועשו תלמידים בכל העולם. הטבילו אותם בשם האב, הבן ורוח הקודש, 20ולמדו אותם לעשות את כל אשר ציוויתי אתכם. היו סמוכים ובטוחים שאהיה אתכם עד סוף העולם!“