Luka 2 – ASCB & CRO

Asante Twi Contemporary Bible

Luka 2:1-52

Yesu Awoɔ

1Saa ɛberɛ no mu no, Kaesare Augusto a na ɔyɛ Roma ɔhempɔn hyɛɛ mmara bi sɛ wɔnkan ne ɔman no mu nnipa nyinaa. 2Saa nnipakan yi ne deɛ ɛdi ɛkan a wɔkanee wɔ Kirenio a ɔyɛ amrado wɔ Siria no berɛ so. 3Obiara kɔɔ ne kurom na wɔtwerɛɛ ne din.

4Esiane sɛ na Yosef yɛ Ɔhene Dawid busuani no enti, na ɛsɛ sɛ ɔfiri Galilea kuro a wɔfrɛ no Nasaret mu kɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea. 5Ɔne ne yere Maria a saa ɛberɛ no na ɔnyem no na wɔkɔeɛ. 6Wɔwɔ Betlehem no, awoɔ kaa Maria, 7na ɔwoo ɔbarima. Wɔde kuntu kyekyeree abɔfra no ho de no too mmoa adididaka mu, ɛfiri sɛ, wɔannya baabi ansoɛ wɔ ahɔhobea hɔ.

8Anadwo no ara, na nnwanhwɛfoɔ bi nso wɔ ɛserɛ no so baabi rewɛn wɔn nnwan. 9Mpofirim, ɔsoro ɔbɔfoɔ baa wɔn nkyɛn, na Onyankopɔn animuonyam hyerɛn twaa wɔn ho hyiaeɛ, na ɛmaa wɔn ho dwirii wɔn. 10Ɔsoro ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro, mede anigyesɛm rebrɛ mo ne amansan nyinaa. 11Ɛnnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no ama mo wɔ Dawid kurom. 12Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a mobɛhunu. Mobɛhunu akɔkoaa a wɔde kuntu akyekyere ne ho a ɔda mmoa adididaka mu.”

13Amonom hɔ ara, abɔfokuo bɛkaa ɔbɔfoɔ a ɔwɔ hɔ no ho na wɔtoo ayɛyie dwom sɛ,

14“Animuonyam nka Ɔsorosoro Onyankopɔn,

na asomdwoeɛ mmra wɔn a wɔsɔ nʼani wɔ asase so no so.”

15Ɛberɛ a abɔfokuo yi sane kɔɔ ɔsoro no, nnwanhwɛfoɔ no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Momma yɛnkɔ Betlehem hɔ na yɛnkɔhwɛ saa anwanwasɛm a asi wɔ hɔ a Awurade ada no adi akyerɛ yɛn yi.”

16Wɔde ahoɔherɛ kɔɔ Betlehem kɔhunuu Maria ne Yosef. Na wɔhunuu abɔfra no nso sɛ ɔda mmoa adididaka mu. 17Nnwanhwɛfoɔ no hunuu abɔfra no no, wɔkaa ne ho asɛm a ɔsoro abɔfoɔ no bɛka kyerɛɛ wɔn no nyinaa kyerɛɛ nnipa a wɔahyia hɔ no. 18Wɔn a wɔtee nnwanhwɛfoɔ yi asɛm no nyinaa ho dwirii wɔn. 19Nanso Maria deɛ, ɔde saa nsɛm a ɔteeɛ no nyinaa siee ne tirim dwenee ho. 20Nnwanhwɛfoɔ no kɔhunuu deɛ abɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no, wɔde anigyeɛ sane wɔn akyi kɔɔ deɛ wɔn nnwan no wɔ hɔ. Wɔrekɔ no nyinaa, na wɔreyi Onyankopɔn ayɛ.

Yesu Dintoɔ

21Abɔfra no dii nnawɔtwe no, wɔtoo ne din Yesu sɛdeɛ ɔsoro ɔbɔfoɔ no kyerɛeɛ ansa na wɔrenyinsɛn no no. Ɛda no ara na wɔtwaa no twetia.

Wɔde Yesu Kɔ Asɔrefie

22Ɛberɛ duruu sɛ Yosef ne Maria kɔdwira wɔn ho sɛdeɛ Mose mmara kyerɛ no, wɔde abɔfra no kɔɔ Yerusalem sɛ wɔde no rekɔhyɛ Onyankopɔn nsa. 23Sɛdeɛ Mose mmara no kyerɛ no, “Sɛ ɔbaa wo nʼabakan na ɔyɛ ɔbarima a, wɔde no ma Awurade.” 24Wɔkɔɔ asɔredan no mu hɔ nso kɔbɔɔ afɔdeɛ, sɛdeɛ mmara no kyerɛ no: wɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu na wɔde bɔ afɔdeɛ no.

25Ɛda no na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simeon a ɔte Yerusalem no nso wɔ asɔredan mu hɔ bi. Na Simeon yɛ onipa tenenee, ɔhotefoɔ a Honhom Kronkron ahyɛ no ma a na daa ɔhwɛ Agyenkwa no kwan. 26Ɔno na na Honhom Kronkron ayi akyerɛ no sɛ ɔrenwu kɔsi sɛ ɔbɛhunu Agyenkwa a Awurade asra no no. 27Enti ɛberɛ a Maria ne Yosef duruu asɔredan no mu sɛ wɔde abɔfra no rekɔma Awurade sɛdeɛ mmara no te no, 28wɔkɔtoo Simeon nso wɔ hɔ, na Simeon gyee abɔfra no hyɛɛ Awurade animuonyam sɛ,

29“Awurade,

afei ma wʼakoa nwu asomdwoeɛ mu

30ɛfiri sɛ, mʼani ahunu Agyenkwa

31a wohyɛɛ me ne ho bɔ no.

32Ɔno ne hann a ɛbɛhyerɛn ewiase nyinaa

na wahyɛ wo ɔman Israel animuonyam!”

33Nsɛm a wɔka faa Yesu ho no yɛɛ nʼagya Yosef ne ne maame Maria nwanwa. 34Afei, Simeon hyiraa wɔn na ɔka kyerɛɛ ne maame Maria sɛ, “Saa abɔfra yi so na Israelfoɔ mu dodoɔ no ara nkwagyeɛ ne wɔn asehweɛ bɛgyina. 35Na ɔbɛma dodoɔ no ara tirim ahintasɛm ada adi; na wo Maria deɛ, wobɛsi apinie wɔ wo mu.”

Ana Nkɔmhyɛ

36Saa ɛberɛ no, na Fanuel babaa odiyifoɔ Ana a ɔfiri Aser abusua mu no nso wɔ hɔ bi. Na Ana yɛ obi a wanyini. Ɔwaree ne mmabaawaberɛ mu ne ne kunu tenaeɛ mfeɛ nson pɛ na ne kunu no wuiɛ. 37Ne kunu no wuo akyi no, ɔyɛɛ kuna kɔsii sɛ ɔdii mfeɛ aduɔwɔtwe ɛnan, na ɛberɛ biara nso na ɔwɔ asɔredan mu de mmuadadie ne mpaeɛbɔ som Onyankopɔn. 38Saa ɛberɛ no ara mu, ɔno nso bɛgyinaa hɔ bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara. Ɔkaa abɔfra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ɔgye a ɔbɛgye Yerusalem no nyinaa.

39Wɔwiee amanneɛ sɛdeɛ Awurade mmara kyerɛ no, wɔsane kɔɔ wɔn kurom Nasaret a ɛwɔ Galilea, 40Abɔfra no nyinii, na nyansa hyɛɛ no ma, na na Onyankopɔn adom nso wɔ ne so.

Yesu Wɔ Asɔrefie

41Afe biara na Yesu awofoɔ kɔ Yerusalem kɔdi Twam Afahyɛ no. 42Sɛdeɛ na wɔn amanneɛ te no, Yesu dii mfeɛ dumienu no,2.42 Sɛ mmarimaa di mfirinhyia dumienu a, wɔfiri aseɛ yɛ ahoboa se wɔbɛwura nyamesom mu afe a ɛdi so no mu. nʼawofoɔ de no kɔɔ Yerusalem kɔdii Twam Afahyɛ no. 43Wɔwiee afahyɛ no di a wɔresane akɔ wɔn kurom no, Yesu kaa Yerusalem a nʼawofoɔ no nnim. 44Wɔtwaa da koro ɛkwan a wɔn ani baa wɔn ho so sɛ Yesu nka wɔn ho no, wɔhyɛɛ aseɛ bisabisaa nʼase firii wɔn abusuafoɔ ne amannifoɔ nkyɛn. 45Na wɔanhunu no no, wɔsane baa Yerusalem bɛhwehwɛɛ no. 46Ne nnansa akyi no, wɔkɔhunuu no Yerusalem asɔredan mu sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ bi a wɔahyia mu ntam na ɔretie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm. 47Yesu nyansa ne ne nimdeɛ a ɛdaa adi wɔ ne mmuaeɛ nyinaa mu no, yɛɛ nnipa a na wɔretie no no nyinaa nwanwa. 48Wɔkɔtoo no sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ no mfimfini retie wɔn no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa. Ne maame frɛɛ no bisaa no sɛ, “Me ba, adɛn na woyɛ yɛn saa? Woama me ne wʼagya ahwehwɛ wo abrɛ.”

49Yesu buaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na mohwehwɛ me? Monnim sɛ ɛyɛ mʼasɛdeɛ sɛ metena mʼagya efie som no anaa?” 50Nanso, nʼawofoɔ no ante deɛ ɔkaeɛ no ase.

51Yesu ne nʼawofoɔ kɔɔ Nasaret no, ɔyɛɛ ɔsetie maa wɔn. Ne maame de nsɛm a ɛsisiiɛ no nyinaa siee ne tirim. 52Yesu nyinii nyansa mu ne honam fam, na ɔnyaa Onyankopɔn ne nnipa anim adom.

Knijga O Kristu

Luka 2:1-52

Isusovo rođenje

1U to vrijeme rimski car August zapovjedi da se svi žitelji Carstva popišu. 2Bio je to prvi popis stanovništva proveden za Kvirinijeva upravljanja Sirijom. 3Svatko je putovao u svoj grad da se ondje upiše.

4Tako je i Josip iz gradića Nazareta u Galileji, jer je bio iz loze kralja Davida, pošao u Davidov grad zvani Betlehem 5da se upiše skupa sa svojom zaručnicom Marijom koja je već bila trudna. 6Dok su bili ondje, dođe joj vrijeme da rodi 7te ona rodi sina, svojeg prvorođenca. Povila ga je i položila u jasle jer u seoskome svratištu nije za njih bilo mjesta.

Pastiri i anđeli

8U tome su kraju boravili pastiri. Noću su pod vedrim nebom čuvali stada ovaca. 9Odjednom se pokraj njih pojavi anđeo Gospodnji i obasja ih Gospodnja slava. Oni se silno prestraše, 10ali anđeo im reče: “Ne bojte se! Donosim vam, evo, radosnu vijest, na veliko veselje svemu narodu! 11Spasitelj—Krist, Gospodin rodio vam se danas u Davidovu gradu! 12Evo znaka po kojemu ćete ga prepoznati: naći ćete povijeno novorođenče da leži u jaslama.”

13Anđelu se odjednom pridruži silna nebeska vojska slaveći Boga:

14“Slava Bogu na visini,

a na zemlji mir ljudima, njegovim miljenicima.”

15Čim su se anđeli vratili na nebo, pastiri stanu poticati jedni druge: “Hajdemo u Betlehem! Hajdemo vidjeti taj događaj koji nam je Gospodin objavio!”

16Pohitaju do sela i ondje pronađu Mariju i Josipa s novorođenčetom koje je ležalo u jaslama. 17Kad su ga vidjeli, svima su ispričali što im je anđeo rekao o djetetu. 18A svi koji su pastire slušali divili su se. 19Marija je pomnjivo pamtila sve što su govorili i razmišljala je o tome. 20Pastiri se zatim vrate slaveći i hvaleći Boga za sve što su čuli i vidjeli te što se dogodilo onako kako im je anđeo rekao.

21Osam dana poslije, kad je dječaka trebalo obrezati, nadjenuli su mu ime Isus koje mu je anđeo dao još prije začeća.

Isusa prikazuju u Hramu

22Kad je došlo vrijeme za obred očišćenja koji je prema Mojsijevu zakonu2:22 Vidjeti Levitski zakonik 12:1-4. trebalo obaviti nakon djetetova rođenja, donijeli su ga u Jeruzalem da ga prikažu Gospodinu, 23kako piše u Zakonu Gospodnjemu: “Svako muško prvorođenče neka se posveti Gospodinu”,2:23 Izlazak 13:2. 24te su prinijeli i žrtvu prema zakonskoj odredbi: “dvije grlice ili dva golubića”.

Šimunovo proročanstvo

25Živio je tada u Jeruzalemu neki čovjek imenom Šimun. Bio je to vrlo pravedan i pobožan čovjek; Sveti je Duh bio na njemu te je iščekivao da dođe Mesija i izbavi Izrael.2:25 …iščekivao da dođe Mesija i izbavi Izrael. U grčkome: iščekivao utjehu Izraelovu. 26Sveti mu je Duh otkrio da neće umrijeti dok ne vidi Mesiju Gospodnjega. 27Potaknut Svetim Duhom, on ode u Hram. Kad su roditelji unijeli Isusa da obave obred propisan Zakonom, 28Šimun uzme dijete u naručje te stane slaviti Boga:

29“Sada možeš pustiti svojega slugu, Gospodine,

da ode u miru, kao što si mi rekao.

30Jer oči su mi vidjele tvoje spasenje

31koje si pripravio za sve narode,

32svjetlo da prosvijetli pogane,

slavu tvojega izraelskog naroda.”

33Isusovi roditelji divili su se riječima izgovorenima o njemu. 34Šimun ih zatim blagoslovi i reče Mariji: “Određen je za to da mnogima u Izraelu bude na propast i mnogima na uskrsnuće, za osporavani znak. 35A tebi će mač probosti dušu da se razotkriju namisli mnogih srca!”

Anino proročanstvo

36Bila je ondje i neka proročica Ana, Penuelova kći iz Ašerova plemena, vrlo stara žena. Poslije djevojaštva živjela je u braku sedam godina, 37a zatim sama, kao udovica do osamdeset četvrte godine. Nije napuštala Hram, već je postom i molitvom danonoćno služila Bogu. 38Ona baš tada naiđe te počne zahvaljivati Bogu i govoriti o Isusu svima koji su iščekivali obećanog Mesiju i otkupljenje Jeruzalema.2:38 U grčkome: samo koji su iščekivali otkupljenje Jeruzalema.

39Kad Isusovi roditelji ispune sve odredbe Gospodnjeg zakona, vrate se u Nazaret, u Galileju. 40Dijete je raslo i jačalo. Punilo se mudrošću i Božja je milost bila s njim.

Isus razgovara s učiteljima

41Isusovi su roditelji svake godine o blagdanu Pashe išli u Jeruzalem. 42Kad mu je bilo dvanaest godina, pošli su kao obično na svetkovinu. 43Nakon svetkovine dječak Isus ostao je u Jeruzalemu, a njegovi roditelji to nisu znali. 44Pretpostavljali su da je među ostalim suputnicima. Odmaknuli su tako dan hoda, a onda ga počeli tražiti među rodbinom i znancima, 45ali ga nisu našli. Vrate se stoga u Jeruzalem ondje ga potražiti. 46Nakon tri dana pronađu ga u Hramu među vjerskim učiteljima kako ih sluša i postavlja im pitanja. 47Svi koji su ga slušali divili su se njegovoj oštroumnosti i odgovorima.

48Roditelji nisu znali što da misle. “Sine!” reče mu majka. “Zašto si nam to učinio? Tvoj otac i ja silno smo se zabrinuli i posvuda smo te tražili!”

49“Zašto ste me tražili?” odgovori on. “Zar niste znali da ja moram biti u onomu što je mojega Oca?” 50Ali oni nisu razumjeli što im je htio kazati.

51Vratio se zatim s njima u Nazaret i bio im je poslušan, a njegova je majka sve to brižno čuvala u svojemu srcu. 52A Isus je napredovao u mudrosti, rastu i milosti kod Boga i ljudi.