Hosea 12 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Hosea 12:1-14

1Efraim de mframa ayɛ aduane;

ɔdi apueeɛ mframa akyi daa

na ɔdi atorɔ yɛ akakabensɛm bebree.

Ɔne Asiria yɛ apam

na ɔde ngo kɔ Misraim.

2Awurade wɔ soboɔ de bɔ Yuda;

ɔbɛtwe Yakob aso, wɔ nʼakwan ho

na watua no ne nneyɛeɛ so ka.

3Ɔyafunu mu na ɔsɔɔ ne nua nantin;

ɔnyiniiɛ no, ɔne Onyankopɔn pepree so.

4Ɔne ɔbɔfoɔ tentameeɛ dii ne so nkonim;

ɔde nisuo srɛɛ ne nkyɛn adom.

Ɔhunuu no wɔ Bet-El

ne no kasaa wɔ hɔ.

5Asafo Awurade Onyankopɔn,

Awurade ne ne din a ahyeta!

6Ɛsɛ sɛ wo sane kɔ wo Onyankopɔn nkyɛn.

Tena ɔdɔ ne tenenee mu,

na twɛn wo Onyankopɔn daa.

7Ɔdwadini de nsisie nsania yɛ nʼadwuma;

nʼani gye nsisie ho.

8Efraim hoahoa ne ho sɛ,

“Meyɛ ɔdefoɔ; manya me ho.

Mʼahonya nyinaa mu wɔrenhunu

amumuyɛ biara wɔ me ho.”

9“Mene Awurade wo Onyankopɔn,

a meyii wo firii Misraim.

Mɛma woakɔtena ntomadan mu bio

sɛdeɛ na woyɛ wɔ wʼapontoɔ afahyɛ nna mu no.

10Mekasa kyerɛɛ adiyifoɔ,

memaa wɔn anisoadehunu bebree

na mefaa wɔn so kaa mmɛbusɛm.”

11Gilead yɛ otirimuɔdenfoɔ anaa?

Emu nnipa no yɛ ahuhufoɔ!

Wɔde anantwie bɔ afɔdeɛ wɔ Gilgal anaa?

Wɔn afɔrebukyia bɛyɛ te sɛ aboɔ

a wɔahɔre no sie wɔ asase a wɔafuntum soɔ.

12Yakob dwane kɔɔ Aramfoɔ asase so;

Israel someeɛ de nyaa yere,

ɔhwɛɛ nnwan de tua etiri nsa.

13Awurade nam odiyifoɔ so

yii Israel firii Misraim,

ɔnam odiyifoɔ so hwɛɛ no.

14Nanso, Efraim ahyɛ no abufuo yaayaaya;

nʼAwurade bɛma ne mogyahwiegu ho afɔdie ada ne so

na ɔbɛtua nʼanimtiabuo no so ka.