Hosea 10 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Hosea 10:1-15

1Israel yɛɛ bobe a ɛretrɛtrɛ;

ɔsoo aba maa ne ho.

Ɛberɛ a nʼaba redɔɔso no,

ɔsisii afɔrebukyia bebree;

nʼasase rekɔ so yɛ yie no

ɔsiesie nʼabosom dum kronkron no.

2Nnaadaasɛm wɔ wɔn akoma mu,

enti ɛsɛ sɛ wɔnya wɔn afɔdie so asotwe.

Awurade bɛbubu wɔn afɔrebukyia,

na wasɛe wɔn abosom dum kronkron no.

3Afei, wɔbɛka sɛ, “Yɛnni ɔhene,

ɛfiri sɛ, yɛamfa anidie amma Awurade.

Mpo sɛ na yɛwɔ ɔhene kora a,

ɛdeɛn na anka ɔbɛtumi ayɛ ama yɛn?”

4Wɔhyɛ bɔ ahodoɔ bebree,

Wɔka ntam hunu

na wɔyɛ apam ahodoɔ;

ɛno enti mansotwe sɔresɔre

te sɛ wira a borɔ wɔ mu

a afifiri asase a wɔafuntum so.

5Nnipa a wɔte Samaria no suro ma

Bet Awen nantwie ba ohoni no.

Ne nkurɔfoɔ bɛsu.

Saa ara na nʼabosomfoɔ nso bɛyɛ,

wɔn a wɔgyee wɔn ani wɔ nʼanimuonyam ho no.

Ɛfiri sɛ wɔafa no afiri wɔn nkyɛn kɔ nnommumfa mu.

6Wɔde no bɛkɔ Asiria,

de akɔhyɛ ɔhene kɛseɛ no animuonyam.

Ɛbɛgu Efraim anim ase;

na Israel ani bɛwu wɔ ne nnua ahoni ho.

7Samaria na ne ɔhene bɛsene akɔ

te sɛ dua sini a ɛtɛ nsuo ani.

8Wɔbɛsɛe abosonnan a wɔdi awurukasɛm ne bɔne wɔ mu no.

Nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse bɛfifiri hɔ,

na akata wɔn afɔrebukyia so.

Afei wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ, “Mommɛkata yɛn so!”

na wase nkokoɔ sɛ, “Monnwiri ngu yɛn so!”

9“Ɛfiri Gibea berɛ so, woayɛ bɔne, Ao, Israel,

na ɛhɔ na woaka.

Na ɔko rentwi amfa

amumuyɛfoɔ ɛwɔ Gibea no so anaa?

10Ɛberɛ a mepɛ no, mɛtwe wɔn aso;

aman bɛboaboa wɔn ho ano atia wɔn.

Wɔde mpokyerɛ bɛgu wɔn wɔ wɔn bɔne dodoɔ ho.

11Efraim yɛ nantwie ba a wɔayɛn no,

a ɔpɛ ayuporeeɛ adwuma,

enti mede kɔnnua

bɛto ne kɔn fɛfɛ mu.

Mɛkyerɛ Efraim ɛkwan,

ɛsɛ sɛ Yuda funtum asase no,

na Yakob nso siesie so.

12Dua tenenee aba ma wo ho,

twa ɔdɔ aba a ɛtena hɔ daa,

siesie wʼasase a wɔmfuntum so no;

na ɛberɛ aduru sɛ wohwehwɛ Awurade,

kɔsi sɛ ɔbɛba

abɛpete tenenee agu wo so.

13Nanso, woadua atirimuɔden aba,

na woatwa aba bɔne.

Woadi nnaadaa aba.

Ɛfiri sɛ wode wo ho ato wʼahoɔden

ne wʼakodɔm bebrebe no so,

14ɔko mu hooyɛ bɛsɔre atia wo nkurɔfoɔ,

na wʼaban nyinaa bɛsɛe,

sɛdeɛ Salman sɛee Bet Arbel ɔko da no,

da a wɔde maamenom ne wɔn mma hwehwee fam no.

15Saa ara na ɛbɛba wo so Ao, Bet-El,

ɛfiri sɛ wʼatirimuɔdensɛm no dɔɔso.

Sɛ ɛda no duru a,

Wɔbɛsɛe Israelhene no koraa.