Hiob 40 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 40:1-24

1Afei Awurade buaa Hiob sɛ,

2“Deɛ ɔne Otumfoɔ no wɔ asɛm no bɛtene ne so anaa?

Ma deɛ ɔbɔ Onyankopɔn kwaadu no mmua no ɛ!”

3Na Hiob buaa Awurade sɛ,

4“Mensɛ na memfata, ɛbɛyɛ dɛn na matumi anya mmuaeɛ?

Mede me nsa memua mʼano.

5Makasa baako, nanso menni mmuaeɛ

mprenu so, na merenkasa bio.”

6Afei, Awurade firi ahum mu buaa Hiob sɛ,

7“Hyɛ wo ho den sɛ ɔbarima;

mɛbisa wo nsɛm,

na ɛsɛ sɛ wobua me.

8“Wobɛka mʼatemmuo ho asɛm bɔne anaa?

Wobɛbu me fɔ de abu wo ho bem?

9Wowɔ abasa te sɛ Onyankopɔn deɛ,

na wo nne bɛtumi abobom sɛ ne deɛ?

10Ɛnneɛ fa animuonyam ne ɔhyerɛn hyehyɛ wo ho,

na fira anidie ne kɛseyɛ.

11Hwie wʼabufuhyeɛ mmoroso no gu,

hwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase,

12hwɛ ɔhantanni biara na si no fam

na tiatia amumuyɛfoɔ so wɔ faako a wɔgyina hɔ.

13Sie wɔn nyinaa bɔ mu wɔ mfuturo mu;

kata wɔn anim wɔ damena mu.

14Na afei mʼankasa mɛgye atom sɛ

wo ara wo basa nifa bɛtumi agye wo nkwa.

15“Hwɛ susono,

deɛ meyɛɛ no kaa wo ho

na ɔwe ɛserɛ te sɛ ɔnantwie.

16Hwɛ ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼasene mu

ne ahoɔden fufuo a ɛwɔ ne yafunu so wedeɛ mu!

17Ne dua hinhim sɛ ntweneduro;

ne srɛ mu ntini yɛ peperee.

18Ne nnompe te sɛ kɔbere mfrafraeɛ nnorobɛn,

nʼabasa ne ne nan te sɛ nnadeɛ praban.

19Ɔdi Onyankopɔn nsa ano adwuma mu kan,

nanso ne Yɛfoɔ bɛtumi de akofena akɔ ne so.

20Nkokoɔ fifiri wɔn nnɔbaeɛ ma no,

na wiram mmoa nyinaa goro bɛn hɔ.

21Nkasɛɛ nkasɛɛ nnua ase na ɔda,

na atɛkyɛ mu demmire akata no so.

22Nkasɛɛ nkasɛɛ nwunu no hata ne so;

na nsunoa nnua atwa ne ho ahyia.

23Nsuo nworosoɔ nha no;

mpo sɛ Yordan bobɔ ba nʼano a, ɔnni ɔhaw.

24Obi bɛtumi akye no animono;

anaa obi bɛtumi de afidie ayi no na wabɔne ne hwene mu?