Hiob 24 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 24:1-25

1“Adɛn enti na Onyankopɔn nhyɛ berɛ mma atemmuo?

Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnim noɔ no hwɛ saa da no anim ɛnso ɛmma da?

2Nnipa yiyi aboɔ a wɔde ato hyeɛ;

na wɔde nnwankuo a wɔawia kɔ hɔ adidi.

3Wɔpam nwisiaa mfunumu

na wɔgye akunafoɔ anantwie sɛ awowasideɛ.

4Wɔsum ahiafoɔ firi ɛkwan so

na wɔhyɛ asase no so ahiafoɔ ma wɔkɔtetɛ.

5Ahiafoɔ no yɛ wɔn adwuma pɛ aduane

te sɛ ɛserɛ so mfunumu no;

asase wesee no so na wɔnya aduane ma wɔn mma.

6Wɔboaboa mmoa aduane ano wɔ mfuo no so

na wɔdi mpɛpɛ wɔ amumuyɛfoɔ bobe nturo mu.

7Wɔnni ntoma, na wɔda kwaterekwa;

wɔnni hwee a wɔde kata wɔn ho wɔ awɔ mu.

8Mmepɔ so osutɔ fɔ wɔn twɔnn

na wɔfomfam mmotan no ho ɛfiri sɛ wɔnni ahatasoɔ.

9Wɔte awisiaa firi nufoɔ ano;

na wɔfa ohiani abotafoa de si ne ka anan mu.

10Wɔnenam adagya a wɔnni ntoma;

wɔsoa ayuo afiafi, nanso ɛkɔm de wɔn ara.

11Wɔkyi ngo wɔn adan mu;

wɔtiatia nsakyimena mu, nanso osukɔm de wɔn.

12Wɔn a wɔrewuwuo no apinisie firi kuropɔn no mu,

na apirafoɔ kra su pɛ mmoa.

Nanso Onyankopɔn mfa bɔne nto obiara so.

13“Ebinom wɔ hɔ a wɔsɔre tia hann no,

wɔn a wɔnnim nʼakwan

anaasɛ wɔnnante nʼatempɔn so.

14Sɛ adekyeɛ hann no kɔ a, owudifoɔ no sɔre

na ɔkum ohiani ne mmɔborɔni;

adesaeɛ mu, ɔwiawia ne ho sɛ ɔkorɔmfoɔ.

15Ɔwaresɛefoɔ twɛn ɛberɛ a adeɛ resa;

ɔka sɛ, ‘obiara renhunu me,’

na ɔde nʼanim hinta.

16Esum mu na nnipa bubu apono wura afie mu,

na awiaberɛ mu no, wɔtoto wɔn ho ɛpono mu;

wɔne hann nni hwee yɛ.

17Esum kabii yɛ adekyeɛ ma wɔn nyinaa;

wɔne esum mu nneɛma a ɛyɛ hu fa nnamfo.

18“Nanso wɔte sɛ ahuro a ɛtɛ nsuo ani;

wɔadome wɔn kyɛfa wɔ asase no so,

enti obiara nnkɔ bobe nturo no mu.

19Sɛdeɛ ɔhyew ne ɔpɛ de sukyerɛmma a anane korɔ no,

saa ara na damena de wɔn a wɔayɛ bɔne korɔ.

20Awotwaa werɛ firi wɔn,

na ɔsonsono di wɔn nam;

nnipa bɔne deɛ, wɔnnkae wɔn bio

na mmom wɔbubu te sɛ dua.

21Wɔde ɔbaa bonini a ɔnni ba yɛ haboa,

na wɔnhunu akunafoɔ mmɔbɔ.

22Onyankopɔn nam ne tumi so twe atumfoɔ kɔ;

ɛwom sɛ wɔnya asetena pa deɛ, nanso wɔnni nkwa ho bɔhyɛ.

23Ɔtumi ma wɔn tena ase asomdwoeɛ mu,

nanso nʼani wɔ wɔn akwan so.

24Wɔma wɔn so berɛ tiawa bi, na afei wɔnni hɔ bio;

wɔbrɛ wɔn ase boaboa wɔn ano sɛ nnipa nyinaa;

wɔtwitwa wɔn gu te sɛ aburoo ti.

25“Sɛ yei nte saa a, hwan na ɔbɛtumi agye me akyinnyeɛ

na ama deɛ maka ayɛ nsɛnhunu?”