Hesekiel 46 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 46:1-24

1“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛsɛ sɛ wɔto mfimfini adihɔ ɛpono a ani hwɛ apueeɛ no mu nnafua nsia a wɔde yɛ adwuma, nanso Homeda ne Ɔbosome Foforɔ ɛda no deɛ, ɛsɛ sɛ wɔma ano da hɔ. 2Ɔhene no bɛfiri mfikyire awura ɛpono no ntwonoo mu na wabɛgyina aponnwa no ho. Asɔfoɔ no de ne hyeɛ afɔrebɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ bɛbɔ afɔdeɛ. Ɔbɛsɔre wɔ ɛpono no aboboano na wasane apue, nanso wɔrento ɛpono no mu kɔsi anwummerɛ. 3Home nna ne ɔbosome foforɔ nna no, ɛsɛ sɛ asase no sofoɔ sɔre wɔ Awurade anim wɔ ɛpono no aboboano. 4Afɔrebɔdeɛ a ɛsɛ sɛ ɔhene no de brɛ Awurade wɔ Homeda no yɛ nnwammaa nsia ne odwennini baako a wɔn mu biara ho nni dɛm. 5Aduane afɔrebɔdeɛ a wɔde ka odwennini no ho yɛ kilogram dunsia, na deɛ wɔde ka nnwammaa no ho yɛ deɛ ɛsɔ ani, na ɔde ngo lita ɛnan ka aduane kilogram dunsia biara ho. 6Ɔbosome Foforɔ ɛda no, ɔmfa nantwie ba a ɔyɛ ɔnini, nnwammaa nsia ne nnwennini a wɔn mu biara nnii dɛm mmra. 7Ɔmfa atokoɔ kilogram dunsia nka nantwinini no ho ne nnwennini no nso saa ara, na nnwammaa no deɛ, ɔmfa atokoɔ dodoɔ a ɔpɛ sɛ ɔde ma. Ɔmfa ngo lita ɛnan nka atokoɔ kilogram dunsia biara ho mmra sɛ aduane afɔrebɔdeɛ. 8Na sɛ ɔhene no rebɛhyɛne mu a, ɔmfa ɛpono no ntwonoo no mu, na ɛsɛ sɛ ɛhɔ ara na ɔfa de firi adi.

9“ ‘Na sɛ asase no sofoɔ ba Awurade anim apontoɔ nna no a, deɛ ɔbɛfa atifi ɛpono no mu akɔ mu akɔsɔre no, ɔmfa anafoɔ ɛpono no mu mfiri adi; saa ara na deɛ ɔfa anafoɔ ɛpono mu kɔ mu no nso, ɔmfa atifi ɛpono no mu mfiri adi. Ɛnsɛ sɛ obiara sane fa ɛpono a ɔfaa mu hyɛnee mu no mu firi adi. 10Ɛsɛ sɛ ɔhene no fra wɔn mu; ɔne wɔn bɛba mu na ɔne wɔn afiri adi.

11“ ‘Afahyɛ ne apontoɔ nna no, aduane afɔrebɔdeɛ no nyɛ nantwinini baako ne atokoɔ kilogram dunsia, nnwennini ne atokoɔ kilogram dunsia, na nnwammaa no deɛ atokoɔ dodoɔ ɛsɔ ani na ɔde bɛka ho, na ngo lita ɛnan ka atokoɔ kilogram dunsia biara ho.

12“ ‘Ɛberɛ biara a ɔhene no bɛfiri ne pɛ mu abɔ afɔdeɛ ama Awurade no, sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa asomdwoeɛ afɔdeɛ no, ɛsɛ sɛ wɔbue ɛpono a ɛkyerɛ apueeɛ no ma no. Ɔbɛbɔ ne ɔhyeɛ anaa ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no sɛdeɛ ɔyɛ no wɔ Homeda no. Afei ɔbɛfiri adi na ɛno akyi wɔbɛto ɛpono no mu.

13“ ‘Da biara da, anɔpa biara, ɛsɛ sɛ wode odwammaa a wadi afe na ɔnni dɛm bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade. 14Anɔpa biara ɛsɛ sɛ wobɔ aduane afɔdeɛ a ɛyɛ atokoɔ kilogram mmiɛnsa ne ngo lita baako ne fa a wɔde bɛfɔre esiam no. Aduane afɔdeɛ a wɔbɔ ma Awurade yi yɛ nhyehyɛeɛ a ɛbɛtena hɔ daa. 15Ɛno enti wɔde odwammaa ne atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne ngo no bɛma anɔpa biara sɛ daa ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ.

16“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ ɔhene no de nʼagyapadeɛ no mu bi kyɛ ne mmammarima no mu bi a, ɛbɛyɛ nʼasefoɔ dea na ɛyɛ wɔn agyapadeɛ. 17Nanso sɛ ɔde nʼagyapadeɛ no mu bi kyɛ nʼasomfoɔ no mu bi a, ɛbɛyɛ ɔsomfoɔ no dea kɔsi nʼahofadie afe. Ɛno akyi ɛbɛsane abɛyɛ ɔhene no dea. Nʼagyapadeɛ yɛ ne mmammarima nko ara dea. 18Ɛnsɛ sɛ ɔhene no gye nnipa no agyapadeɛ biara, pam wɔn firi wɔn asase so. Ɛsɛ sɛ ɔma ne mmammarima agyapadeɛ firi ɔno ankasa ahodeɛ mu, sɛdeɛ me nkurɔfoɔ mu biara remfiri nʼasase so.’ ”

19Afei, ɔbarima no de me faa ɛkwan a ɛda ɛpono no nkyɛnmu a ɛkɔ adan kronkron a ɛkyerɛ atifi fam no, deɛ ɛyɛ asɔfoɔ no dea no, na ɔkyerɛɛ me beaeɛ bi a ɛwɔ atɔeɛ fam. 20Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛha ne beaeɛ a asɔfoɔ no bɛnoa afɔdie afɔrebɔdeɛ ne bɔne afɔrebɔdeɛ na wɔato atokoɔ afɔrebɔdeɛ, sɛdeɛ wɔremfa mma mfikyire adihɔ hɔ mmɛdwira nkurɔfoɔ no ho.”

21Ɔde me baa adihɔ a ɛwɔ afikyire hɔ no na ɔdii mʼanim de me kɔɔ ne ntweaso ɛnan no so, na mehunuu adihɔ foforɔ wɔ ntwea biara so. 22Mfikyire adihɔ no ntweaso ɛnan no mu biara wɔ adihɔ a ɛhyɛ mu a ne tentene yɛ anammɔn aduosia na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduanan enum; na saa adihɔ yi nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ. 23Afasuo no mu biara anim no na wɔahyehyɛ aboɔ de aseɛ no ayɛ bukyia wɔ afaafa nyinaa. 24Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yeinom ne mukaase a wɔn a wɔsom wɔ asɔredan mu no bɛnoa nkurɔfoɔ no afɔrebɔdeɛ.”