Hesekiel 39 – ASCB & HTB

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 39:1-29

1“Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Gog na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya, Gog, Mesek ne Tubal ɔberempɔn. 2Mɛkyinkyim wo na matwe wʼase. Mede wo bɛfiri atifi fam nohoa tɔnn na mede aba Israel mmepɔ so. 3Afei, mɛbɔ wo tadua afiri wo nsa benkum mu na mama wʼagyan afiri wo nsa nifa mu agu fam. 4Wo ne wʼakodɔm nyinaa ne aman a wɔka wo ho bɛtotɔ wɔ Israel mmepɔ so. Mede wo bɛma nnomaa ahodoɔ a wɔpɛ deɛ aporɔ ne wiram mmoa sɛ wɔn aduane. 5Mobɛtotɔ wɔ mfuo so, ɛfiri sɛ makasa, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 6Mɛtɔ ogya agu Magog so ne wɔn a wɔtete hɔ asomdwoeɛ mu wɔ mpoano nsase so no na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.

7“ ‘Mɛma me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ahunu me din kronkron wɔ wɔn mu na meremma ho ɛkwan mma wɔnngu me din kronkron ho fi, na aman no bɛhunu sɛ me Awurade mene Ɔkronkronni no wɔ Israel. 8Ɛreba! Na ampa ara ɛbɛsi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Ɛda a maka ho asɛm no nie.

9“ ‘Afei wɔn a wɔtete Israel nkuro soɔ bɛfiri adi na wɔde akodeɛ no bɛsɔ ogya, akokyɛm nketewa ne akɛseɛ, tadua ne agyan, mporibaa ne mpea. Wɔde bɛyɛ anyina asɔ ogya mfeɛ nson. 10Ɛrenhia sɛ wɔbɛkɔ anyina wɔ mfuo no so anaasɛ wɔbɛpɛ bi wɔ kwaeɛ mu, ɛfiri sɛ wɔde akodeɛ no bɛsɔ ogya. Na wɔbɛfom wɔn a wɔfom wɔn nneɛma no nneɛma, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.

11“ ‘Saa ɛda no, mɛyɛ amusieeɛ wɔ Israel ama Gog, wɔ bɔnhwa a ɛda baabi a wɔn a wɔtu ɛkwan kɔ apueeɛ fam wɔ ɛpo no ho fa. Ɛbɛsi akwantufoɔ ɛkwan ɛfiri sɛ Gog ne ne nipadɔm no, wɔbɛsie wɔn wɔ hɔ. Ɛno enti wɔbɛfrɛ hɔ sɛ Hamon Gog bɔnhwa.

12“ ‘Na Israel efie de abosome nson bɛsie wɔn de adwira asase no. 13Nnipa a wɔwɔ asase no so bɛsie wɔn, na ɛda a wɔbɛhyɛ me animuonyam no bɛyɛ nkaeɛda ama wɔn, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. 14Ɛberɛ biara, wɔbɛfa mmarima daa ama wɔaprapra asase no so. Ebinom bɛfa asase no so nyinaa, na ebinom nso asie wɔn a wɔda so gugu asase no so.

“ ‘Abosome nson akyi no, wɔbɛfiri aseɛ ahwehwɛ asase no so. 15Ɛberɛ a wɔrekyinkyin asase no so no, sɛ wɔn mu bi hunu onipa dompe a, ɔbɛhyɛ hɔ agyiraeɛ akɔsi sɛ asiefoɔ bɛfa akɔsie wɔ Hamon Gog bɔnhwa no mu. 16(Kuro bi bɛba hɔ a ne din de Hamona). Na sei na wɔbɛdwira asase no.’

17“Onipa ba, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Frɛ nnomaa ahodoɔ ne wiram mmoadoma nyinaa na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Mommoaboa mo ho ano mfiri mmeammea mmra afɔrebɔ a meresiesie ama mo no ase, afɔrebɔ kɛseɛ wɔ Israel mmepɔ so. Ɛhɔ na mobɛwe ɛnam na moanom mogya. 18Mobɛwe nnɔmmarima nam wɔ hɔ na moanom asase so mmapɔmma mogya te sɛ deɛ wɔyɛ nnwennini ne nnwammaa, mpapo ne anantwinini a wɔn nyinaa yɛ Basan ayɛmmoa a wɔadɔre sradeɛ. 19Afɔdeɛ a meresiesie ama mo no, mobɛdi sradeɛ kɔsi sɛ mobɛyɛ pintinn na moanom mogya akɔsi sɛ mobɛbobo. 20Mobɛwe apɔnkɔ ne sotefoɔ, nnɔmmarima ne asraafoɔ ahodoɔ nyinaa ɛnam amee wɔ me ɛpono so,’ Otumfoɔ Awurade asɛm nie.

21“Mɛda mʼanimuonyam adi wɔ amanaman no mu na wɔn nyinaa bɛhunu asotwe ne nsa a mede ato wɔn so. 22Ɛfiri saa ɛda no rekorɔ, Israel efie bɛhunu sɛ mene Awurade, wɔn Onyankopɔn no. 23Na amanaman no bɛhunu sɛ Israelfoɔ kɔɔ nkoasom mu wɔn bɔne enti, ɛfiri sɛ wɔanni me nokorɛ. Ɛno enti mede mʼanim hintaa wɔn, na mede wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ nsa na wɔn nyinaa totɔɔ wɔ akofena ano. 24Me ne wɔn diiɛ sɛdeɛ wɔn ho fi ne wɔn mfomsoɔ teɛ, mede mʼanim hintaa wɔn.

25“Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede Yakob bɛfiri nkoasom mu aba na manya ahummɔborɔ ama Israelfoɔ nyinaa, na mɛtwe me din kronkron no ho ninkunu. 26Wɔn werɛ bɛfiri wɔn animguaseɛ ne nokorɛ a wɔanni me ɛberɛ a na wɔte hɔ asomdwoeɛ mu wɔ wɔn asase so a obiara nhunahuna wɔn. 27Sɛ mede wɔn firi amanaman no so sane ba na meboaboa wɔn ano firi wɔn atamfoɔ nsase so a, mɛfa wɔn so ada me kronkronyɛ adi wɔ amanaman no nyinaa ani so. 28Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade wɔn Onyankopɔn no, ɛfiri sɛ ɛwom sɛ mede wɔn kɔɔ nnommumfa mu wɔ amanaman no mu deɛ, nanso mɛboaboa wɔn ano akɔ wɔn ankasa asase so a merennya wɔn mu biara wɔ akyire. 29Meremfa mʼanim nhinta wɔn bio, ɛfiri sɛ mɛhwie me Honhom agu Israel efie so, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”

Het Boek

Ezechiël 39:1-29

Gods heilige naam bekendgemaakt

1‘Mensenzoon, profeteer ook het volgende tegen Gog: “Ik sta tegenover u, koning Gog van Mesech en Tubal. 2Ik zal u vanuit het verre noorden opdrijven naar de bergen van Israël. 3Ik zal u daar de wapens uit handen slaan en hulpeloos achterlaten. 4U en al uw grote legereenheden zullen in de bergen van Israël sterven. Ik zal u aan de gieren en de wilde dieren ten prooi geven, zodat zij u kunnen verscheuren. 5U zult de steden nooit bereiken, in het open veld zult u sneuvelen, want Ik heb gesproken,” zegt de Oppermachtige Here. 6“Ik zal vuur laten regenen op Magog en op al uw bondgenoten, die veilig langs de kust leven. Zij zullen ontdekken dat Ik de Here ben. 7Zo zal Ik mijn heilige naam bekendmaken onder mijn volk Israël. Ik zal niet langer toelaten dat het wordt beledigd. En ook de volken zullen weten dat Ik de Here ben, de Heilige van Israël. 8Die dag van het oordeel komt eraan, alles zal gebeuren zoals Ik heb aangekondigd.

9De inwoners van de steden van Israël zullen naar buiten komen en uw schilden, pijlen, bogen en speren verzamelen om te verbranden. Het zal genoeg zijn om hun zeven jaar van brandstof te voorzien. 10Zeven jaar lang zullen zij niets anders nodig hebben voor hun haardvuren. Zij zullen geen hout hoeven te verzamelen op het land of in het bos, want deze wapens leveren alles wat zij nodig hebben. Zij zullen de bezittingen gebruiken van degenen die hen aanvielen. 11En Ik zal een enorme begraafplaats maken voor Gog en zijn legers in de Vallei van de Reizigers, ten oosten van de Dode Zee. Dat zal alle reizigers de weg versperren. Daar zullen Gog en al zijn strijders worden begraven. En die plaats zal daarna ‘Vallei van Gogs leger’ worden genoemd. 12De Israëlieten zullen zeven maanden nodig hebben om alle lichamen te begraven en zo hun land te zuiveren. 13Iedere Israëliet zal daarbij helpen, want het zal een belangrijke dag zijn voor Israël, wanneer Ik mijn heerlijkheid toon,” stelt de Here. 14“Na die zeven maanden zullen zij mannen aanwijzen die in het hele land moeten zoeken naar achtergebleven beenderen om die alsnog te begraven, zodat het land helemaal wordt gereinigd. 15-16 Als iemand enkele beenderen ziet, moet hij er een teken bijzetten voor de doodgravers. Die kunnen de beenderen dan meenemen naar de ‘Vallei van Gogs leger’ en ze daar begraven. Daar ligt ook een stad met de naam Massa. Op die manier zal het land ten slotte weer helemaal zijn gereinigd.”

17En roep nu, mensenzoon, de vogels en de andere dieren en zeg hun: “Kom bij elkaar voor een groot offerfeest. Kom van heinde en verre naar de bergen van Israël. Kom, eet het vlees en drink het bloed! 18Eet het vlees van machtige mannen en drink het bloed van heersers, zij zijn als het ware de rammen, de lammeren, de geiten en de vette jonge stieren van Basan voor mijn feest! 19Eet vlees totdat u verzadigd bent, drink bloed totdat u dronken bent, dit is het offerfeest dat Ik voor u heb klaargemaakt. 20Vier feest aan mijn tafel, klink op de paarden, de ruiters en de moedige strijders,” zegt de Oppermachtige Here. 21“Zo zal Ik mijn heerlijkheid aan de volken tonen: allen zullen zien hoe Ik Gog straf en zij zullen weten dat Ik het heb gedaan. 22Vanaf die tijd zal het volk Israël weten dat Ik, de Here, zijn God ben.

23En de volken zullen weten waarom de Israëlieten in ballingschap werden gestuurd! Het was een straf voor hun zonde, want zij waren ontrouw aan Mij, hun God. Daarom keerde Ik Mij van hen af en liet toe dat hun vijanden hen in het nauw dreven en hen doodden met het zwaard. 24Ik keerde mijn gezicht af en gaf hun een straf die paste bij de schaamteloosheid van hun zonden.

25Maar,” zegt de Oppermachtige Here, “nu zal Ik een einde maken aan de gevangenschap van mijn volk en het genadig zijn. Ik zal het weer welvaart geven, want dat komt mijn naam ten goede! 26Het verraad en de schande van de Israëlieten zullen verleden tijd zijn, zij zullen weer thuis zijn en in vrede en veiligheid in hun vaderland wonen, zonder dat iemand hen lastigvalt of angst aanjaagt. 27Ik zal hen thuisbrengen vanuit de landen van hun vijanden en mijn heerlijkheid zal daardoor voor alle volken duidelijk te zien zijn. Door hen zal Ik mijn heiligheid in de ogen van de volken tot zijn recht laten komen. 28Dan zal mijn volk weten dat Ik de Here, hun God, verantwoordelijk ben voor hun ballingschap en ook verantwoordelijk voor hun terugkeer uit die ballingschap. Geen van hen zal Ik in vreemde landen achterlaten. 29En Ik zal mijn gezicht nooit meer voor hen verbergen, want Ik zal mijn Geest over hen uitstorten,” zegt de Oppermachtige Here.’