Hesekiel 2 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 2:1-10

Hesekiel Frɛ

1Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, sɔre gyina hɔ, na me ne wo nkasa.” 2Ɔrekasa no, Honhom no bɛhyɛɛ me mu maa me so gyinaa hɔ, na metee sɛ ɔrekasa kyerɛ me.

3Ɔkaa sɛ, “Onipa ba, meresoma wo akɔ Israelfoɔ mu, atuateɛ ɔman a wayɛ dɔm atia me; wɔne wɔn agyanom ayɛ dɔm atia me abɛsi ɛnnɛ. 4Nnipa a meresoma wo wɔn nkyɛn no yɛ nnipa a wɔn aso yɛ den na wɔn aso awu. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ.’ 5Na sɛ wɔtie anaa wɔantie a, ɛsiane sɛ wɔyɛ atuatefoɔ enti, wɔbɛhunu ampa ara sɛ odiyifoɔ bi aba wɔn mu. 6Na wo, onipa ba, nsuro wɔn, anaasɛ wɔn nsɛm. Nsuro, ɛwom sɛ nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ atwa wo ho ahyia, na wote anyanyankyerɛ mu deɛ, nanso nsuro deɛ wɔka, na mma wɔmmɔ wo hu sɛ wɔyɛ atuatefoɔ. 7Wɔyɛ atuatefoɔ ankasa nanso ɛsɛ sɛ woka me nsɛm kyerɛ wɔn; sɛ wɔbɛtie oo sɛ wɔrentie oo. 8Nanso, wo onipa ba, tie asɛm a meka kyerɛ wo no. Ɛnte atua te sɛ saa atuatefoɔ no; bue wʼanomu na di deɛ mede ma wo no.”

9Afei mehwɛeɛ na mehunuu nsa bi a atene wɔ me so, na emu na nwoma mmobɔeɛ bi wɔ. 10Ɔtrɛɛ mu wɔ mʼanim. Nʼafanu no mu, na wɔatwerɛ abubuo, awerɛhoɔ ne nnome nsɛm.