Galatifoɔ 6 – ASCB & NASV

Asante Twi Contemporary Bible

Galatifoɔ 6:1-18

Papayɛ

1Anuanom, sɛ obi kɔtɔ bɔne mu a, ɛsɛ sɛ mo a moyɛ honhom mufoɔ no fa ɔdwoɔ ɛkwan so tene no. Nanso, monhwɛ wie na mo nso wɔansɔ mo anhwɛ. 2Monsoa mo ho mo ho nnesoa. Sɛ moyɛ saa a, modi Kristo mmara no so. 3Sɛ obi dwene sɛ ɔyɛ otitire a ɛnso ɔnsɛ hwee a, na ɔdaadaa ne ho. 4Yɛ wʼadwuma yie na woanya biribi agyina so de ahoahoa wo ho. Na mfa wo ho ntoto afoforɔ ho; 5ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ obiara soa nʼadesoa. 6Wone deɛ ɔkyerɛkyerɛ wo Onyankopɔn Asɛm no nkyɛ adepa biara a wowɔ.

7Monnnaadaa mo ho; obiara rentumi nsi Onyankopɔn atwetweɛ. Deɛ onipa dua no, ɛno ara na ɔtwa. 8Sɛ modi mo akɔnnɔ bɔne akyi a, mobɛkɔ ɔsɛeɛ mu, nanso sɛ monante Honhom mu a, mobɛnya daa nkwa. 9Ne saa enti, mommma yɛmmmrɛ papayɛ ho, ɛfiri sɛ, ɛberɛ a ɛsɛ mu no, sɛ yɛampa aba a yɛbɛtwa nnɔbaeɛ no. 10Enti, mmerɛ dodoɔ a yɛwɔ akwannya no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ obiara papa, ne titire no, wɔn a yɛne wɔn bɔ agyidifoɔ abusua.

Ɛnyɛ Twetiatwa Na Mmom Abɔdeɛ Foforɔ

11Monhwɛ atwerɛ akɛseɛ a mede mʼankasa me nsa matwerɛ abrɛ mo.

12Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhoahoa wɔn ho no ara na wɔpɛ sɛ wɔhyɛ mo ma motwitwa twetia. Deɛ enti a wɔyɛ yei ne sɛ, wɔmpɛ sɛ Kristo asɛnnua no enti wɔtaa wɔn. 13Wɔn a wɔtwa twetia no mpo nni Mmara no so. Pɛ ara na wɔpɛ sɛ wɔtwa mo twetia sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi de mo ahoahoa wɔn ho sɛ wɔn akyidifoɔ. 14Nanso, me deɛ, Awurade Yesu Kristo asɛnnua no nko ara na mede bɛhoahoa me ho; nʼasɛnnua no enti, deɛ mede hoahoa me ho wɔ ewiase no awu, na saa ara na deɛ ewiase de hoahoa ne ho wɔ me mu no nso awu. 15Sɛ obi atwa twetia anaa ɔntwaa twetia no nka hwee. Deɛ ɛho hia ne abɔdeɛ foforɔ. 16Onyankopɔn adɔeɛ ne nʼasomdwoeɛ nka wɔn a wɔdi saa nkyerɛkyerɛ yi so nyinaa; wɔn ne Onyankopɔn mu nnipa foforɔ.

17Deɛ ɛtwa toɔ, obiara nha mʼadwene bio, ɛfiri sɛ, mewɔ ɔhonam ani etwã a ɛkyerɛ sɛ, meyɛ Yesu dea.

18Me nuanom, Awurade Yesu Kristo adom no nka mo nyinaa. Amen.

New Amharic Standard Version

ገላትያ 6:1-18

ለሰው ሁሉ በጎ ማድረግ

1ወንድሞች ሆይ፤ አንድ ሰው በኀጢአት ውስጥ ገብቶ ቢገኝ፣ መንፈሳውያን የሆናችሁ እናንተ በገርነት ልትመልሱት ይገባል። ነገር ግን አንተም እንዳትፈተን ራስህን ጠብቅ። 2አንዱ የሌላውን ከባድ ሸክም ይሸከም፤ በዚህም ሁኔታ የክርስቶስን ሕግ ትፈጽማላችሁ። 3አንድ ሰው ምንም ሳይሆን ትልቅ የሆነ ቢመስለው ራሱን ያታልላል። 4እያንዳንዱ የራሱን ተግባር ይመርምር፤ ከዚያም በኋላ፣ ከሌላ ሰው ጋር ራሱን ሳያወዳድር፣ ስለ ራሱ የሚመካበትን ያገኛል፤ 5እያንዳንዱ የራሱን ሸክም ሊሸከም ይገባዋልና።

6ማንም ቃሉን የሚማር፣ መልካም የሆነውን ነገር ሁሉ ከመምህሩ ጋር ይካፈል።

7አትታለሉ፤ እግዚአብሔር አይዘበትበትም። ሰው የሚዘራውን ያንኑ ያጭዳል። 8ሥጋዊ ምኞቱን ለማርካት የሚዘራ፣ ከሥጋ6፥8 ወይም ኀጢአተኛ ተፈጥሮውን ለማርካት የሚዘራ፣ ከዚሁ ተፈጥሮ ጥፋትን ያጭዳል፤ መንፈስን ለማስደሰት የሚዘራ ግን ከመንፈስ የዘላለምን ሕይወት ያጭዳል። 9በጎ ነገር ከማድረግ አንታክት፤ ተስፋ ካልቈረጥን ጊዜው ሲደርስ መከሩን እናጭዳለን። 10ስለዚህ ዕድሉ ካለን ለሰው ሁሉ፣ በተለይም ለእምነት ቤተ ሰቦች መልካም እናድርግ።

አዲስ ፍጥረት መሆን

11እንዴት ባሉ ታላላቅ ፊደላት በእጄ እንደ ጻፍሁላችሁ ተመልከቱ።

12ውጫዊ በሆነ ነገር ለመታየት የሚፈልጉ ሰዎች ትገረዙ ዘንድ ሊያስገድዷችሁ ይጥራሉ፤ ይህንም የሚያደርጉት ስለ ክርስቶስ መስቀል እንዳይሰደዱ ነው። 13እነርሱ በሥጋችሁ ለመመካት ሲሉ እንድትገረዙ ፈለጉ እንጂ፣ የተገረዙት ራሳቸው እንኳ ሕግን የሚጠብቁ አይደሉም። 14ነገር ግን ዓለም ለእኔ ከተሰቀለበት፣ እኔም ለዓለም ከተሰቀልሁበት ከጌታችን ከኢየሱስ ክርስቶስ መስቀል በቀር፣ ሌላው ትምክሕት ከእኔ የራቀ ይሁን። 15መገረዝም ሆነ አለመገረዝ አይጠቅምም፤ የሚጠቅመው አዲስ ፍጥረት መሆን ነው። 16ይህን ትእዛዝ በሚከተሉ ሁሉ፣ የእግዚአብሔር በሆነው እስራኤልም ላይ ሰላምና ምሕረት ይሁን።

17እኔ የኢየሱስን ምልክት በሥጋዬ ተሸክሜአለሁና፣ ከእንግዲህ ወዲህ ማንም አያስቸግረኝ።

18ወንድሞች ሆይ፤ የጌታችን የኢየሱስ ክርስቶስ ጸጋ ከመንፈሳችሁ ጋር ይሁን፤ አሜን።