Daniel 9 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Daniel 9:1-27

Daniel Mpaeɛbɔ

1Ahasweros babarima Dario (a nʼase firi Media) a wɔyɛɛ no ɔhene wɔ Babilonia ahennie so no 2afe a ɛdi ɛkan no, me, Daniel, metee aseɛ firii atwerɛsɛm mu sɛdeɛ Awurade de maa Odiyifoɔ Yeremia sɛ, Yerusalem bɛda mpan mfirinhyia aduɔson. 3Ɛno enti, mefiraa ayitoma de nsõ huraa me ho dii mmuada. Afei mede nkotosrɛ kɔɔ Awurade Onyankopɔn anim kɔbɔɔ mpaeɛ srɛɛeɛ. 4Mebɔɔ Awurade me Onyankopɔn mpaeɛ, na mepaee mu kaa sɛ:

“Ao Awurade, wo a wo so na woyɛ Onyankopɔn nwanwani! Wo a wodi ɔdɔ apam so—ɔdɔ apam a woayɛ ama wɔn a wɔdɔ wo na wɔdi wo mmara so. 5Yɛayɛ bɔne, na yɛayɛ mfomsoɔ. Yɛabɔ atirimuɔden na yɛate atua; yɛakwati wo mmara ne wo nhyɛ. 6Yɛantie wʼasomfoɔ adiyifoɔ a wɔkasaa wɔ wo din mu kyerɛɛ yɛn ahemfo ne ahenemma ne agyanom ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa.

7Awurade, woyɛ ɔteneneeni, nanso ɛnnɛ deɛ, yɛn anim agu ase, Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ ne Israelfoɔ nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri a wɔabɔ apansam. Esiane yɛn amumuyɛ enti, yɛn anim agu ase. 8Ao, Awurade, aniwuo aka yɛn ne yɛn ahemfo, ahenemma ne yɛn agyanom, ɛfiri sɛ, yɛayɛ bɔne atia wo. 9Ɛwom sɛ, yɛate Awurade yɛn Onyankopɔn anim atua, nanso ɔyɛ ahummɔborɔ na ɔde bɔne kyɛ. 10Yɛanyɛ ɔsetie amma Awurade yɛn Onyankopɔn, na yɛanni ne mmara a ɔnam nʼasomfoɔ adiyifoɔ so de maa yɛn no so. 11Israel nyinaa abu wo mmara so, na wɔafiri ho a wɔmpɛ sɛ wɔyɛ ɔsetie ma wo.

“Enti, nnome ne atemmuo a wɔaka ntam atwerɛ wɔ Onyankopɔn ɔsomfoɔ Mose Mmara mu no, wɔahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ bɔne atia wo enti. 12Ɔhaw kɛseɛ a wobɔɔ ho kɔkɔ sɛ wobɛyɛ atia yɛn ne yɛn ahemfo no, woayɛ. Ɔsoro ase nyinaa, biribiara nsii sɛdeɛ asi wɔ Yerusalem no bi da. 13Sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mose mmara mu no, saa amanehunu yi nyinaa aba yɛn so, nanso yɛnhwehwɛɛ Awurade yɛn Onyankopɔn mmɔborɔhunu, sɛ yɛbɛfiri yɛn bɔne ho na yɛapɛ nokorɛ akyiri ɛkwan. 14Awurade antwentwɛn sɛ ɔde amanehunu no bɛba yɛn so, ɛfiri sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn yɛ pɛ biribiara a ɔyɛ mu, nanso yɛanyɛ ɔsetie amma no.

15“Ao, Awurade yɛn Onyankopɔn, wo a wode nsa a ɛyɛ den yii wo nkurɔfoɔ firii Misraim, de gyee din a atena hɔ abɛsi ɛnnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛayɛ mfomsoɔ. 16Awurade, sɛdeɛ wo tenenee nneyɛɛ nyinaa teɛ no enti, yi wʼabofuo ne wʼanibereɛ firi wo kuropɔn Yerusalem ne wo bepɔ kronkron no so. Esiane yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumuyɛ enti, nnipa a atwa Yerusalem ho ahyia no nyinaa di Yerusalem ne wo nkurɔfoɔ ho fɛw.

17“Na afei yɛn Onyankopɔn, tie wʼakoa mpaeɛbɔ, ne ne nkotosrɛ. Wo enti, Ao, Awurade, te wʼanim bio kyerɛ wo kronkronbea hɔ a agyigya no. 18Yɛ aso, Ao, me Onyankopɔn na tie; bue wʼani, na hwɛ kuropɔn a wo Din da soɔ a agyigya no. Ɛnyɛ yɛn tenenee enti na yɛde yɛn nkotosrɛ aba wʼanim, na mmom ɛyɛ wo mmɔborɔhunu bebrebe no enti. 19Ao, Awurade, tie! Ao, Awurade, fa kyɛ! Ao, Awurade, tie na yɛ! Wo enti, me Onyankopɔn, ntwentwɛn wo nan ase, ɛfiri sɛ, wo Din da wo kuropɔn ne wo nkurɔfoɔ so.”

Gabriel Kyerɛ Daniel Anisoadehunu No Ase

20Ɛberɛ a merekasa na merebɔ mpaeɛ, na mereka me ne me nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔne akyerɛ, na mede mʼadesrɛ reto Awurade me Onyankopɔn anim ama ne bepɔ kronkron no, 21na megu so rebɔ mpaeɛ no, Gabriel a mehunuu no kane anisoadehunu mu no de ahoɔherɛ baa me nkyɛn bɛyɛ anwummerɛ afɔrebɔ berɛ mu. 22Ɔkyerɛkyerɛɛ me sɛ, “Daniel, maba ha sɛ merebrɛ wo nhunumu ne nteaseɛ. 23Wohyɛɛ aseɛ sɛ worebɔ mpaeɛ pɛ no, mmuaeɛ baeɛ, na maba sɛ merebɛka akyerɛ wo, ɛfiri sɛ, wɔbu wo yie. Enti dwene asɛm no ho na te anisoadehunu no ase.

24“ ‘Mmerɛ aduɔson ahodoɔ nson’ na wɔahyɛ ama wo nkurɔfoɔ ne wo kuropɔn kronkron no, sɛ wɔgyae mmarato, na wɔtwa bɔneyɛ so, na wɔpata atirimuɔden, na tenenee a ɛto ntwa da ba, na wɔsɔ anisoadehunu ne nkɔmhyɛ ano, na wɔsra Kronkron mu Kronkronbea hɔ ngo.

25“Tie na te yei ase: Ɛfiri ɛberɛ a asɛm no bɛkɔ ama wɔasi Yerusalem ayɛ no foforɔ, kɔsi sɛ Deɛ Wɔasra no Ngo no bɛba no bɛyɛ mmerɛ nson ahodoɔ ‘nson’, ne aduosia mmienu ahodoɔ ‘nson’. Wɔbɛyiyi mmorɔno ne akwan na wɔayɛ abanbɔdeɛ a ɛyɛ den, nanso ɛbɛyɛ ahohiahia berɛ mu. 26Mmerɛ aduosia mmienu ahodoɔ nson akyi no, wɔbɛkum Deɛ Wɔasra no ngo no a wɔrennya ne ho asɛm biara. Ɔhene a ɔbɛba no nkurɔfoɔ bɛba abɛsɛe kuropɔn ne kronkronbea no. Awieeɛ no bɛba sɛ nsuyire, na ɔko ne emu ahoyera bɛba akɔsi awieeɛ sɛdeɛ wɔahyɛ no. 27Ɔbɛsi ɔno ne nnipa bebree ntam apam so dua wɔ mmerɛ ‘nson’ baako mu. Na mmerɛ ‘nson’ no mfimfini no, ɔbɛgyae afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ ma. Ɔbɛdua abusudeɛ a ɛde ɔsɛeɛ bɛba wɔ asɔredan no no mu, kɔsi sɛ awieeɛ a wɔahyɛ no bɛhwie agu ne so.”