Daniel 7 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

Daniel 7:1-28

Mmoa Ɛnan Ho Daeɛso

1Ɔhene Belsasar adedie afe a ɛdi ɛkan wɔ Babilonia mu no, Daniel soo daeɛ, hunuu anisoadehunu ahodoɔ ɛberɛ a ɔda ne mpa so no. Ɔtwerɛɛ daeɛ no mu nsɛm titire too hɔ.

2Daniel kaa sɛ, “Mʼanisoadehunu no mu saa anadwo no, mehunuu ɔsoro mframa ɛnan a ɛrebobɔ fa ɛpo kɛseɛ no so. 3Afei, mmoa akɛseɛ ɛnan bi pue firii ɛpo no mu a wɔn mu biara bɔbea nko.

4“Na aboa a ɔdi ɛkan no te sɛ gyata a ɔwɔ ɔkɔdeɛ ntaban. Mehwɛɛ no ara kɔsii sɛ wɔtutuu ne ntaban no, na wɔpagyaa no ma ɔgyinaa ne nan mmienu so te sɛ onipa. Na wɔmaa no onipa adwen.

5“Afei, mehunuu aboa a ɔtɔ so mmienu a na ɔte sɛ sisire. Na ɔda ne nkyɛn mu a na mfempadeɛ mmiɛnsa hyɛ ne se ntam wɔ nʼanom. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɔre na we ɛnam a wobɛtumi!’

6“Yei akyi no, mehunuu aboa foforɔ a ɔte sɛ ɔsebɔ. Na ɔwɔ ntaban ɛnan a ɛte sɛ nnomaa ntaban a ɛtuatua nʼakyi. Saa aboa yi wɔ tire ɛnan, na wɔmaa no tumi kɛseɛ.

7“Yei akyi no, mʼanisoadehunu anadwo no, mehunuu aboa a ɔtɔ so ɛnan a ne ho yɛ hu yie, na ne ho yɛ den nso. Ɔwɔ se akɛseɛ a ɛyɛ dadeɛ na ɔde bubu mmoa a ɔkyere wɔn na wawe, na afei ɔde ne nan tiatia nkaeɛ no so. Ɔda nso koraa wɔ mmoa nkaeɛ no mu. Na ɔwɔ mmɛn edu.

8“Ɛberɛ a megu so redwene mmɛn no ho no, abɛn ketewa foforɔ bi pueɛ wɔ mmɛn dada no ntam, na ɛtutuu mmɛn dada no mu mmiɛnsa. Na saa abɛn ketewa no wɔ aniwa te sɛ onipa, na ɔwɔ ano a ɛkasa ahantan so.

9“Megu so rehwɛ no,

“mehunuu sɛ, wɔde nhennwa bɛsisii hɔ,

na Deɛ ɔwɔ hɔ firi Tete no bɛtenaa ase.

Na nʼatadeɛ yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma;

na ne tirinwi hoa sɛ odwan nwi.

Nʼahennwa dɛre sɛ ogyaframa

na nʼahennwa nhankra nso dɛree framfram.

10Na ogya a ɛte sɛ asubɔnten

tene firii nʼanim baeɛ.

Abɔfoɔ mpempem kotoo no,

na ɔpepe nso gyinagyinaa nʼanim.

Abadwafoɔ no tenaa ase,

na wɔhyɛɛ aseɛ buebuee nwoma mu.

11“Na mekɔɔ so hwɛeɛ, ɛfiri sɛ, na abɛn ketewa no de ahantan rekasa. Mehwɛeɛ ara kɔsii sɛ wɔkumm aboa no, na wɔtoo no twenee ogyaframa a ɛrederɛ framfram no mu. 12Mmoa a aka no nso, wɔgyee wɔn tumi firii wɔn nsam, ma wɔtenaa ase kyɛree kakra.

13“Anadwo a menyaa mʼanisoadehunu no, mehwɛ hunuu obi te sɛ onipa ba no a ɔnam ɔsoro omununkum mu reba. Ɔbɛn Deɛ ɔwɔ hɔ firi Tete no, wɔdii nʼanim kɔɔ ne nkyɛn. 14Wɔmaa no tumi, animuonyam ne adehyetumi; na aman ne kasa ahodoɔ nyinaa somm no. Nʼahennie yɛ daa ahennie a ɛtoɔ rentwa da. Nʼahemman yɛ deɛ ɛrensɛe da.”

Wɔkyerɛ Daeɛ No Ase

15“Me, Daniel, deɛ mehunuiɛ no nyinaa haa me wɔ honhom mu, na mʼanisoadehunu no bɔɔ me hu. 16Enti, mekɔɔ wɔn a wɔgyinagyina hɔ no mu baako, kɔbisaa no saa nneɛma no nyinaa ase.

“Ɔkyerɛɛ me aseɛ sɛ: 17‘Saa mmoa akɛseɛ ɛnan yi gyina hɔ ma ahemman ɛnan a wɔbɛsɔre asase so. 18Nanso, Ɔsorosoroni no ahotefoɔ no bɛgye ahemman no na wɔafa no afebɔɔ.’

19“Afei, mepɛɛ sɛ mehunu aboa a ɔtɔ so ɛnan no a na ɔda nso wɔ nkaeɛ no mu no nkyerɛaseɛ. Na ne ho yɛ hu yie, na ɔde ne se a ɛyɛ dadeɛ ne nʼabɔwerɛ a ɛyɛ kɔbere no tete mmoa a ɔkyere wɔn no we, na afei ɔde ne nan tiatia nkaeɛ no so. 20Afei, mepɛɛ sɛ mete mmɛn edu a na ɛtuatua ne tiri ho ne deɛ ɛpuee akyire no ase. Ɛbɛsɛee deɛ na ɛwɔ hɔ dada no mu mmiɛnsa, na yei yɛ abɛn a ɛdi mu kyɛn nkaeɛ no a na ɛwɔ onipa aniwa ne ano a ɛkasa ahantan so. 21Mehwɛeɛ no, na saa abɛn yi atu ateneneefoɔ no so sa redi wɔn so nkonim, 22kɔsii sɛ, Deɛ ɔwɔ ho firi Tete no baeɛ, bɛbuu atɛn, maa Ɔsorosoroni ahotefoɔ no dii bem. Afei, ɛberɛ duruiɛ sɛ, wɔfa ahemman no.

23“Afei, ɔkyerɛɛ me aseɛ sɛ, ‘Saa aboa a ɔtɔ so ɛnan yi yɛ ahemman a ɛtɔ so ɛnan a ɛbɛba asase so. Ɛbɛda nso wɔ ahemman a aka no nyinaa mu. Ɛbɛmene asase nyinaa, na atiatia so abubu no asinasini. 24Ne mmɛn edu no yɛ ahemfo edu a wɔbɛfiri saa ahemman no mu. Afei, ɔhene foforɔ bɛsɔre a ɔda nso wɔ edu a aka no mu a ɔbɛbrɛ ahemfo no mu mmiɛnsa ase. 25Ɔbɛkasa atia Ɔsorosoroni no, na wahyɛ ahotefoɔ no so. Ɔbɛbɔ mmɔden sɛ, ɔbɛsesa wɔn afahyɛ kronkron ahodoɔ ne wɔn mmara no, na wɔde wɔn ahyɛ nʼase kɔsi mmerɛ bi.

26“ ‘Nanso, abadwafoɔ bɛtena ase, na wɔagye ne tumi nyinaa, na wɔasɛe no korakora. 27Afei, wɔde ahennie ne tumi ne kɛseyɛ a ɛwɔ ahemman a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa bɛma ahotefoɔ, Ɔsorosoroni no nkurɔfoɔ. Na nʼahemman bɛtena hɔ daa, na ahemfo nyinaa bɛsɔre no na wɔayɛ ɔsetie ama no.’

28“Asɛm no awieeɛ nie. Me, Daniel, mʼadwendwene yi haa me yie na mʼanim sesaeɛ na mede saa nsɛm yi siee mʼakoma mu.”

New International Reader’s Version

Daniel 7:1-28

Daniel Has a Dream About Four Animals

1It was the first year that Belshazzar was king of Babylon. Daniel had a dream. He was lying in bed. In his dream, visions passed through his mind. He wrote down what he saw.

2Daniel said, “I had a vision at night. I looked up and saw the four winds of heaven. They were stirring up the Mediterranean Sea. 3Four large animals came up out of the sea. Each one was different from the others.

4“The first animal was like a lion. It had the wings of an eagle. I watched until its wings were torn off. Then it was lifted up from the ground. It stood on two feet like a human being. And the mind of a human being was given to it.

5“I saw a second animal. It looked like a bear. It was raised up on one of its sides. And it had three ribs between its teeth. It was told, ‘Get up! Eat meat until you are full!’

6“After that, I saw another animal. It looked like a leopard. On its back were four wings like the wings of a bird. The animal I saw had four heads. And it was given authority to rule.

7“After that, in my vision I looked up and saw a fourth animal. It was terrifying and very powerful. It had large iron teeth. It crushed those it attacked and ate them up. It stomped on anything that was left. It was different from the other animals. And it had ten horns.

8“I thought about the horns. Then I saw another horn. It was a little one. It grew up among the other horns. Three of the first horns were pulled up by their roots to make room for it. The little horn had eyes like the eyes of a human being. Its mouth was always bragging.

9“As I watched,

“thrones were set in place.

The Eternal God took his seat.

His clothes were as white as snow.

The hair on his head was white like wool.

His throne was blazing with fire.

And flames were all around its wheels.

10A river of fire was flowing.

It was coming out from in front of God.

Thousands and thousands of angels served him.

Millions of them stood in front of him.

The court was seated.

And the books were opened.

11“Then I continued to watch because of the way the horn was bragging. I kept looking until the fourth animal was killed. I watched until its body was destroyed. It was thrown into the blazing fire. 12The authority of the other animals had been stripped away from them. But they were allowed to live for a period of time.

13“In my vision I saw one who looked like a son of man. He was coming with the clouds of heaven. He approached the Eternal God. He was led right up to him. 14And he was given authority, glory and a kingdom. People of all nations, no matter what language they spoke, worshiped him. His authority will last forever. It will not pass away. His kingdom will never be destroyed.

An Angel Tells Daniel What His Dream Means

15“My spirit was troubled. The visions that passed through my mind upset me. 16I approached an angel who was standing there. I asked him what all these things really meant.

“So he explained to me what everything meant. 17He said, ‘The four large animals stand for four kings. The kings will appear on the earth. 18But the holy people of the Most High God will receive the kingdom. They will possess it forever. It will belong to them for ever and ever.’

19“Then I wanted to know what the fourth animal stood for. It was different from the others. It was the most terrifying of all. It had iron teeth and bronze claws. It crushed everyone it attacked and ate them up. It stomped on anything that was left. 20I also wanted to know about the ten horns on its head. And I wanted to know about the other horn that grew up later. It caused three of the ten horns to fall out. It appeared to be stronger than the others. It had eyes. And its mouth was always bragging. 21I saw that the horn was at war with God’s holy people. It was winning the battle over them. 22But then the Eternal God came. He decided in favor of his holy people. So the time came when the kingdom was given to them.

23“Here’s how the angel explained it to me. He said, ‘The fourth animal stands for a fourth kingdom. It will appear on earth. It will be different from the other kingdoms. It will eat up the whole earth. It will stomp on it and crush it. 24The ten horns stand for ten kings. They will come from the fourth kingdom. After them another king will appear. He will be different from the earlier ones. He’ll bring three kings under his control. 25He’ll speak against the Most High God. He’ll treat God’s holy people badly. He will try to change the times and laws that were given by God. God’s holy people will be placed under his power for three and a half years.

26“ ‘But the court will be seated. And the power of that king will be taken away from him. It will be completely destroyed forever. 27Then the authority, power and greatness of all the kingdoms on earth will be taken from them. And all they had will be given to the holy people of the Most High God. His kingdom will last forever. Every ruler will worship and obey him.’

28“That’s all I saw. My thoughts deeply troubled me. My face turned pale. But I kept those things to myself.”