Atemmufoɔ 9 – ASCB & KJV

Asante Twi Contemporary Bible

Atemmufoɔ 9:1-57

Abimelek Di Ɔhene Wɔ Sekem

1Ɛda koro bi, Yerub-Baal babarima Abimelek kɔɔ Sekem kɔsraa ne wɔfanom a wɔyɛ ne maame nuanom mmarima. Ɔka kyerɛɛ wɔn ne ne ne maame fiefoɔ nkaeɛfoɔ sɛ, 2“Mommisa ɔmanfoɔ a wɔwɔ Sekem no sɛ, wɔpɛ sɛ Yerub-Baal mmammarima aduɔson no nyinaa di wɔn so anaasɛ wɔpɛ sɛ ɔbarima baako di wɔn so? Na monkae sɛ meyɛ mo bogyani!”

3Enti, Abimelek wɔfanom gyinaa nʼanan mu kasa kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ Sekem nyinaa. Na wɔtiee wɔn adwenkyerɛ no, wɔpenee so faa Abimelek, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wɔn busuani. 4Wɔfaa dwetɛ sika pranpran aduɔson firi Baal-Berit asɔreeɛ so de maa Abimelek, na ɔde faa asraafoɔ a wɔpenee so sɛ wobɛdi nʼakyi. 5Ɔde asraafoɔ no kɔɔ nʼagya kurom wɔ Ofra. Na ɛhɔ, ɛboɔ bi so, na ɔkunkumm nʼagya mmammarima aduɔson no nyinaa. Nanso ne nuanom mu akumaa koraa a wɔfrɛ no Yotam no dwane kɔtɛɛ baabi. 6Enti, Sekemfoɔ ne Bet-Milofoɔ yɛɛ nhyiamu wɔ odupɔn a ɛbɛn nkaeɛdum a ɛwɔ Sekem no ase. Wɔsii Abimelek wɔn so ɔhene.

7Yotam tee asɛm yi no, ɔforo kɔɔ Gerisim bepɔ no atifi na ɔteaam ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sekemfoɔ montie me! Sɛ mopɛ sɛ Onyankopɔn tie mo deɛ a, montie me! 8Ɛberɛ bi, nnua nyinaa pɛɛ sɛ wɔsi wɔn so ɔhene. Deɛ ɛdi ɛkan no, wɔka kyerɛɛ ngo dua sɛ, ‘Bɛdi yɛn so ɔhene!’

9“Nanso, wampene so kaa sɛ, ‘Adɛn? Mennyae me ngo a wɔde hyɛ Onyankopɔn ne nnipa animuonyam no, na menkɔkyinkyin nnua a aka so anaa?’

10“Afei, wɔka kyerɛɛ borɔdɔma sɛ, ‘Bɛdi yɛn so ɔhene!’

11“Borɔdɔma nso buaa sɛ, ‘Na mennyae aba so na menkyini nnua foforɔ so?’

12“Afei wɔka kyerɛɛ bobe sɛ, ‘Bɛdi yɛn so ɔhene.’

13“Na bobe no buaa sɛ, ‘Sɛ megyae me nsa pa a ɛma anyame ne nnipa anigyeɛ no ma a, na afei na merebɛkyini nnua bi so?’

14“Ne korakora ne sɛ, nnua no nyinaa ka kyerɛɛ nkasɛɛ sɛ, ‘Bɛdi yɛn so ɔhene.’

15“Na nkasɛɛ buaa sɛ, ‘Sɛ ɛyɛ mo adwene kann sɛ mode me bɛsi mo so ɔhene a, mommra mmɛhyɛ me nwunu yi ase. Sɛ ɛnte saa a, momma ogya mfiri nkasɛɛ mu mmɛhye Lebanon ntweneduro nyinaa.’

16“Afei mogye di sɛ moayɛ deɛ ɛho wɔ nyam, na ɛnam ne kwan mu sɛ mode Abimelek asi mo so ɔhene, na moayɛ Yerub-Baal ne nʼasefoɔ nyinaa apɛdeɛ. Moayɛ deɛ ɛfata ama mʼagya anaa? 17Na ɔko maa mo de ne ho bɔɔ afɔdeɛ ɛberɛ a ɔgyee mo firii Midianfoɔ nsam no. 18Na ɛnnɛ moasɔre atia mʼagya ne nʼasefoɔ, akunkum ne mmammarima aduɔson wɔ ɛboɔ baako so. Mode Abimelek a ɔyɛ ne ɔsomfoɔ baa babarima asi Sekem manfoɔ so ɔhene, sɛ ɔyɛ mo busuani enti. 19Sɛ moayɛ deɛ ɛho wɔ nyam na ɛnam ne kwan mu ama Yerub-Baal ne nʼasefoɔ a, ɛnneɛ mobɛnya ahosɛpɛ wɔ Abimelek mu na ɔno nso anya ahosɛpɛ wɔ mo mu. 20Sɛ deɛ moayɛ no mfa ne kwan mu deɛ a, ɛnneɛ ogya mfiri Abimelek nkyɛn mmɛhye mo, Sekemfoɔ ne Bet-Milofoɔ. Na ogya nso mfiri Sekemfoɔ ne Bet-Milofoɔ nkyɛn mmɛhye Abimelek!”

21Na ɛsiane Abimelek ho suro enti, ne nuabarima Yotam dwane kɔtenaa Beer.

Sekem Sɔre Tia Abimelek

22Abimelek dii Israel so mfeɛ mmiɛnsa akyi no, 23Onyankopɔn somaa honhom fi bi maa ɔde ɔhaw baa Abimelek ne Sekem mpanimfoɔ ntam na wɔtee atua. 24Nsɛm a ɛsisii akyire no mu no, Onyankopɔn twee Abimelek ne Sekemfoɔ aso sɛ wɔkunkumm Yerub-Baal mmammarima aduɔson no. 25Sekem mmarima bi kɔtɛɛ Abimelek wɔ mmepɔ atifi, na wɔbɔɔ obiara a ɔtwaam wɔ hɔ no apoo. Nnipa bi kɔɔ Abimelek nkyɛn kɔtii nʼase.

26Saa ɛberɛ no, Ebed babarima Gaal ne ne nuammarima kɔɔ Sekem. Na Sekemfoɔ no nyaa wɔn mu awerɛhyɛmu. 27Ɛberɛ a wɔredi otwa afahyɛ wɔ Sekem wɔ ɛhɔ nyame bi asɔreeɛ so no, bobesa buu so hɔ maa obiara hyɛɛ aseɛ domee Abimelek. 28Ebed babarima Gaal teaam sɛ, “Hwan ne Abimelek? Ɔnyɛ Sekem aseni kann, na adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nʼasomfoɔ? Ɔyɛ Yerub-Baal babarima kɛkɛ na Sebul na ɔtoto ne ɔman ho nhyehyɛeɛ ma no. Monsom nnipa a wɔfiri Hamor, wɔn na wɔyɛ Sekem asefoɔ kann. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛsom Abimelek? 29Sɛ mewɔ tumi a, anka mɛyi Abimelek afiri hɔ. Anka mɛka akyerɛ no sɛ, ‘Pɛ asraafoɔ bebree bra bɛko!’ ”

30Na Sebul a ɔtua kuro no ano tee deɛ Ebed babarima Gaal rekeka no, ne bo fuiɛ. 31Ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Abimelek nkyɛn wɔ Aruma, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ebed babarima Gaal ne ne nuammarima abɛtena Sekem na wɔretu ɔmanfoɔ no aso sɛ wɔnsɔre ntia wo. 32Fa akodɔm bra anadwo bɛtɛ mfuo yi mu. 33Adeɛ kyeeɛ ara pɛ, to hyɛ kuropɔn yi so. Na sɛ Gaal ne nʼapamfoɔ ba bɛtia wo a, deɛ wopɛ biara wotumi yɛ wɔn.”

34Na Abimelek ne ne mmarima kɔɔ anadwo no, na wɔkyɛɛ wɔn mu akuo ɛnan de twaa Sekem ho hyiaeɛ. 35Ɛberɛ a Abimelek ne nʼakodɔm pue firii atɛeɛ mu no, na Ebed babarima Gaal gyina kuro no ɛpono ano. 36Ɛberɛ a Gaal hunuu wɔn no, ɔka kyerɛɛ Sebul sɛ, “Hwɛ, nnipa bi firi bepɔ no so reba!”

Sebul buaa sɛ, “Ɛyɛ mmepɔ no sunsum na ayɛ sɛ nnipa no.”

37Nanso Gaal sane kaa sɛ, “Dabi, nnipa bi resiane mmepɔ no. Na ekuo foforɔ nso nam ɛkwan a ɛfa Akɔmfoɔ Dupɔn ho no reba.”

38Afei, Sebul dane guu ne so sɛ, “Anosɛm a na woyeyɛ no aseɛ ne sɛn? Ɛnyɛ wo ara na wokaa sɛ ‘Hwan ne Abimelek, na adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nkoa’ no? Nnipa a wodii wɔn ho fɛ no, wɔaduru yɛn mfikyire ha yi ara! Kɔ na wo ne wɔn nkɔko!”

39Enti Gaal dii Sekem mmarima anim sɛ wɔrekɔko atia Abimelek, 40nanso, ɔdii nkoguo na ɔdwaneeɛ. Wɔkunkumm Sekem akofoɔ bebree sɛɛ wɔn afunu kɛtɛ wɔ ɛkwan a ɛkɔ kuropɔn no ɛpono ano no so. 41Abimelek tenaa Aruma ɛnna Sebul pamoo Gaal ne ne nuanom mmarima firii Sekem.

42Adeɛ kyeeɛ no, Sekemfoɔ no kɔɔ wira mu sɛ wɔrekɔko. Abimelek teeɛ no, 43ɔkyɛɛ ne mmarima mu akuakuo mmiɛnsa ma wɔkɔtetɛɛ wira mu. Ɛberɛ a Abimelek hunuu sɛ nnipa no firi kuropɔn no mu reba no, ɔne ne mmarima no firii wɔn atɛeɛ mu to hyɛɛ wɔn so. 44Abimelek ne ne kuo no kɔgyee kuropɔn no ɛpono ano hɔ faeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Sekemfoɔ rentumi nsane wɔn akyi. Afei, akuo mmienu to hyɛɛ Sekemfoɔ a wɔwɔ wiram hɔ no so kunkumm wɔn. 45Ɔko no kɔɔ so ɛda mu no nyinaa ansa na Abimelek redi kuropɔn no so koraa. Ɔkunkumm nnipa no, sɛee kuropɔn no, na ɔpetee nkyene wɔ hɔ nyinaa.

46Nnipa a wɔte Sekem abantenten mu tee asɛm a asi no, wɔkɔhintaa Baal-Berit asɔreeɛ so. 47Obi kɔbɔɔ Abimelek amaneɛ sɛ nnipa no bi aboa wɔn ho ano wɔ asɔreeɛ so hɔ, 48enti ɔdii nʼakodɔm anim kɔɔ Salmon Bepɔ so. Ɔfaa akuma twaa mman bi firii dua bi so na ɔde guu ne mmati so. Ɔka kyerɛɛ ne dɔm no sɛ, “Ntɛm, deɛ mayɛ yi, monyɛ bi!” 49Enti, wɔn mu biara twitwaa dua mman no bi, sɛdeɛ Abimelek yɛeɛ no. Wɔboaa mman no ano wɔ asɔreeɛ no afasuo ho de ogya too mu. Enti, nnipa a na wɔte Sekem abantenten mu a wɔn dodoɔ bɛyɛ mmarima ne mmaa apem no nyinaa wuwuiɛ.

50Afei Abimelek to hyɛɛ kuropɔn Tebes so dii so. 51Nanso, na abandenden bi wɔ kuropɔn no mu. Ɛno enti, kuropɔn no mu nnipa nyinaa dwane kɔhyɛɛ mu. Wɔtoo wɔn ho ɛpono mu, foforo kɔɔ abandenden no atifi pɛɛ. 52Abimelek toaa wɔn sɛ ɔrekɔto ahyɛ abandenden no so. Ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔreto mu ogya pɛ, 53ɔbaa bi a ɔwɔ abandenden no atifi gyaa ayuyammoɔ mu ma ɛbɛbɔɔ Abimelek moma so na ɛpɛkyɛɛ ne ti kwankoraa.

54Abimelek ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔkura nʼakodeɛ sɛ, “Twe wʼakofena na kum me! Na nnipa anka sɛ ɔbaabasia na ɔkumm Abimelek!” Enti, aberanteɛ no de nʼakofena wɔɔ no ma ɔwuiɛ. 55Ɛberɛ a Abimelek nkurɔfoɔ hunuu sɛ wawuo no, wɔde wɔn akodeɛ guu hɔ sane kɔɔ wɔn afie mu.

56Saa na Onyankopɔn twee Abimelek aso wɔ bɔne a ɔyɛ de tiaa nʼagya sɛ ɔkumm ne nuammarima aduɔson no. 57Saa ara na Onyankopɔn twee mmarima a wɔwɔ Sekem aso wɔ wɔn bɔne ahodoɔ a wɔyɛeɛ no ho. Ɛno enti, Yerub-Baal babarima Yotam nnome no baa mu.

King James Version

Judges 9:1-57

1And Abimelech the son of Jerubbaal went to Shechem unto his mother’s brethren, and communed with them, and with all the family of the house of his mother’s father, saying, 2Speak, I pray you, in the ears of all the men of Shechem, Whether is better for you, either that all the sons of Jerubbaal, which are threescore and ten persons, reign over you, or that one reign over you? remember also that I am your bone and your flesh.9.2 Whether…: Heb. What is good? whether, etc 3And his mother’s brethren spake of him in the ears of all the men of Shechem all these words: and their hearts inclined to follow Abimelech; for they said, He is our brother.9.3 to follow: Heb. after 4And they gave him threescore and ten pieces of silver out of the house of Baal-berith, wherewith Abimelech hired vain and light persons, which followed him. 5And he went unto his father’s house at Ophrah, and slew his brethren the sons of Jerubbaal, being threescore and ten persons, upon one stone: notwithstanding yet Jotham the youngest son of Jerubbaal was left; for he hid himself. 6And all the men of Shechem gathered together, and all the house of Millo, and went, and made Abimelech king, by the plain of the pillar that was in Shechem.9.6 plain: or, oak

7¶ And when they told it to Jotham, he went and stood in the top of mount Gerizim, and lifted up his voice, and cried, and said unto them, Hearken unto me, ye men of Shechem, that God may hearken unto you. 8The trees went forth on a time to anoint a king over them; and they said unto the olive tree, Reign thou over us. 9But the olive tree said unto them, Should I leave my fatness, wherewith by me they honour God and man, and go to be promoted over the trees?9.9 go…: or, go up and down for other trees 10And the trees said to the fig tree, Come thou, and reign over us. 11But the fig tree said unto them, Should I forsake my sweetness, and my good fruit, and go to be promoted over the trees? 12Then said the trees unto the vine, Come thou, and reign over us. 13And the vine said unto them, Should I leave my wine, which cheereth God and man, and go to be promoted over the trees? 14Then said all the trees unto the bramble, Come thou, and reign over us.9.14 bramble: or, thistle 15And the bramble said unto the trees, If in truth ye anoint me king over you, then come and put your trust in my shadow: and if not, let fire come out of the bramble, and devour the cedars of Lebanon. 16Now therefore, if ye have done truly and sincerely, in that ye have made Abimelech king, and if ye have dealt well with Jerubbaal and his house, and have done unto him according to the deserving of his hands; 17(For my father fought for you, and adventured his life far, and delivered you out of the hand of Midian:9.17 adventured…: Heb. cast his life 18And ye are risen up against my father’s house this day, and have slain his sons, threescore and ten persons, upon one stone, and have made Abimelech, the son of his maidservant, king over the men of Shechem, because he is your brother;) 19If ye then have dealt truly and sincerely with Jerubbaal and with his house this day, then rejoice ye in Abimelech, and let him also rejoice in you: 20But if not, let fire come out from Abimelech, and devour the men of Shechem, and the house of Millo; and let fire come out from the men of Shechem, and from the house of Millo, and devour Abimelech. 21And Jotham ran away, and fled, and went to Beer, and dwelt there, for fear of Abimelech his brother.

22¶ When Abimelech had reigned three years over Israel, 23Then God sent an evil spirit between Abimelech and the men of Shechem; and the men of Shechem dealt treacherously with Abimelech: 24That the cruelty done to the threescore and ten sons of Jerubbaal might come, and their blood be laid upon Abimelech their brother, which slew them; and upon the men of Shechem, which aided him in the killing of his brethren.9.24 aided…: Heb. strengthened his hands to kill 25And the men of Shechem set liers in wait for him in the top of the mountains, and they robbed all that came along that way by them: and it was told Abimelech. 26And Gaal the son of Ebed came with his brethren, and went over to Shechem: and the men of Shechem put their confidence in him. 27And they went out into the fields, and gathered their vineyards, and trode the grapes, and made merry, and went into the house of their god, and did eat and drink, and cursed Abimelech.9.27 merry: or, songs 28And Gaal the son of Ebed said, Who is Abimelech, and who is Shechem, that we should serve him? is not he the son of Jerubbaal? and Zebul his officer? serve the men of Hamor the father of Shechem: for why should we serve him? 29And would to God this people were under my hand! then would I remove Abimelech. And he said to Abimelech, Increase thine army, and come out.

30¶ And when Zebul the ruler of the city heard the words of Gaal the son of Ebed, his anger was kindled.9.30 kindled: or, hot 31And he sent messengers unto Abimelech privily, saying, Behold, Gaal the son of Ebed and his brethren be come to Shechem; and, behold, they fortify the city against thee.9.31 privily: Heb. craftily or, to Tormah 32Now therefore up by night, thou and the people that is with thee, and lie in wait in the field: 33And it shall be, that in the morning, as soon as the sun is up, thou shalt rise early, and set upon the city: and, behold, when he and the people that is with him come out against thee, then mayest thou do to them as thou shalt find occasion.9.33 as thou shalt…: Heb. as thine hand shall find

34¶ And Abimelech rose up, and all the people that were with him, by night, and they laid wait against Shechem in four companies. 35And Gaal the son of Ebed went out, and stood in the entering of the gate of the city: and Abimelech rose up, and the people that were with him, from lying in wait. 36And when Gaal saw the people, he said to Zebul, Behold, there come people down from the top of the mountains. And Zebul said unto him, Thou seest the shadow of the mountains as if they were men. 37And Gaal spake again and said, See there come people down by the middle of the land, and another company come along by the plain of Meonenim.9.37 middle: Heb. navel9.37 Meonenim: or, the regarders of times 38Then said Zebul unto him, Where is now thy mouth, wherewith thou saidst, Who is Abimelech, that we should serve him? is not this the people that thou hast despised? go out, I pray now, and fight with them. 39And Gaal went out before the men of Shechem, and fought with Abimelech. 40And Abimelech chased him, and he fled before him, and many were overthrown and wounded, even unto the entering of the gate. 41And Abimelech dwelt at Arumah: and Zebul thrust out Gaal and his brethren, that they should not dwell in Shechem. 42And it came to pass on the morrow, that the people went out into the field; and they told Abimelech. 43And he took the people, and divided them into three companies, and laid wait in the field, and looked, and, behold, the people were come forth out of the city; and he rose up against them, and smote them. 44And Abimelech, and the company that was with him, rushed forward, and stood in the entering of the gate of the city: and the two other companies ran upon all the people that were in the fields, and slew them. 45And Abimelech fought against the city all that day; and he took the city, and slew the people that was therein, and beat down the city, and sowed it with salt.

46¶ And when all the men of the tower of Shechem heard that, they entered into an hold of the house of the god Berith. 47And it was told Abimelech, that all the men of the tower of Shechem were gathered together. 48And Abimelech gat him up to mount Zalmon, he and all the people that were with him; and Abimelech took an axe in his hand, and cut down a bough from the trees, and took it, and laid it on his shoulder, and said unto the people that were with him, What ye have seen me do, make haste, and do as I have done.9.48 me do: Heb. I have done 49And all the people likewise cut down every man his bough, and followed Abimelech, and put them to the hold, and set the hold on fire upon them; so that all the men of the tower of Shechem died also, about a thousand men and women.

50¶ Then went Abimelech to Thebez, and encamped against Thebez, and took it. 51But there was a strong tower within the city, and thither fled all the men and women, and all they of the city, and shut it to them, and gat them up to the top of the tower. 52And Abimelech came unto the tower, and fought against it, and went hard unto the door of the tower to burn it with fire. 53And a certain woman cast a piece of a millstone upon Abimelech’s head, and all to brake his skull. 54Then he called hastily unto the young man his armourbearer, and said unto him, Draw thy sword, and slay me, that men say not of me, A woman slew him. And his young man thrust him through, and he died. 55And when the men of Israel saw that Abimelech was dead, they departed every man unto his place.

56¶ Thus God rendered the wickedness of Abimelech, which he did unto his father, in slaying his seventy brethren: 57And all the evil of the men of Shechem did God render upon their heads: and upon them came the curse of Jotham the son of Jerubbaal.