Atemmufoɔ 12 – ASCB & KLB

Asante Twi Contemporary Bible

Atemmufoɔ 12:1-15

Efraim Ne Yefta Ko

1Efraim abusuakuo no boaboaa akodɔm ano twa kɔɔ Safon. Wɔde nkra yi kɔmaa Yefta: “Adɛn enti na woansoma ammɛka ankyerɛ yɛn sɛ yɛmmɛboa mo nko ntia Amonfoɔ? Yɛrebɛhye wo ne wo fie nyinaa pasaa!”

2Yefta buaa sɛ, “Mansotwe no ahyɛaseɛ no, mefrɛɛ mo, nanso moamma. Moammɛboa yɛn wɔ yɛne Amonfoɔ apereapereɛ no mu. 3Mede me nkwa too me nsam kɔkoeɛ a monnka ho, nanso Awurade ma medii Amonfoɔ so nkonim. Na adɛn enti na afei woaba sɛ wo ne me rebɛko?”

4Efraimfoɔ ntuanofoɔ no buaa sɛ, “Gileadfoɔ nyɛ nnipa biara sɛ adwanefoɔ a wɔfiri Efraim ne Manase.” Enti Yefta frɛɛ nʼakodɔm, wɔto hyɛɛ Efraimfoɔ so, dii wɔn so nkonim.

5Yefta ko faa Yordan aworɔso. Ɛberɛ biara a odwanefoɔ bi a ɔfiri Efraim pɛ sɛ ɔfa hɔ dwane kɔ nʼakyi no, Gileadfoɔ no bisa no sɛ, “Wofiri Efraim abusua mu anaa?” Sɛ ɔbarima no bua sɛ, “Dabi” a, 6wɔka kyerɛ no sɛ, ɔnka “Sibolet.” Sɛ ɔfiri Efraim a, ɔka, “Sibolet,” Ɛfiri sɛ, nnipa a wɔfiri Efraim no ntumi nka saa asɛm no yie. Sɛ ɛba saa a, na wɔakye no akɔkum no wɔ Asubɔnten Yordan aworɔso hɔ. Enti, Efraimfoɔ ɔpeduanan mmienu na wɔkunkumm wɔn saa ɛberɛ no.

7Yefta yɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ mfeɛ nsia. Ɔwuiɛ no, wɔsiee no wɔ Gilead nkuro no baako so.

Ibsan Bɛyɛ Israel So Ɔtemmufoɔ

8Yefta akyi no, Ibsan na ɔbɛyɛɛ ɔtemmufoɔ wɔ Israel. Ɔtenaa Betlehem. 9Na ɔwɔ mmammarima aduasa ne mmammaa nso aduasa. Ɔmaa ne mmammaa no warewaree firii mmusua foforɔ mu. Ne mmammarima no deɛ, ɔfaa mmaabunu aduasa firii mmusua foforɔ mu ma wɔbɛwarewaree wɔn. Ibsan buu Israel atɛn mfeɛ nson. 10Ɔwuiɛ no, wɔsiee no wɔ Betlehem.

Elon Bɛyɛ Israel So Ɔtemmufoɔ

11Ibsan akyi no, Elon a ɔfiri Sebulon na ɔbɛyɛɛ ɔtemmufoɔ wɔ Israel. Ɔbuu Israel atɛn mfeɛ edu. 12Ɛberɛ a ɔwuiɛ no, wɔsiee no wɔ Ayalon, Sebulon asase so.

Abdon Bɛyɛ Israel So Ɔtemmufoɔ

13Elon wuo akyi no, Hilel babarima Abdon a ɔfiri Piraton na ɔbɛyɛɛ ɔtemmufoɔ wɔ Israel. 14Ɔnyaa mmammarima aduanan ne mmanananom aduasa a na wɔn mu biara tena mfunumu so. Ɔyɛɛ ɔtemmufoɔ wɔ Israel mfeɛ nwɔtwe. 15Ɔwuiɛ ma wɔsiee no wɔ Piraton wɔ Efraim asase a ɛwɔ Amalekfoɔ bepɔ asase no so.

Korean Living Bible

사사기 12:1-15

에브라임 사람과의 싸움

1그 후에 에브라임 사람들이 병력을 소집하여 12:1 또는 ‘북으로’사본으로 건너가서 입다 에게 따졌다. “네가 어째서 우리를 부르지 않고 너만 가서 암몬 사람과 싸웠느냐? 우리가 너와 네 집을 불로 태워 버리겠다.”

2그러자 입다가 이렇게 대답하였다. “나와 내 백성이 암몬 사람과의 대결에서 위기에 처했을 때 내가 너희를 불렀으나 너희는 나를 그들의 손에서 구해 주지 않았다.

3너희가 돕지 않는 것을 보고 내가 목숨을 걸고 건너가서 암몬 사람과 싸우자 여호와께서 나에게 승리를 주셨다. 그런데 어째서 너희가 오늘 와서 나와 싸우려고 하느냐?”

4그러고서 입다는 길르앗 사람들을 모아 에브라임 사람과 싸워 그들을 물리쳤다. 이들이 이처럼 싸우게 된 것은 에브라임 사람들이 길르앗 사람들에게 “너희 길르앗 사람들은 에브라임과 므낫세에서 도망한 자들이다” 하고 조롱하였기 때문이다.

5길르앗 사람들은 도주하는 에브라임 사람을 막기 위해 요단강 나루터를 장악하였다. 살아 남은 에브라임 사람이 건너가게 해 달라고 말하면 “네가 에브라임 사람이냐?” 하고 물었다. 그때 만일 그가 아니라고 대답하면,

6“좋다. 그러면 ‘쉽볼렛’ 이라고 말해 보라” 하고 그들은 요구했다. 그러나 만일 그가 ‘십볼렛’ 이라고 잘못 발음하면 그를 잡아 요단 나루터에서 죽였다. 이렇게 해서 그때 죽음을 당한 에브라임 사람은 모두 42,000명이었다.

7입다는 6년 동안 이스라엘의 사사가 되어 다스리다가 죽어 길르앗의 한 성에 장사되었다.

입산, 엘론, 압돈

8그 다음 사사는 베들레헴 사람 입산이었다.

9그에게는 아들 30명과 딸 30명이 있었다. 그는 딸들을 자기 집안 사람이 아닌 다른 집안의 남자들에게 시집보내고 또 자기 아들들을 위해서는 다른 집안에서 처녀 30명을 데려왔다. 그가 7년 동안 이스라엘의 사사가 되어 다스리다가

10죽어 베들레헴에 장사되었다.

11-12그 다음에는 스불론 사람 엘론이 10년 동안 이스라엘의 사사가 되어 다스리다가 죽어 스불론 땅에 있는 아얄론에 장사되었다.

13그 다음 사사는 비라돈 사람 힐렐의 아들 압돈이었다.

14그에게는 40명의 아들과 30명의 손자가 있었으며 그들은 70마리의 나귀를 타고 다녔다. 그는 8년 동안 이스라엘의 사사가 되어 다스리다가

15죽어 아말렉 사람의 산간 지대에 있는 에브라임의 땅 비라돈에 장사되었다.