Atemmufoɔ 11 – ASCB & NRT

Asante Twi Contemporary Bible

Atemmufoɔ 11:1-40

Yefta Bɛyɛ Israel So Ɔtemmufoɔ

1Gileadni Yefta yɛ ɔkofoɔ kɛseɛ. Nʼagya din de Gilead. Nanso ne maame yɛ ɔbaa dwamanfoɔ. 2Gilead yere woo mmammarima bebree, na saa mmammarima no nyinyiniiɛ no, wɔpamoo Yefta firii asase no so. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Worennya yɛn agya agyapadeɛ biara, ɛfiri sɛ, woyɛ ɔbaa dwamanfoɔ bi ba.” 3Enti Yefta dwane firii ne nuanom nkyɛn kɔtenaa Tob asase so. Ankyɛre, ɔnyaa atuatefoɔ bebree bɛdii nʼakyi.

4Ɛberɛ korɔ yi ara, Amonfoɔ de ɔko bɛkaa Israel. 5Ɛberɛ a Amonfoɔ to hyɛɛ Israelfoɔ so, Gilead mpanimfoɔ soma kɔfaa Yefta firii Tob asase so baeɛ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, 6“Bra na bɛyɛ yɛn so ɔsahene! Boa yɛn ma yɛne Amonfoɔ nko.”

7Yefta bisaa wɔn sɛ, “Ɛnyɛ mo na motane me, pamoo me firii mʼagya fie no? Adɛn enti na afei a mowɔ ɔhaw mu no, morebɛfrɛ me?”

8Gilead mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Yefta sɛ, “Wo ho hia yɛn. Sɛ wodi yɛn anim ma yɛko tia Amonfoɔ a, yɛbɛyɛ wo Gileadfoɔ nyinaa sodifoɔ.”

9Yefta buaa sɛ, “Sɛ me ne mo kɔ na Awurade ma medi Amonfoɔ so nkonim a, ampa ara sɛ mode me bɛyɛ nnipa no nyinaa sodifoɔ anaa?”

10Gilead ntuanofoɔ no buaa no sɛ, “Awurade ne yɛn danseni. Yɛbɛyɛ sɛdeɛ woka biara.” 11Enti, Yefta ne ntuanofoɔ no kɔɔ Gilead. Na wɔde no yɛɛ wɔn sodifoɔ ne ɔsahene. Na Yefta tii nsɛm no nyinaa mu wɔ Mispa wɔ Awurade anim.

12Afei, Yefta somaa abɔfoɔ kɔɔ Amonfoɔ ɔhene nkyɛn sɛ wɔnkɔbisa no deɛ enti a ɔrebɛto ahyɛ Israel so. 13Amonfoɔ ɔhene buaa Yefta abɔfoɔ no sɛ, “Ɛberɛ a Israel firii Misraim baeɛ no, wɔfaa mʼasase a ɛfiri Asubɔnten Arnon de kɔsi Asubɔnten Yabok, toaso kɔsi Yordan. Enti, sane fa mʼadeɛ ma me asomdwoeɛ mu.”

14Na Yefta sane somaa abɔfoɔ kɔɔ Amonfoɔ ɔhene hɔ sɛ,

15“Sɛdeɛ Yefta seɛ nie: Israel amfa Moab asase anaa Amonfoɔ asase biara. 16Ɛberɛ a Israelfoɔ tuu kwan firii Misraim, twaa Ɛpo Kɔkɔɔ na wɔduruu Kades no, 17wɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Edomhene hɔ sɛ ɔmma wɔn ɛkwan na wɔmfa nʼasase no so. Nanso Edomhene ampene. Wɔsoma ma wɔkɔɔ Moabhene hɔ, nanso ɔno nso ampene. Enti, Israelfoɔ tenaa Kades.

18“Ne korakora ne sɛ, wɔnam ɛserɛ so twa faa Edom ne Moab ho hyiaeɛ. Wɔfaa Edom apueeɛ fam hyeɛ so kyeree sraban wɔ Asubɔnten Arnon fa hɔ. Nanso, wɔantwa Asubɔnten Arnon ankɔ Moab asase so.

19“Afei, Israelfoɔ somaa abɔfoɔ kɔɔ Amorifoɔhene Sihon a ɔdii adeɛ firi Hesbon na wɔbisaa ɛkwan sɛ wɔpɛ sɛ wɔfa nʼasase so kɔ baabi a wɔrekɔ. 20Nanso, ɛsiane sɛ na ɔhene Sihon nni Israelfoɔ mu gyidie enti ɔboaboaa ne dɔm ano wɔ Yahas maa wɔto hyɛɛ wɔn so.

21“Na Awurade, Israel Onyankopɔn, maa ne nkurɔfoɔ dii ɔhene Sihon so. Enti, Israelfoɔ faa Amorifoɔ asase a na wɔte so wɔ ɔmantam no mu 22firi Asubɔnten Arnon de kɔsi Asubɔnten Yabok, firi ɛserɛ no so de kɔsi Yordan nyinaa dii so.

23“Enti, moahunu, ɛyɛ Awurade, Israel Onyankopɔn na ɔgyee asase no firii Amorifoɔ nsam na ɔde maa Israel. Enti, adɛn na ɛsɛ sɛ yɛde ma mo? 24Deɛ mo nyame Kemos de maa mo no momfa, na yɛn nso, deɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn de maa yɛn biara no yɛafa. 25Mosene Sipor babarima Balak a na ɔyɛ Moabhene no? Ɔne Israel twee asase bi so manso anaa? Ɔkɔɔ ɔko anaa? Dabi. 26Na afei, mfeɛ ahasa akyi, na woama saa asɛm yi so? Israel atena ha saa ɛberɛ tenten yi, wɔatrɛ afiri Hesbon asase so, akɔsi Aroer ne nkuro no nyinaa so, akɔfa Asubɔnten Arnon ano. Adɛn enti na dadaada yi moanyɛ mo adwene sɛ mobɛgye asase yi? 27Menyɛɛ mo bɔne. Mmom, mo na moayɛ me bɔne sɛ moto hyɛɛ me so. Momma Awurade a ɔyɛ ɔtemmufoɔ no mmua ɛnnɛ, sɛ yɛn mu hwan na nʼasɛm yɛ dɛ? Israel anaa Amon.”

28Nanso, Amonhene amfa Yefta asɛm no asɛmhia.

Yefta Ntam

29Saa ɛberɛ no, Awurade Honhom baa Yefta so ma ɔkɔɔ Gilead ne Manase nsase nyinaa so a, Mispa a ɛwɔ Gilead ka ho. Na ɔdii akodɔm anim to hyɛɛ Amonfoɔ so. 30Na Yefta hyɛɛ Awurade bɔ. Ɔkaa sɛ, “Sɛ woma medi Amonfoɔ so a, 31mede adeɛ a ɛbɛdi ɛkan afiri me fie abɛhyia me ɛberɛ a mede nkonimdie reba no, bɛma Awurade. Mede bɛma no sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ.”

32Ɛnna Yefta dii nʼakodɔm anim tiaa Amonfoɔ, na Awurade ma ɔdii nkonim. 33Ɔdii Amonfoɔ so pasaa, sɛee nkuro bɛyɛ aduonu, firii Aroer de kɔsii baabi a ɛbɛn Minit, kɔeɛ ara kɔsii Abel-Keramim. Saa ɛkwan yi na Israelfoɔ faa so kaa Amonfoɔ hyɛeɛ.

34Ɛberɛ a Yefta firi akono kɔɔ ne fie wɔ Mispa no, ne babaa, a ɔyɛ ne ba korɔ no, tuu mmirika bɛhyiaa no a ɔrebɔ akasaeɛ, na anigyeɛ enti, ɔresa. 35Yefta hunuu no no, ɔde awerɛhoɔ sunsuanee ne ntadeɛ mu, teaam sɛ, “Ao, me ba, mʼakoma rete! Ɛdeɛn ahometesɛm sɛ woaba, rebɛhyia me. Na maka Awurade ntam na merentumi mmu so.”

36Ne babaa no buaa sɛ, “Mʼagya, woahyɛ Awurade bɔ. Yɛ me sɛdeɛ woahyɛ bɔ no, ɛfiri sɛ Awurade ama woadi wʼatamfoɔ a wɔyɛ Amonfoɔ no so nkonim. 37Nanso, deɛ ɛdi ɛkan no, ma memforo mmepɔ nkɔkyinkyini so na me ne me nnamfonom nsu abosome mmienu, ɛfiri sɛ, mɛwu sɛ ababaawa a menhunuu ɔbarima da.”

38Yefta ka kyerɛɛ no sɛ, “Wotumi kɔ.” Enti, ɔmaa no kɔ kɔdii abosome mmienu. Ɔne ne nnamfonom kɔɔ mmepɔ no so kɔsuiɛ, ɛfiri sɛ, ɔrennya mma. 39Ɛberɛ a ɔsane baa fie no, nʼagya dii ne bɔhyɛ so. Enti ɔwuu sɛ ababaawa a ɔnhunuu ɔbarima da.

Yei abɛyɛ amanneɛ wɔ Israel 40ama Israel mmaabunu sɛ afe biara wɔbɛkɔ baabi akɔdi nna ɛnan na wɔakɔsu Yefta babaa no nkrabea.

New Russian Translation

Судей 11:1-40

Иеффай покоряет аммонитян

1Галаадитянин Иеффай был могучим воином. Его отцом был Галаад, а матерью – блудница. 2Жена Галаада тоже родила ему сыновей, и когда они выросли, они выгнали Иеффая.

– Ты не будешь наследовать в нашей семье ничего, – сказали они ему, – потому что ты сын другой женщины.

3Иеффай убежал от своих братьев и поселился в земле Тов, где вокруг него собрались изгои, которые вместе с ним совершали набеги.

4Некоторое время спустя, когда аммонитяне пошли войной на Израиль, 5старейшины Галаада пошли, чтобы привести Иеффая из земли Тов.

6– Приходи, – сказали они, – и будь нашим воеводой, чтобы нам воевать с аммонитянами.

7Иеффай сказал им:

– Разве не вы возненавидели и выгнали меня из дома моего отца? Зачем же вы приходите ко мне сейчас, когда вы в беде?

8Старейшины Галаада сказали ему:

– И все же мы обращаемся сейчас к тебе; пойдем с нами, чтобы воевать с аммонитянами, и ты будешь главой всех жителей Галаада.

9Иеффай ответил:

– Допустим, вы вернете меня, чтобы воевать с аммонитянами, и Господь отдаст их мне, – стану ли я и вправду вашим главой?

10Старейшины Галаада ответили:

– Господь свидетель между нами! Мы непременно сделаем, как ты говоришь.

11Иеффай пошел со старейшинами Галаада, и народ поставил его над собой вождем и воеводой. Иеффай повторил все свои слова перед Господом в Мицпе.

12Затем он отправил послов к царю аммонитян с вопросом:

– Что ты имеешь против меня, что напал на мою страну?

13Царь аммонитян ответил послам Иеффая:

– Когда Израиль шел из Египта, он захватил мою землю от реки Арнона до реки Яббока и до Иордана. Итак, верни ее добровольно.

14Иеффай еще раз отправил послов к царю аммонитян 15сказать ему:

– Вот что говорит Иеффай: Израиль не захватывал ни земель Моава, ни земель аммонитян. 16Когда они шли из Египта, Израиль прошел через пустыню до Красного моря и пришел к городу Кадеш. 17Израиль отправил послов к царю Эдома, говоря: «Позволь мне пройти через твою страну», но царь Эдома не стал слушать. Он посылал и к царю Моава, но и тот отказал. И Израиль оставался в Кадеше.

18Затем он странствовал по пустыне, обошел земли Эдома и Моава, пришел к восточной стороне земель Моава и поставил лагерь на другой стороне Арнона. Он не вошел в землю Моава – Арнон и был границей моавитян.

19Израиль отправил послов к Сигону, царю аморреев, который правил в Хешбоне, и сказал ему: «Позволь нам пройти через твою страну к себе». 20Но Сигон не доверял Израилю и не дал пройти через свою землю. Он собрал всех своих воинов, разбил лагерь в Иахаце и напал на Израиль.

21Тогда Господь, Бог Израиля, отдал Сигона и всех его воинов в руки израильтян, и они разбили их. Израиль овладел землей аморреев, которые жили в той стране, 22захватив ее целиком, от Арнона до Яббока и от пустыни до Иордана11:16-22 См. Чис. 20:14-21; 21:21-32..

23Итак, раз Господь, Бог Израиля, прогнал аморреев от Своего народа, Израиля, какое у тебя право владеть ею? 24Разве тебе не довольно владеть тем, что дал тебе твой бог Кемош?11:24 Кемош – божество из пантеона моавитян и аммонитян, в жертвы которому приносились люди. А мы будем владеть всем, что дал нам Господь, наш Бог. 25Чем ты лучше Валака, сына Циппора, царя Моава? Разве он когда-нибудь ссорился с Израилем или воевал с ним? 26Израиль жил в Хешбоне, Ароере, прилегающих к ним поселениях и во всех городах по Арнону триста лет. Что же ты не захватил их за это время? 27Я не провинился перед тобой, а ты причиняешь мне зло, идя на меня войной. Господь – судья. Пусть Он решит сегодня тяжбу между израильтянами и аммонитянами.

28Но царь аммонитян не послушал слов Иеффая.

29И Дух Господа сошел на Иеффая. Иеффай прошел через Галаад и Манассию, через Мицпу, что в Галааде, и оттуда двинулся на аммонитян. 30Иеффай поклялся перед Господом:

– Если Ты отдашь аммонитян в мои руки, 31то все, что выйдет из дверей моего дома мне навстречу, когда я вернусь с победой, будет принадлежать Господу, и я принесу это в жертву всесожжения.

32Иеффай переправился, чтобы сразиться с аммонитянами, и Господь отдал их в его руки. 33Он опустошил двадцать городов от Ароера до предместий Миннита и до самого Авел-Керамима. Так Израиль покорил аммонитян.

34Когда Иеффай вернулся к себе домой в Мицпу, то кому же и было выйти ему навстречу, как не его дочери, танцующей под звуки бубнов! Она была его единственным ребенком. Кроме нее, у него не было больше ни сына, ни дочери. 35Увидев ее, он разорвал на себе одежду и закричал:

– О! Моя дочь! Ты сразила меня! Ты стала причиной моего несчастья, ведь я дал Господу клятву, которую не могу нарушить.

36– Мой отец, – ответила она, – ты дал Господу слово. Сделай со мной то, что ты обещал, ведь Господь дал тебе отомстить твоим врагам, аммонитянам. 37Но исполни одну мою просьбу, – сказала она. – Дай мне два месяца срока, чтобы мне пойти и погулять в горах, поплакать с моими подругами о том, что мне уже никогда не суждено выйти замуж.

38– Иди, – сказал он и отпустил ее на два месяца.

Она вместе с девушками пошла в горы и плакала о том, что ей уже никогда не суждено выйти замуж. 39Когда же два месяца прошли, она вернулась к своему отцу, и он сделал с ней то, о чем поклялся. А она была девственницей.

Отсюда и происходит израильский обычай, 40что каждый год молодые женщины Израиля выходят на четыре дня оплакивать дочь галаадитянина Иеффая.