Asomafoɔ 9 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Asomafoɔ 9:1-43

Saulo Adwensakra

1Saa ɛberɛ no na Saulo ani abere sɛ ɔbɛtɔre Kristo akyidifoɔ no ase. 2Ɔkɔɔ Ɔsɔfopanin no nkyɛn kɔgyee adansedie krataa a ɛbɛma no tumi ama wakɔ hyiadan mu wɔ Damasko akɔkyekyere nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho, sɛ wɔyɛ mmaa anaa mmarima, na ɔde wɔn akɔ Yerusalem. 3Ɔreyɛ abɛn Damasko no, prɛko pɛ, hann bi firi ɔsoro twa faa ne ho, 4maa ɔtwa hwee fam. Afei, ɔtee nne bi sɛ, “Saulo! Adɛn enti na wotaa me?”

5Saulo bisaa sɛ, “Ɛyɛ wo hwan, Owura?”

Nne no buaa sɛ, “Ɛyɛ me Yesu a wotaa me no.” 6Nne no kaa sɛ, “Sɔre na kɔ kuro no mu na wɔbɛkyerɛ wo deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ.”

7Nnipa a wɔne Saulo nam no gyinaeɛ a wɔantumi anka hwee; wɔtee nne no, nanso wɔanhunu obiara. 8Afei, Saulo sɔre firii fam hɔ buee nʼani, nanso na ɔnhunu adeɛ. Enti, wɔkurakura no nkakrankakra de no kɔɔ Damasko. 9Nnansa a ɔdii wɔ Damasko no na ɔnhunu hwee. Na ɔnnidi na ɔnnom nso.

10Na osuani bi wɔ Damasko a wɔfrɛ no Anania. Awurade frɛɛ no anisoadehunu mu sɛ, “Anania!”

Ɔgyee so sɛ, “Awurade!”

11Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ Yuda efie a ɛwɔ Tempɔn Tee no so na kɔbisa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Saulo a ɔfiri Tarso no ase; ɔrebɔ mpaeɛ. 12Anisoadehunu mu, ɔhunuu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania a ɔde ne nsa too ne so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛsane ahunu adeɛ.”

13Anania buaa sɛ, “Awurade, mate saa ɔbarima yi ho nsɛm bebree, ne ha a ɔha wʼakyidifoɔ wɔ Yerusalem no. 14Wakɔ asɔfoɔ mpanin nkyɛn akɔgye adansedie krataa a ɛbɛma no tumi na ɔde akyere obiara a ɔbɔ wo din wɔ ha no.”

15Awurade ka kyerɛɛ Anania sɛ, “Kɔ! Ɛfiri sɛ, ɔno na mayi no a menam ne so bɛma amanamanmufoɔ ne ahemfo ne Israelfoɔ nyinaa ate me din. 16Na mɛkyerɛ no amaneɛ a ɛsiane me din enti ɔbɛhunu.”

17Afei, Anania kɔɔ efie hɔ de ne nsa guu Saulo so kaa sɛ, “Onua Saulo, Awurade Yesu no ankasa a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wo ɛkwan so ɛberɛ a woreba no asoma me sɛ, memmɛbue wʼani na hunu adeɛ, na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma.” 18Amonom hɔ ara, biribi a ɛte sɛ abon firii nʼani so na ɔhunuu adeɛ. Ɔsɔre maa wɔbɔɔ no asu. 19Ɔnyaa aduane bi di meeɛ no, ne ho sanee no. Saulo dii nna kakra wɔ asuafoɔ a na wɔwɔ Damasko no nkyɛn.

Saulo Ka Asɛmpa No Wɔ Damasko

20Ɔhyɛɛ aseɛ kaa asɛmpa no wɔ hyiadan mu sɛ, Yesu yɛ Onyankopɔn Ba ampa. 21Nnipa a wɔtee asɛm a ɔkaeɛ no nyinaa ho dwirii wɔn maa wɔbisaa sɛ, “Ɛnyɛ saa ɔbarima yi na na ɔkum wɔn a wɔbɔ saa din yi wɔ Yerusalem no anaa? Na yɛate sɛ ɔbaa ha sɛ ɔrebɛkyere wɔn a wɔbɔ saa din yi nyinaa de wɔn akɔma asɔfoɔ mpanin.” 22Saulo asɛnka no mu yɛɛ den; nnipa no gyee nsɛm a ɔka faa Yesu ho sɛ ɔno ne Agyenkwa no diiɛ. Yudafoɔ a wɔte Damasko no antumi anka nsɛm a ɔkaeɛ no ho hwee.

23Nna bi akyi no, Yudafoɔ no bɔɔ Saulo ho pɔ sɛ wɔbɛkum no, 24nanso Saulo tee pɔ a wɔbɔɔ wɔ ne ho no. Na wɔtetɛ no wɔ kuro no apono ano awia ne anadwo apɛ no akum no. 25Anadwo bi Saulo akyidifoɔ de no sii kɛntɛn bi mu, twetwee no faa ɔfasuo so gyaa no sii fam.

Saulo Kɔ Yerusalem

26Saulo kɔɔ Yerusalem no, ɔpɛɛ sɛ ɔde ne ho kɔbɔ asuafoɔ no ho nanso wɔsuroo no, ɛfiri sɛ, na wɔnnye nni sɛ wasakyera abɛyɛ osuani. 27Barnaba kɔfaa no kɔɔ asuafoɔ no nkyɛn. Ɔkaa wɔn sɛdeɛ Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Saulo na ɔkasa kyerɛɛ no wɔ Damasko ɛkwan so no ne sɛdeɛ ɔde akokoɔduru kaa Yesu ho asɛm wɔ Damasko no. 28Saulo ne wɔn tenaeɛ na ɔde akokoɔduru kaa Awurade asɛm no wɔ Yerusalem nyinaa. 29Saulo ne Helenifoɔ nyaa akasakasa enti wɔbɔɔ pɔ sɛ wɔbɛkum no. 30Ɛberɛ a agyidifoɔ no tee pɔ a Helenifoɔ no bɔɔ wɔ Saulo ho no, wɔde no kɔɔ Kaesarea gyaa no ɛkwan ma ɔkɔɔ Tarso.

31Afei, asafo a wɔwɔ Yudea, Samaria ne Galilea no nyinaa asom dwoo wɔn. Asafo no nam Honhom Kronkron so timiiɛ. Nnipa pii bɛkaa wɔn ho na wɔtenaa ase wɔ Awurade suro mu.

Petro Sa Nyarewa

32Petro tutuu akwan kɔɔ mmeammea. Ɛda bi, ɔkɔsraa agyidifoɔ a wɔwɔ Lida no, 33ɔhyiaa ɔbarima bi a ne din de Enea a wabubu agu kɛtɛ so mfeɛ nnwɔtwe wɔ hɔ. 34Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Enea, Awurade Yesu Kristo nsa wo yadeɛ. Sɔre na yi wo kɛtɛ!” Amonom hɔ ara, Enea sɔree. 35Nnipa a wɔte Lida ne Saron no nyinaa hunuu no no, wɔde wɔn ho maa Awurade.

36Na ɔbaa ogyedini bi te Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛaseɛ ne Dorka a aseɛ ne ɔwansane. Saa ɔbaa yi de nʼadagyeɛ nyinaa yɛɛ papa, boaa ahiafoɔ. 37Saa ɛberɛ korɔ yi ara mu na yadeɛ bɔɔ no maa ɔwuiɛ. Wɔdwaree no9.37 Amanneɛ bi a na Yudafoɔ ne Helafoɔ nyinaa di so ne sɛ wɔdware funu ansa na wɔsie no. de no kɔtoo abansoro dan9.37 Sɛ wɔantumi ansie owufoɔ ntɛm a, amanneɛ ne sɛ wɔdeda no abansoro. Yerusalem de, da a obi bɛwu no ara na wɔsie no. Sɛ ɛnyɛ Yerusalem a, wɔtumi sie owufoɔ no ne nnansa so. bi mu. 38Esiane sɛ Lida bɛn Yopa no enti, asuafoɔ a wɔwɔ Yopa no tee sɛ Petro wɔ Lida no, wɔsomaa mmarima baanu kɔsrɛɛ no sɛ ɔnyɛ ntɛm mmra.

39Petro yɛɛ ntɛm ne wɔn kɔeɛ. Ɔduruu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu. Akunafoɔ a na wɔwɔ hɔ no nyinaa bɛgyinagyinaa Petro ho suiɛ de ntadeɛ ne ntoma a Tabita te ase no ɔpam maa wɔn no kyerɛɛ no.

40Petro maa wɔn nyinaa firii adi. Afei, ɔbuu nkotodwe, bɔɔ mpaeɛ danee nʼani kyerɛɛ amu no kaa sɛ, “Tabita, sɔre!” Tabita tee nʼani na ɔhunuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase. 41Petro sɔɔ ne nsa ma ɔsɔre gyinaa hɔ. Afei, Petro frɛɛ agyidifoɔ no ne akunafoɔ no nyinaa de no maa wɔn. 42Saa asɛm yi trɛɛ wɔ Yopa nyinaa maa nnipa pii gyee Awurade diiɛ. 43Petro tenaa Simon a ɔhyɛ mmoa nwoma aduro no nkyɛn wɔ Yopa kyɛree kakra.