Asomafoɔ 6 – ASCB & CRO

Asante Twi Contemporary Bible

Asomafoɔ 6:1-15

Wɔyi Asafo No Mu Asomfoɔ

1Ɛberɛ bi akyi a na asuafoɔ no redɔɔso no, akasakasa sii Hebrifoɔ a wɔka Arameike ne Hebrifoɔ a wɔka Griik kasa no ntam. Na Hebrifoɔ a wɔka Griik no no asɛm ne sɛ, Hebrifoɔ a wɔka Arameike no nhwɛ wɔn akunafoɔ yie. 2Enti, asomafoɔ dumienu no frɛɛ asuafoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnsɛ sɛ yɛgyae Onyankopɔn asɛnka kɔkyɛ aduane. 3Enti, anuanom, monyi mo mu nnipa baason a Honhom Kronkron ahyɛ wɔn ma na wɔnim nyansa na wɔahwɛ aka saa asɛm no. 4Yɛn ankasa de, yɛde yɛn adagyeɛ nyinaa bɛbɔ mpaeɛ aka Asɛmpa no.”

5Nnipa no nyinaa penee adwene a asomafoɔ no de baeɛ no so. Enti, wɔyii Stefano a na gyidie ne Honhom Kronkron ahyɛ no ma no, ne Filipo, Prokoro, Nikanor, Timon, Pamina ne Nikolao a ɔfiri Antiokia a na ɔwɔ Yudasom no mu. 6Wɔde saa nnipa yi kyerɛɛ asuafoɔ no maa wɔbɔɔ mpaeɛ de wɔn nsa guu wɔn so.

7Nnipa pii gyee asɛm no diiɛ maa wɔn mu dodoɔ no ara bɛkaa wɔn ho. Yudafoɔ no mu pii nso gyee wɔn nkyerɛkyerɛ no diiɛ.

Wɔkyere Stefano

8Stefano a Onyankopɔn adom ne tumi ahyɛ no ma no yɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bebree wɔ asafo no mu. 9Nanso, da koro bi nnipa bi a wɔfiri Yudafoɔ hyiadan bi a wɔfrɛ no “Ahofadifoɔ Hyiadan” no mu a wɔyɛ Yudafoɔ a wɔfiri Kirene ne Aleksandria ne wɔn a wɔfiri Kilikia ne Asia no ne Stefano gyee akyinnyeɛ. 10Nanso, Honhom no maa Stefano nyansa maa ɔde kasaeɛ a obiara antumi anka hwee.

11Ɛno enti wɔka hyɛɛ nkurɔfoɔ bi ano sɛ, “Yɛtee sɛ ɔreka abususɛm atia Mose ne Onyankopɔn.”

12Wɔnam saa ɛkwan yi so maa nnipa no ne mpanin no ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no sɔre tiaa Stefano. Wɔbɛkyeree Stefano de no kɔɔ badwafoɔ anim. 13Afei, wɔde nnipa ba bɛdii adansekurumu tiaa Stefano sɛ, “Daa, saa onipa yi ka abususɛm tia yɛn asɔredan kronkron no ne Mose Mmara no. 14Yɛtee mpo sɛ ɔreka sɛ, saa Yesu Nasareni no bɛdwiri yɛn asɔredan no agu na wasesa yɛn amanneɛ a Mose de maa yɛn no!”

15Nnipa a na wɔte badwa mu hɔ no nyinaa hwɛɛ Stefano anim, na wɔhunuiɛ sɛ nʼanim ayɛ te sɛ ɔsoro ɔbɔfoɔ anim.

Knijga O Kristu

Djela Apostolska 6:1-15

Apostoli biraju sedmoricu

1Ali kako je broj vjernika6:1 U grčkome: učenika. Isto i u 6:2, 7. naglo rastao, neki se počnu žaliti. Židovi koji su govorili grčki prigovarali su Židovima koji su govorili hebrejski da zanemaruju njihove udovice u svagdanjem dijeljenju pomoći. 2Dvanaestorica zato sazovu vjernike.

“Mi apostoli ne bismo trebali služiti pri stolovima umjesto da propovijedamo i poučavamo Riječ. 3Pronađite, braćo, među sobom sedam ljudi na dobrome glasu, punih Svetoga Duha i mudrosti. Njih ćemo za to zadužiti, 4a mi ćemo se posvetiti molitvi te propovijedanju i poučavanju Riječi.”

5Prijedlog se svima svidio. Izaberu Stjepana, čovjeka punog vjere i Svetoga Duha, te Filipa, Prohora, Nikanora, Timona, Parmenu i Nikolu koji je došao iz Antiohije. On se kao poganin obratio na židovsku vjeru, a sada je postao kršćaninom. 6Postave njih sedmoricu pred apostole, a oni polože na njih ruke i pomole se.

7Božja riječ sve se više širila. Broj vjernika u Jeruzalemu naglo je rastao, a i mnogi su židovski svećenici prihvaćali vjeru.

Stjepanovo uhićenje

8Stjepan je bio pun Božje milosti i sile. Činio je među narodom silna čudesa i znamenje. 9Ali pobune se neki iz takozvane sinagoge Slobodnjaka, Židovi iz Cirene, Aleksandrije, Cilicije i Male Azije, pa počnu s njime raspravljati. 10Nitko od njih nije se mogao nositi s mudrošću i Duhom kojim je Stjepan govorio.

11Nagovore zato neke ljude da za njega kažu: “Čuli smo ga da govori pogrdne riječi protiv Mojsija i protiv Boga.” 12Podjarili su i narod i starješine i pismoznance. Oni dođu po njega, ščepaju ga i odvuku u Vijeće. 13Dovedu onamo krivokletnike koji izjave: “Ovaj čovjek uvijek govori protiv Hrama i protiv Mojsijeva zakona. 14Čuli smo da kaže kako će taj Isus iz Nazareta uništiti Hram i promijeniti običaje koje nam je Mojsije predao.” 15Svi koji su sjedili u Vijeću pogledaju u Stjepana i opaze da mu je lice poput anđeoskog.