Asomafoɔ 26 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Asomafoɔ 26:1-32

Paulo Yi Ne Ho Ano

1Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ, “Afei, mema wo ho ɛkwan sɛ woyi wo ho ano.”

Paulo maa ne nsa so kasaa sɛ, 2“Ɔhene Agripa! Ɛyɛ me anigye sɛ ɛnnɛ manya mu kwan gyina wʼanim ha reyi me ho ano wɔ asɛm a Yudafoɔ aka atia me no ho. 3Deɛ ɛma meka saa ne sɛ, wonim Yudafoɔ mmara ne wɔn amanneɛ nyinaa fekɔɔ. Enti, mesrɛ wo, to wo bo ase tie me.

4“Yudafoɔ no nim mʼasetena mu nsɛm nyinaa firi me mmɔfraase. Wɔnim mʼasetena mu nsɛm wɔ me kurom ne Yerusalem nso. 5Sɛ wɔbɛka nokorɛ a, wɔnim sɛ meyɛ Farisini a medi Yudafoɔ mmara ne wɔn som so pɛpɛɛpɛ. 6Na afei ɛyɛ bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ yɛn nananom no enti na megyina ha ɛnnɛ na wɔrebu me atɛn yi. 7Saa bɔhyɛ yi na yɛn mmusuakuo dumienu hwɛ ɛkwan sɛ ɛbɛba mu no enti na wɔsom Onyankopɔn awia ne anadwo no. Ɔhene, saa anidasoɔ yi enti na Yudafoɔ asɔre atia me yi. 8Adɛn enti na mo Yudafoɔ nnye nni sɛ Onyankopɔn nyane awufoɔ?

9“Mmerɛ bi a atwam no, na mʼadwene nyinaa ne sɛ mɛyɛ biribiara a mɛtumi de atia Yesu a ɔfiri Nasaret no din. 10Saa ara na meyɛɛ wɔ Yerusalem. Megyee tumi nwoma firii asɔfoɔ mpanin nkyɛn gyinaa so kyekyeree Onyankopɔn akyidifoɔ guu afiase; na sɛ wɔbu wɔn kumfɔ a, medi mu akotene. 11Memaa wɔtwee wɔn aso mmerɛ pii wɔ hyiadan mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛpa wɔn gyidie. Mʼani beree wɔn so yie maa metaa wɔn kɔduruu aman afoforɔ so.”

Paulo Ka Nʼadwensakra Ho Asɛm

12“Saa ɔtaa yi enti na mekɔgyee tumi nwoma firii asɔfoɔ mpanin nkyɛn sɛ mede rekɔ Damasko no. 13Daasebrɛ, da bi owigyinaeɛ a merekɔ Damasko no, hann bi a ɛkyɛn owia hyerɛn firii ɔsoro bɛtwaa me ne wɔn a yɛnam no ho hyiaeɛ. 14Yɛn nyinaa twitwa hwehwee fam na metee nne bi wɔ Arameike kasa mu sɛ, ‘Saulo! Saulo! Adɛn enti na wotaa me? Deɛ woyɛ yi nyinaa wode reha wo ho sɛdeɛ nantwie tu ne nan wɔ ɔkafoɔ poma ano.’

15“Mebisaa sɛ, ‘Ɛyɛ wo hwan, Awurade?’

“Awurade buaa sɛ, ‘Ɛyɛ me Yesu a wotaa me no. 16Sɔre gyina hɔ. Ɛnnɛ mayi me ho adi akyerɛ wo; mɛma woayɛ me ɔsomfoɔ na woadi adanseɛ wɔ deɛ woahunu afa me ho yi ne deɛ mɛkyerɛ wo nyinaa ho. 17Mɛgye wo mafiri Israelfoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔresoma wo akɔ wɔn nkyɛn no nsam. 18Wobɛbue wɔn ani na woatwe wɔn afiri sum mu aba hann mu, na woayi wɔn afiri ɔbonsam tumi ase aba Onyankopɔn nkyɛn. Na wɔnam wɔn gyidie a wɔwɔ wɔ me mu no so anya bɔne fakyɛ na wɔayɛ Onyankopɔn mma.’

19“Ɛno enti, Ɔhene Agripa, meyɛɛ ɔsetie maa nne a ɛfiri ɔsoro no. 20Mefirii aseɛ kaa asɛmpa no wɔ Damasko ne Yerusalem ne Yudeafoɔ aman nyinaa so ne amanamanmufoɔ mu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔnu wɔn ho na wɔde wɔn ho ma Onyankopɔn, na wɔn nneyɛeɛ akyerɛ sɛ wɔasakyera. 21Saa asɛm yi ara enti na mewɔ asɔredan mu resom no, Yudafoɔ no bɛkyeree me sɛ wɔrekɔku me. 22Nanso, ɛbɛsi ɛnnɛ, Onyankopɔn abɔ me ho ban enti na megyina ha redi adanseɛ akyerɛ obiara yi. Asɛm korɔ a Mose ne adiyifoɔ no kaa sɛ, 23Ɛsɛ sɛ Agyenkwa no hunu amane na wadi awufoɔ sɔreɛ mu ɛkan, na wɔaka hann ho asɛm akyerɛ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ.”

Festo Bu Paulo Ɔbɔdamfoɔ

24Paulo gu so rekasa no, Festo tiaa no kaa sɛ, “Paulo, woabɔ dam. Wo nwomanim bebrebe no abɔ wo dam.”

25Nanso, Paulo buaa sɛ, “Daasebrɛ, memmɔɔ dam. Nsɛm a mereka no yɛ nokorɛ a aba wɔ mu. 26Ɔhene Agripa, ɛsiane sɛ wonim saa nsɛm yi nyinaa enti, mɛtumi magyina wʼanim mede akokoɔduru makasa. Megye di sɛ biribiara a ɛsiiɛ no wonim, ɛfiri sɛ, emu biara nni hɔ a ɛyɛ kokoamsɛm. 27Ɔhene Agripa, wogye adiyifoɔ no di anaa? Menim sɛ wogye wɔn di.”

28Agripa bisaa Paulo sɛ, “Wogye di sɛ wobɛtumi adane mʼadwene ama mayɛ Kristoni saa ɛberɛ tiawa yi mu anaa?”

29Paulo buaa sɛ, “Sɛ nsɛm a mereka no ho hia anaa ɛho nhia no, me mpaeɛbɔ ara ne sɛ, Onyankopɔn bɛma wo ne wɔn a wɔretie me ɛnnɛ yi nyinaa bɛsakyera abɛyɛ sɛ me, agye nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu me yi nko ara.”

30Afei, ɔhene no ne Amrado ne Berenike ne wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa sɔreeɛ. 31Wɔrekɔ no, wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Saa onipa yi nyɛɛ biribiara a ɛsɛ sɛ wɔgyina so bu no kumfɔ anaasɛ wɔde no to afiase.”

32Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ, “Sɛ onipa yi nnwane ntoaa Kaesare a anka yɛbɛtumi agyaa no.”