Asomafoɔ 20 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Asomafoɔ 20:1-38

Paulo Firii Efeso

1Basabasayɛ yi akyi no, Paulo frɛɛ asuafoɔ no kaa nsɛm de hyɛɛ wɔn nkuran, kraa wɔn firii hɔ kɔɔ Makedonia. 2Ɔkyinkyini faa amantam no mu, tuu asuafoɔ no fo de hyɛɛ wɔn nkuran. Afei, ɔbɛduruu Hela. Ɔdii hɔ abosome mmiɛnsa. 3Ɛberɛ a ɔresiesie ne ho akɔ Siria no, ɔtee sɛ Yudafoɔ no abɔ ne ho pɔ; enti ɔsane nʼakyi kɔfaa Makedonia kɔeɛ. 4Piro a ɔfiri Beroia no ba Sopater ne Paulo na ɛkɔeɛ. Wɔn a wɔka ne ho kɔeɛ no nso bi ne Aristarko ne Sekundo a wɔfiri Tesalonika ne Gaio a ɔfiri Derbe ne Timoteo ne Tihiko ne Trofimo a wɔfiri Asiaman mu no. 5Saa nnipa yi dii ɛkan kɔtwɛnee yɛn wɔ Troa. 6Yɛdii Apiti Afahyɛ no wieeɛ no, yɛfirii Filipi, na nnanum akyi no, yɛkɔtoo wɔn wɔ Troa, dii nnawɔtwe wɔ hɔ.

Paulo Nyane Eutiko

7Nnawɔtwe no mu da a ɛdi ɛkan no, yɛhyiaam sɛ anuanom didiiɛ. Esiane sɛ na adeɛ kye a Paulo bɛfiri kuro no mu no enti, ɔkasa kyerɛɛ anuanom no kɔsii ɔdasuom. 8Na nkanea pii wɔ abansoro dan a yɛahyia wɔ hɔ no mu. 9Ɛberɛ a Paulo rekasa no, na aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Eutiko te mfɛnsere ano retɔ nko. Ɔdaa hatee maa ɔfiri abansoro dan a ɛtɔ so mmiɛnsa no so bɛhwee fam. Wɔmaa ne so no, na wawu. 10Paulo siane baa fam, kɔbutuu ne so, maa ne so kaa sɛ, “Monnsuro, ɛfiri sɛ, ɔnwuiɛ!” 11Afei, ɔsane foro kɔɔ abansoro no so kɔbubuu burodo ne asuafoɔ no diiɛ. Paulo toaa ne kasa no so kɔsii adekyeɛ ansa na ɔregya wɔn hɔ. 12Anuanom no de anigyeɛ de aberanteɛ a wɔnyanee no no kɔɔ efie.

Paulo Kɔ Mileto

13Yɛde ɛhyɛn dii ɛkan kɔɔ Aso sɛ yɛrekɔfa Paulo wɔ hɔ, ɛfiri sɛ, na waka akyerɛ yɛn sɛ ɔrefa fam akɔ hɔ. 14Ɔbɛkaa yɛn ho wɔ Aso na yɛne no toaa so kɔɔ Mitilene. 15Adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔduruu Kio. Ne nnanu so no, yɛbɛduruu Samo; na nʼadekyeeɛ no, yɛbɛduruu Mileto. 16Esiane sɛ na Paulo ho pere no sɛ, sɛ ɛbɛtumi a ɔbɛduru Yerusalem akɔdi Pentekoste Afahyɛ no wɔ hɔ no enti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrennyina Efeso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrenkyɛ wɔ Asia.

17Paulo soma firii Mileto kɔɔ Efeso kɔka kyerɛɛ asafo mpanimfoɔ no sɛ wɔnhyia no. 18Wɔbaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛfiri da a ɛdi ɛkan a mebaa Asia no, monim ɛkwan a mefaa so ne mo tenaeɛ. 19Ɛwom sɛ ɛnam Yudafoɔ no pɔbɔ so maa mehunuu amane bebree de, nanso mede ahobrɛaseɛ ne nisuo yɛɛ mʼadwuma sɛ Awurade ɔsomfoɔ. 20Monim sɛ ɛberɛ a na merekyerɛkyerɛ mo wɔ dwam ne afie mu no, mamfa biribiara a ɛho bɛba mo mfasoɔ no anhinta mo. 21Mebɔɔ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ no kɔkɔ sɛ wɔntwe wɔn ho mfiri wɔn bɔne ho, mfa wɔn ho mma Onyankopɔn, na wɔnnye Yesu Kristo nni.

22“Afei, ɛsiane sɛ Honhom Kronkron ahyɛ me no enti, merekɔ Yerusalem a mennim asɛm a ɛbɛto me wɔ hɔ. 23Deɛ menim ara ne sɛ kuropɔn biara a mɛkɔ so no, Honhom Kronkron bɔ me kɔkɔ sɛ wɔde me bɛto afiase na mahunu amane. 24Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtumi maduru botaeɛ a ɛsi mʼanim no ho na mawie dwuma a Awurade Yesu de maa me sɛ menka Onyankopɔn dom ho asɛmpa no enti, mammu me kra sɛ adeɛ a ɛsom bo.

25“Menim sɛ mo a maka Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm akyerɛ mo no mu biara renhunu me bio. 26Ɛno enti, ɛnnɛ, mereka makyerɛ mo sɛ, sɛ ɛba sɛ mo mu bi yera a, na ɛmfiri me. 27Ɛfiri sɛ, mamfa Onyankopɔn asɛm no mu biribiara anhinta mo. 28Monhwɛ mo ho so ne nnwankuo a Honhom Kronkron de wɔn ahyɛ mo nsa sɛ ahwɛfoɔ no yie. Monhwɛ wɔn yie, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de ne Ba no mogya na agye wɔn. 29Menim sɛ me kɔ akyi no, atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ a wɔn ho yɛ hu sɛ mpataku bɛwura mo mu abɛsɛe mo. 30Ɛberɛ bi bɛba a, mo mu binom bɛsɔre, nam atorɔ so atwe asuafoɔ no mu bi adi wɔn akyi. 31Ɛno enti, monna mo ho so! Monkae sɛ, mfirinhyia mmiɛnsa a medii wɔ mo nkyɛn no, menam amanehunu ne yea mu tuu mo fo awia ne anadwo.

32“Afei, mede mo hyɛ Onyankopɔn ne ne dom nsɛm a ɛtumi hyɛ mo gyidie den na ɛma monya nʼagyapadeɛ a wasiesie ama ahotefoɔ no nsa. 33Mʼani ammere obi dwetɛ anaa sika anaa ntoma. 34Mo ara modi adanseɛ sɛ, me nsa ano adwuma so na menam mehwɛɛ me ho ne wɔn a wɔka me ho no. 35Mede mʼabrabɔ ayɛ nhwɛsoɔ akyerɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma de boa ahiafoɔ na yɛkae sɛ, Awurade Yesu ankasa kaa sɛ, ‘Ɔma mu wɔ nhyira sene ɔgyeɛ.’ ”

36Paulo kasa wieeɛ no ɔne wɔn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ. 37Wɔn nyinaa suiɛ, bam no, maa no nanteyie. 38Deɛ ɛyɛɛ wɔn awerɛhoɔ koraa ne asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔrenhunu no bio no. Afei, wɔn nyinaa kɔgyaa no ɛhyɛn no mu.