Amos 6 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Amos 6:1-14

1Nnome nka mo a mogye mo ho die wɔ Sion,

ne mo a mo asom adwo mo wɔ Samaria bepɔ so,

mo atitire a mowɔ ɔman dikanfoɔ mu,

a Israelfoɔ ba mo nkyɛn!

2Monkɔ Kalne, nkɔhwɛ hɔ.

Na momfiri hɔ nkɔ Hamat kɛseɛ mu,

monsiane nkɔ Gat a ɛwɔ Filistia.

Wɔyɛ sene mo ahemman mmienu no?

Wɔn asase no so sene mo deɛ no anaa?

3Motu ɛda bɔne hyɛ ɛda

na motwe Atemmuo da bɛn.

4Modeda asonse mpa so

mogye mo ahome wɔ mo nnaeɛ mu,

na mowe nnwammaa ne

anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ nam.

5Mode mo sankuten to ahuhudwom,

na mobɔ mo tirim yɛ nnwom wɔ

mo nnwontodeɛ so te sɛ Dawid.

6Monom nsã nkorama mu

na mode sradehwam papa yɛ mo ho,

na monni awerɛhoɔ wɔ Yosef sɛeɛ ho.

7Ɛno enti, mobɛka atukɔfoɔ a wɔdi ɛkan no ho;

na mo apontoɔ ne mo ahomegyeɛ to bɛtwa.

Awurade Kyiri Israel Ahomasoɔ

8Otumfoɔ Awurade aka ne ho ntam

na deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie:

“Mekyiri Yakob ahomasoɔ

na memmpɛ nʼaban;

mede kuropɔn no bɛma

ɛne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.”

9Sɛ wogya nnipa edu wɔ efie baako mu a, wɔn nso bɛwuwu. 10Na sɛ obusuani a ɔrebɛhye awufoɔ no ba sɛ ɔrebɛfa wɔn afiri efie hɔ na ɔbisa obi a wakɔtɛ sɛ, “Obi ka wo ho anaa?” Na ɔbuaa sɛ, “Dabi” a, afei ɔbɛka sɛ, “Mua wʼano!” Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ Awurade din.

11Na Awurade ahyɛ mmara

na ɔbɛbubu afie akɛseɛ no mu asinasini

ne afie nketewa no nso mu nketenkete.

12Apɔnkɔ tu mmirika wɔ abotan a apaapae so anaa?

Na obi de nantwie funtum hɔ anaa?

Nanso, moadane atɛntenenee ayɛ no awuduro.

Na tenenee nso ayɛ nwononwono.

13Mo a moani gye Lo-debar nkoguo ho,

na mobisa sɛ, “Ɛnyɛ yɛn ahoɔden na yɛde dii Karnaim so anaa?”

14Deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie: “Mɛhwanyan ɔman bi abɛtia mo, Ao Israelfoɔ,

deɛ ɔbɛhyɛ mo so firi Lebo Hamat akɔsi Araba bɔnhwa mu.”