Adiyisɛm 7 – ASCB & CCBT

Asante Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 7:1-17

Onyankopɔn Asomfoɔ Kann

1Yei akyi no, mehunuu abɔfoɔ baanan sɛ, wɔgyinagyina asase ntweaa nan no so a wɔretwe mframa nan a ɛwɔ asase so no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mframa biara remmɔ wɔ asase ne ɛpo so ne baabiara. 2Ɛnna mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔfiri apueeɛ reba a ɔkura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔano. Ɔteaam frɛɛ abɔfoɔ baanan no a na Onyankopɔn ama wɔn tumi sɛ wɔnsɛe asase ne ɛpo no. 3Ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Monnsɛe asase ne ɛpo anaa nnua kɔsi sɛ yɛde nsɔano bɛhyɛ Onyankopɔn asomfoɔ no agyiraeɛ.” 4Na wɔkyerɛɛ me wɔn a wɔde Onyankopɔn nsɔano hyɛɛ wɔn agyiraeɛ wɔ wɔn moma so no dodoɔ. Wɔn nyinaa dodoɔ yɛ ɔpeha aduanan ɛnan, a wɔn nyinaa firi Israel mmusuakuo no mu.

5Yuda abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).

Ruben abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).

Gad abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).

6Aser abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).

Naftali abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).

Manase abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).

7Simeon abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).

Lewi abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).

Isakar abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).

8Sebulon abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).

Yosef abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).

Benyamin abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu (12,000).

Nnipakuo

9Yei akyi no, mehunuu nnipakuo a obiara ntumi nkan wɔn dodoɔ. Wɔfifiri aman ne mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu a wɔgyinagyina ahennwa no ne Odwammaa no anim a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa, kurakura berɛ. 10Wɔteaam sɛ,

“Yɛn nkwagyeɛ firi yɛn Onyankopɔn

a ɔte ahennwa no so

ne Odwammaa no.”

11Na abɔfoɔ no atwa ahennwa no ne mpanimfoɔ no ne ateasefoɔ baanan no ho ahyia. Afei wɔbutubutuu ahennwa no anim, somm Onyankopɔn 12kaa sɛ,

“Amen!

Nhyira ne animuonyam

ne nyansa ne aseda ne anidie

ne tumi ne ahoɔden

yɛ Onyankopɔn dea daa daa.

Amen!”

13Mpanimfoɔ no mu baako bisaa me sɛ, “Ɛhefoɔ na wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa yi, na wɔfiri he?”

14Mebuaa sɛ, “Mennim, owura. Na wo na wonim.”

Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yeinom ne wɔn a wɔafiri ɔtaa mu. Wɔde Odwammaa no mogya ahoro wɔn ntadeɛ ama ayɛ fitaa. 15Na ɛno enti na,

“wɔgyina Onyankopɔn ahennwa anim

a wɔresom awia ne anadwo wɔ ne hyiadan mu yi.

Deɛ ɔbɛtena ahennwa no so no

bɛbɔ wɔn ho ban.

16Sukɔm renne wɔn bio;

ɛkɔm renne wɔn bio.

Owia anaa ɔhyew biara renhye wɔn bio.

17Ɛfiri sɛ, Odwammaa no a ɔwɔ ahennwa no mfimfini no

bɛyɛ wɔn dwanhwɛfoɔ

de wɔn akɔ nkwa asutire ho.

Na Onyankopɔn bɛpepa wɔn aniwa mu nisuo nyinaa.”

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

啟示錄 7:1-17

為上帝的僕人蓋印

1這些事情之後,我看見四位天使分別站在地的四個角落控制著四面的風,使風不再吹向地面、海洋和樹木。 2我又看見一位天使從東方日出之地上來,手裡拿著永活上帝的印。他對那領受權柄能傷害地和海的四位天使大聲說: 3「我們還沒在上帝的奴僕額上蓋印之前,你們不可傷害地、海和樹木。」 4我聽見以色列各支派中蓋了印的共有十四萬四千人: 5猶大支派有一萬二千,呂便支派有一萬二千,迦得支派有一萬二千, 6亞設支派有一萬二千,拿弗他利支派有一萬二千,瑪拿西支派有一萬二千, 7西緬支派有一萬二千,利未支派有一萬二千,以薩迦支派有一萬二千, 8西布倫支派有一萬二千,約瑟支派有一萬二千,便雅憫支派有一萬二千。

劫後餘生的上帝子民

9後來我又看見一大群人,多得不可勝數。他們來自各國家、各部落、各民族、各語言族群,身穿白袍,手拿棕樹枝,站在寶座和羔羊面前, 10大聲呼喊說:「救恩來自我們坐在寶座上的上帝,也來自羔羊!」 11眾天使都站在寶座、眾長老和四個活物的周圍,在寶座前俯伏敬拜上帝,說: 12「阿們!願頌讚、榮耀、智慧、感謝、尊貴、權柄、能力都歸給我們的上帝,直到永永遠遠。阿們!」

13長老中有一位問我:「這些身穿白袍的人是誰?他們從哪裡來?」

14我回答說:「先生,你知道答案。」

他便說:「這些都是經過大災難的人,他們用羔羊的血將衣裳洗得純淨潔白。 15因此,他們在寶座前,在聖殿中不分晝夜地事奉上帝。坐在寶座上的那位要庇護他們。 16他們不會再受饑餓和乾渴的折磨,也不會再受太陽和酷熱的煎熬, 17因為在寶座中央的羔羊要作他們的牧人,引導他們到生命之泉那裡,上帝要擦乾他們所有的眼淚。」