Adiyisɛm 3 – ASCB & CCBT

Asante Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 3:1-22

Sardi Asafo No Nwoma

1“Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ ɔwɔ asafo a ɛwɔ Sardi no sɛ:

Yei ne asɛm a ɛfiri deɛ ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom nson ne nsoromma nson no nkyɛn.

Menim deɛ woreyɛ. Menim sɛ woagye din sɛ wote ase, nanso woawu. 2Enti nyane, na kanyane deɛ aka wo nkyɛn no na anwu koraa. Ɛfiri sɛ, mahunu sɛ deɛ woayɛ no nya nnii mu wɔ Onyankopɔn anim. 3Kae deɛ wɔkyerɛɛ wo no ne sɛdeɛ woteeɛ no. Di so na twe wo ho firi wo bɔne ho. Sɛ woankanyane wo ho a, mɛba wo so sɛ ɔkorɔmfoɔ, na worenhunu ɛberɛ ko a mɛba.

4Nanso, mo mu kakra bi a wɔwɔ Sardi no mfaa ewiase nkekaeɛ nkekaa wɔn ntadeɛ mu. Wɔne me bɛnante a wɔhyɛ ntadeɛ fitaa, ɛfiri sɛ, ɛsɛ wɔn sɛ wɔyɛ saa. 5Deɛ ɔbɛdi nkonim no, wɔbɛhyɛ no atadeɛ fitaa, na merentwa ne din mfiri ateasefoɔ nwoma no mu. Na mɛda ne din adi wɔ mʼAgya no ne nʼabɔfoɔ anim sɛ ɔyɛ me dea. 6Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no.

Filadelfia Asafo No Nwoma

7“Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔwɔ asafo a ɛwɔ Filadelfia no sɛ:

Yei ne asɛm a ɛfiri deɛ ɔyɛ kronkron na ɔyɛ nokorɛ na ɔkura Dawid safoa no nkyɛn. Deɛ ɔbue a, obi ntumi nto mu na sɛ ɔto mu nso a, obi ntumi mmue no.

8Menim deɛ woyɛ. Menim sɛ wowɔ tumi kakra. Woadi me nkyerɛkyerɛ no so, nam so adi me nokorɛ. Mabue ɛpono bi wɔ wʼanim a obi ntumi nto mu. 9Tie! Ekuo a ɔbonsam afa wɔn no, saa atorofoɔ a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafoɔ nanso wɔnyɛ bi no, mɛma wɔaba wʼanim abɛbu wo nkotodwe. Wɔn nyinaa bɛhunu sɛ medɔ wo. 10Esiane sɛ woadi me mmara so anya boasetɔ enti, sɛ ɔhaw a ɛreba ewiase nyinaa de asɔ asase so nnipa nyinaa ahwɛ no ba a, mɛgye wo afiri mu.

11Mereba nnansa yi ara. Kora wʼagyapadeɛ, na obi anwia wo nkonim abotire no. 12Deɛ ɔbɛdi nkonim no, mɛyɛ no odum me Onyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfiri mu bio da. Mɛtwerɛ me Onyankopɔn din ne me Onyankopɔn kuro din a ɛyɛ Yerusalem foforɔ a ɛbɛfiri ɔsoro me Onyankopɔn nkyɛn aba no agu ne ho. Bio, mɛtwerɛ me din foforɔ agu ne ho. 13Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no.

Laodikea Asafo No Nwoma

14“Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔwɔ Laodikea asafo mu no sɛ:

Yei ne asɛm a ɛfiri Amen a ɔyɛ ɔdanseni nokwafoɔ a ɔyɛ biribiara a Onyankopɔn bɔeɛ no sodifoɔ nkyɛn.

15Menim deɛ woayɛ. Menim sɛ wonyɛ nwunu nso wonyɛ hye. Me pɛ ne sɛ, anka wobɛyɛ mu baako. 16Nanso, ɛsiane sɛ woyɛ boturobodwo, na wonyɛ hye na wonyɛ nwunu enti, merebɛte wo sɛ ntasuo afiri mʼanom. 17Woka sɛ, ‘meyɛ ɔdefoɔ na manya me ho na mewɔ deɛ ɛhia me nyinaa.’ Nanso, wonnim hia a ahia wo ne mmɔborɔ a woyɛ. Woyɛ ohiani. Woda adagya, na wʼani afira. 18Enti, metu wo fo sɛ tɔ sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ amapa, firi me nkyɛn, sɛdeɛ ɛbɛma woayɛ ɔdefoɔ. Afei, tɔ ntadeɛ fitaa hyɛ fa kata wʼanimguaseɛ adagya no so. Afei, tɔ aduro gu wʼani so, sɛdeɛ wobɛhunu adeɛ.

19Mekɔ so twe wɔn a medɔ wɔn no nyinaa aso. Enti bɔ mmɔden na twe wo ho firi bɔne ho. 20Tie! Megyina ɛpono no akyi rebɔ mu; sɛ obi te me nne na ɔbue ɛpono no a, mɛba mu na me ne no adidi na ɔno nso ne me adidi.

21Mɛma nkonimdifoɔ no atena mʼahennwa no ho, sɛdeɛ madi nkonim enti, mete mʼAgya ahennwa ho seesei no. 22Sɛ wowɔ aso a, ɛnneɛ tie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no.”

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

啟示錄 3:1-22

給撒狄教會的信

1「你要寫信告訴撒狄教會的天使,有上帝的七靈又有七顆星的主說,

『我知道你的行為,你名義上活著,實際上是死的。 2你要警醒!把所剩無幾、奄奄一息的生命振作起來,因為我發現你的行為在我的上帝面前不純全。 3因此,要回想你以前所領受、所聽見的教導,遵守這些教導,並且悔改。你若不警醒,我必在你意想不到的時候像賊一樣忽然來到。 4不過在撒狄,你還有幾個人未曾玷污自己的衣服,他們要穿白袍與我同行,因為他們配得這樣。 5得勝者必同樣穿上白袍,我絕不會從生命冊上抹去他的名字,我必在我父和眾天使面前承認他的名。

6『聖靈對各教會所說的話,凡有耳朵的都應當聽。』

給非拉鐵非教會的信

7「你要寫信告訴非拉鐵非教會的天使,那位聖潔、真實、拿著大衛的鑰匙、開了門無人能關、關了門無人能開的主說,

8『我知道你的行為,你力量微小,卻遵守了我的教導,沒有背棄我的名。所以,看啊!我在你面前為你打開了一扇無人能關閉的門。 9看啊!我要使撒旦的同夥,就是那些假冒猶太人的說謊者,在你面前俯伏下拜,讓他們知道你是我所疼愛的。 10因為你遵守我有關堅忍的教導,所以當將來的試煉臨到全人類的時候,我必使你免受磨難。 11我很快就要來了!你要持守你所擁有的,免得有人奪去你的冠冕。 12我要使得勝者在我上帝的殿中作棟樑,永不離開。我要將我上帝的名號和我上帝聖城的名號,就是從天上我上帝那裡降下來的新耶路撒冷和我自己的新名號,都刻在他上面。

13『聖靈對各教會所說的話,凡有耳朵的都應當聽。』

給老底嘉教會的信

14「你要寫信告訴老底嘉教會的天使,那位實實在在3·14 那位實實在在」希臘文是「那位阿們的」。、誠信無偽的見證人,就是上帝所造萬物的元首說,

15『我知道你的行為,你不冷也不熱。我情願你或冷或熱, 16可是現在你卻像溫水一樣不冷不熱,我必將你從我口中吐出去! 17你說,我很富有,已經發了財,什麼都不缺。你卻不知道自己困苦、可憐、貧窮、瞎眼、赤身露體。 18我勸你向我買精煉的金子,使你真正富有。你也要向我買白袍穿在身上,好遮蓋你赤身露體的羞辱。你也要向我買眼藥抹眼睛,使你能看見。 19凡我所愛的,我都會責備、管教。因此,你要熱心起來,也要悔改。 20看啊!我站在門外敲門,若有誰聞聲開門,我必進去,我與他,他與我,一同坐席吃飯。 21得勝者可以和我一同坐在我的寶座上,正如我得勝後與我父一同坐在祂的寶座上一樣。

22『聖靈對各教會所說的話,凡有耳朵的都應當聽。』」