Adiyisɛm 22 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 22:1-21

Nkwa Asubɔnten

1Ɔbɔfoɔ no kyerɛɛ me nkwa asubɔnten a ani te korɔgyenn sɛ ahwehwɛ a ɛfiri Onyankopɔn ne Odwammaa no ahennwa so, 2a ɛtene fa kuro no abɔntene mfimfini. Asuo no fa biara, nkwa dua si hɔ a ɛso aba ahodoɔ dumienu ɔbosome biara. Wɔde ɛso ahahan no sa aman ahodoɔ no yadeɛ. 3Biribiara a ɛwɔ Onyankopɔn nnome ase no nkɔ kuro no mu. Wɔbɛhunu Onyankopɔn ne Odwammaa no ahennwa wɔ kuro no mu na nʼasomfoɔ bɛsom no. 4Wɔbɛhunu nʼanim na wɔbɛtwerɛ ne din agu wɔn moma so. 5Adeɛ rensa wɔ hɔ bio, na nkanea anaa hann ho nhia ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn bɛyɛ wɔn hann na wɔbɛdi adeɛ sɛ ahene daa daa.

Kristo Reba

6Afei, ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ, “Saa nsɛm yi yɛ nokorɛ a wode wo ho to so a, ɛyɛ. Na Awurade Onyankopɔn a ɔde Honhom ma adiyifoɔ somaa ne ɔbɔfoɔ sɛ ɔmmɛkyerɛ nʼasomfoɔ deɛ ɛbɛba nnansa yi ara no.”

7Yesu kaa sɛ, “Montie! Mereba nnansa yi ara, Nhyira nka wɔn a wɔtie adiyisɛm a ɛwɔ saa nwoma yi mu no!”

8Me, Yohane, mate na mahunu saa nneɛma yi nyinaa. Na metee ne nyinaa, hunuu ne nyinaa wieeɛ no, mebutuu ɔbɔfoɔ no a ɔkyerɛɛ me saa nneɛma yi nyinaa nan ase pɛɛ sɛ mesom no. 9Nanso, ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nyɛ saa! Meyɛ ɔsomfoɔ te sɛ wo nuanom adiyifoɔ ne wɔn a wɔdi nwoma yi mu nsɛm no so no ara pɛ. Som Onyankopɔn!”

10Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nkata saa adiyisɛm a ɛwɔ nwoma yi mu no so, ɛfiri sɛ, ɛberɛ no abɛn. 11Obiara a ɔyɛ bɔne nkɔ so nyɛ bɔne, na deɛ ɔyɛ efi no nkɔ so nyɛ efi; deɛ ɔyɛ papa no nkɔ so nyɛ papa, na deɛ ɔyɛ kronkron no nkɔ so nyɛ kronkron.”

12Hwɛ! Mereba ntɛm! Mekura mʼabasobɔdeɛ sɛ mede rebɛma obiara sɛdeɛ nʼadwumayɛ teɛ. 13Mene Alfa ne Omega, Ɔkannifoɔ ne Okyidifoɔ, Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ.

14“Nhyira nka wɔn a wɔhoro wɔn ntadeɛ, na wɔn na wɔwɔ ho ɛkwan sɛ wɔdi nkwa dua no aba na wɔfa kuro no ɛpono no mu. 15Na Kuro no akyi na nkraman ne adutofoɔ ne adwamanfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne wɔn a wɔpɛ atorɔ na wɔdi atorɔ no nyinaa wɔ.

16“Me, Yesu, na masoma me ɔbɔfoɔ sɛ ɔmmɛbɔ mo saa nwoma yi nyinaa ho amaneɛ wɔ asafo mu. Meyɛ Dawid busuani. Mene anɔpa nsoromma a ɛhyerɛn no.”

17Honhom no ne ayeforɔ no se, “Ɛsɛ sɛ obiara a ɔte saa asɛm yi nso ka sɛ, ‘Bra!’ Na deɛ osukɔm de no no mmra, na deɛ ɔpɛ no nso, ɔmmɛgye nkwa nsuo no kwa.”

Awieeɛ

18Me, Yohane, mebɔ obiara a ɔte saa adiyisɛm a ɛwɔ nwoma yi mu kɔkɔ sɛ: Sɛ obi de bi ka ho a, Onyankopɔn de asotweɛ bɛka ne haw a wakyerɛ mu wɔ saa nwoma yi mu no ho. 19Na sɛ obi nso yi bi firi adiyisɛm a ɛwɔ saa nwoma yi mu no mu a, Onyankopɔn bɛyi ne kyɛfa a ɔbɛnya wɔ nkwa dua no ne kuro Kronkron a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ nwoma yi mu no.

20Deɛ ɔdi nwoma yi ho adanseɛ no ka sɛ, “Aane! Mereba ntɛm!”

Amen. Bra, Awurade Yesu!

21Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka ahotefoɔ nyinaa. Amen.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 22:1-21

Nkwa Asubɔnten

1Ɔbɔfo no kyerɛɛ me nkwa asubɔnten a ani tew kurunnyenn sɛ ahwehwɛ a efi Onyankopɔn ne Oguamma no ahengua so, 2na ɛsen fa kurow no tempɔn kɛse no mfimfini. Nkwa dua si asu no fa biara a afe biara ɛsow aba ahorow dumien wɔ ɔsram biara. Wɔde so ahaban no sa aman ahorow no yare. 3Biribiara a ɛwɔ Onyankopɔn nnome ase no nkɔ kurow no mu. Wobehu Onyankopɔn ne Oguamma no ahengua wɔ kurow no mu na nʼasomfo bɛsom no. 4Wobehu nʼanim na wɔbɛkyerɛw ne din agu wɔn moma so. 5Ade rensa wɔ hɔ bio, na akanea anaa hann ho nhia, efisɛ Awurade Nyankopɔn bɛyɛ wɔn hann na wobedi ade sɛ ahene daa daa.

Kristo Reba

6Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ me se, “Saa nsɛm yi yɛ nokware a wode wo ho to so a, eye. Na Awurade Nyankopɔn a ɔde Honhom ma adiyifo no somaa ne bɔfo se ɔmmɛkyerɛ nʼasomfo nea ɛbɛba nnansa yi ara no.”

7Yesu kae se, “Muntie! Mereba nnansa yi ara, Nhyira nka wɔn a wotie adiyisɛm a ɛwɔ saa nhoma yi mu no!”

8Me Yohane, mate na mahu saa nneɛma yi nyinaa. Na metee ne nyinaa, huu ne nyinaa wiei no, mibutuw ɔbɔfo no a ɔkyerɛɛ me saa nneɛma yi nyinaa no nan ase pɛɛ sɛ mesom no. 9Nanso ɔka kyerɛɛ me se, “Nyɛ saa! Meyɛ ɔsomfo te sɛ wo nuanom adiyifo ne wɔn a wodi nhoma yi mu nsɛm no so no ara pɛ. Som Onyankopɔn!”

10Na ɔka kyerɛɛ me se, “Nkata saa adiyisɛm a ɛwɔ nhoma yi mu no so, efisɛ bere no abɛn. 11Obiara a ɔyɛ bɔne no nkɔ so nyɛ bɔne, na nea ɔyɛ fi no nkɔ so nyɛ fi; nea ɔyɛ papa no nkɔ so nyɛ papa, na nea ɔyɛ kronkron no nkɔ so nyɛ kronkron.”

12Hwɛ! Mereba ntɛm! Mikura mʼakatua sɛ mede rebɛma obiara sɛnea nʼadwumayɛ te. 13Mene Alfa ne Omega, Ɔkannifo ne Okyikafo, Mfiase ne Awiei.

14“Nhyira nka wɔn a wɔhoro wɔn ntade ma efi, na wɔn na wɔwɔ ho kwan sɛ wodi nkwa dua no aba na wɔfa kurow no pon no mu. 15Na Kurow no akyi na akraman ne asumanfo ne nguamanfo ne awudifo ne abosonsomfo ne wɔn a wɔpɛ atoro na wodi atoro no nyinaa wɔ.

16“Me, Yesu, na masoma me bɔfo sɛ ɔmmɛbɔ mo saa nhoma yi nyinaa ho amanneɛ wɔ asafo mu. Meyɛ Dawid busuani. Mene anɔpa nsoromma a ɛhyerɛn no.”

17Honhom no ne ayeforo no se, “Ɛsɛ sɛ obiara a ɔte saa asɛm yi nso ka se, ‘Bra!’ Na nea osukɔm de no no mmra, na nea ɔpɛ no nso, ommegye nkwa nsu no kwa.”

Awiei

18Me, Yohane, mebɔ obiara a ɔte saa adiyisɛm a ɛwɔ nhoma yi mu no kɔkɔ se: Sɛ obi de bi ka ho a, Onyankopɔn de asotwe bɛka ne haw a wakyerɛ mu wɔ saa nhoma yi mu no ho. 19Na sɛ obi nso yi bi fi adiyisɛm a ɛwɔ saa nhoma yi mu no mu a, Onyankopɔn beyi ne kyɛfa a obenya wɔ nkwa dua no ne kurow Kronkron a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ nhoma yi mu no.

20Nea odi nhoma yi ho adanse no ka se, “Yiw! Mereba ntɛm!”

Amen. Bra, Awurade Yesu!

21Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka ahotefo nyinaa. Amen.