Adiyisɛm 20 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 20:1-15

Mfeɛ Apem Afiase Nna Ne Ahennie

1Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ bi sɛ ɔfiri ɔsoro reba fam a na ɔkura ebunu no safoa ne nkɔnsɔnkɔnsɔn duruduru bi. 2Ɔkyeree ɔtweaseɛ kɛseɛ dada a ɔyɛ ɔbonsam no kyekyeree no mfeɛ apem. 3Ɔbɔfoɔ no too no twenee ebunu no mu, too mu safoa sɔɔ ano sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mfeɛ apem no bɛtwam. Ɛno akyi wɔbɛgyaa no kakra.

4Afei, mehunuu nhennwa ne wɔn a wɔtete so a wɔama wɔn tumi sɛ wɔmmu atɛn. Afei mehunuu wɔn a ɛsiane sɛ wɔada nokorɛ ne Onyankopɔn asɛm a Yesu kaeɛ no adi enti, wɔatwitwa wɔn ti no akra. Wɔansom aboa no ne ne honi no. Saa ara nso na wɔamfa aboa no agyiraeɛhyɛdeɛ anhyɛ wɔn moma so ne wɔn nsa ho agyiraeɛ. Wɔbaa nkwa mu ne Kristo bɛdii ahene mfeɛ apem. Awufoɔ a wɔaka no annyane kɔsii mfeɛ apem no akyi. 5Yei ne awufosɔreɛ a ɛdi ɛkan. 6Nhyira bebree nka wɔn a wɔdii ɛkan nyanee wɔn firii awufoɔ mu. Owuo a ɛtɔ so mmienu no nni wɔn so tumi. Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfoɔ. Na wɔne no bɛdi ahene mfeɛ apem.

7Mfeɛ apem no akyi, wɔbɛyi ɔbonsam afiri afiase hɔ; 8na ɔbɛkɔ akɔdaadaa aman a ɛwɔ ewiase nyinaa a ɛyɛ Gog ne Magog. Ɔbonsam bɛboaboa wɔn ano a wɔn dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea de wɔn akɔ ɔko. 9Wɔtuu sa kɔɔ asase so nyinaa kɔtwaa Onyankopɔn nkurɔfoɔ atenaeɛ, a ɛyɛ ɔman a ɔdɔ no no ho hyiaeɛ. Nanso, ogya firi soro bɛsɛee wɔn. 10Ɛnna wɔtoo ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no nso too ogya tadeɛ ne sɔfe a wɔde aboa no ne atorɔ odiyifoɔ no ato mu no mu. Na wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ awia ne anadwo daa daa.

Atemmuo A Ɛtwa Toɔ

11Afei, mehunuu ahennwa fitaa kɛseɛ bi ne deɛ ɔte so no. Asase ne ɔsoro dwanee wɔ nʼanim, na wɔanhunu wɔn bio. 12Na mehunuu awufoɔ akɛseɛ ne nketewa sɛ wɔgyinagyina ahennwa no anim. Wobuebuee nwoma bebree mu, ɛnna wobuee nwoma foforɔ bi a ɛyɛ ateasefoɔ nwoma no mu. Wɔbuu awufoɔ no atɛn, sɛdeɛ wɔn nnwuma te ne sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ nwoma ahodoɔ no mu no. 13Afei, ɛpo nso danee nʼawufoɔ maeɛ. Owuo ne asaman nso de wɔn awufoɔ maeɛ. Na wɔbuu wɔn nyinaa atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ. 14Na wɔtoo owuo ne asaman guu ogya tadeɛ no mu. Saa ogya tadeɛ yi ne owuprenu no. 15Na obiara a wɔantwerɛ ne din angu nkwa nwoma no mu no, wɔtoo no twenee ogya tadeɛ no mu.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 20:1-15

Mfe Mpem Du Afiasenna Ne Ahenni

1Afei mihuu ɔbɔfo bi sɛ ofi ɔsoro reba fam a na okura bun no safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi. 2Ɔkyeree ɔwɔ kɛse dedaw a ɔyɛ ɔbonsam no kyekyeree no mfe apem. 3Ɔbɔfo no tow no kyenee bun no mu, too mu safe sɔw ano sɛnea ɛbɛyɛ a mfe apem no betwa mu. Ɛno akyi na wobegyaa no kakra.

4Afei mihuu nhengua ne wɔn a wɔtete so a wɔama wɔn tumi sɛ wommu atɛn. Afei mihuu wɔn a esiane sɛ wɔada nokware ne Onyankopɔn asɛm a Yesu kae no adi nti, wɔatwitwa wɔn ti no akra. Wɔansom aboa no ne ne honi no. Saa ara nso na wɔamfa aboa no agyiraehyɛde ankeka wɔn moma so ne wɔn nsa ho. Wɔbaa nkwa mu ne Kristo bedii ahene mfe apem. 5Eyi ne awufosɔre a edi kan. Awufo a wɔaka no annyan kosii mfe apem no akyi. 6Nhyira bebree nka wɔn a wodii kan nyan wɔn fii awufo mu no. Owu a ɛto so abien no nni wɔn so tumi. Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo. Na wɔne no bedi ahene mfe apem.

7Mfe apem no akyi na wobeyi ɔbonsam afi afiase hɔ; 8na ɔbɛkɔ akɔdaadaa aman a ɛwɔ wiase nyinaa a ɛyɛ Gog ne Magog. Ɔbonsam bɛboaboa wɔn a wɔn dodow bɛyɛ sɛ mpoano nwea ano de wɔn akɔ ɔko. 9Wotuu sa kɔɔ asase so nyinaa kotwaa Onyankopɔn nkurɔfo atenae a ɛyɛ ɔman a ɔdɔ no no ho hyiae. Nanso ogya fi ɔsoro bɛsɛee wɔn. 10Na wɔtow ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no nso too ogya tare ne sufre a wɔde aboa no ne atoro odiyifo no agu mu no mu. Na wɔbɛyɛ wɔn ayayade awia ne anadwo daa daa.

Atemmu A Etwa To

11Afei mihuu ahengua fitaa kɛse bi ne nea ɔte so no. Asase ne ɔsoro guanee wɔ nʼanim, na wɔanhu wɔn bio. 12Na mihuu awufo akɛse ne nketewa sɛ wogyinagyina ahengua no anim. Wobuebuee nhoma bebree mu, na wobuee nhoma foforo bi a ɛyɛ ateasefo nhoma no mu. Wobuu awufo no atɛn, sɛnea wɔn nnwuma te ne sɛnea wɔakyerɛw wɔ nhoma ahorow no mu no. 13Afei po nso dannan nʼawufo mae. Owu ne asaman nso de wɔn awufo mae. Na wobuu wɔn nyinaa atɛn sɛnea wɔn nnwuma te. 14Na wɔtow owu ne asaman guu ogya tare no mu. Saa ogya tare yi ne owuprenu no. 15Na wɔtow obiara a wɔankyerɛw ne din angu nkwa nhoma no mu no kyenee ogya tare no mu.