Adiyisɛm 14 – ASCB & SNC

Asante Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 14:1-20

Ɛdwom Foforɔ

1Afei, mehwɛeɛ na mehunuu sɛ Odwammaa no gyina Sion bepɔ so. Na nnipa ɔpeha aduanan ɛnan ka ne ho a wɔatwerɛ ne din ne nʼAgya din wɔ wɔn moma so. 2Na metee nne bi firi ɔsoro a na ɛworo so te sɛ nsuworoeɛ a ano yɛ den, na ɛte sɛ aprannaa. Ɛnne a meteeɛ no te sɛ dwom a sankubɔfoɔ bi rebɔ wɔ ne sankuo so. 3Wɔtoo dwom foforɔ bi wɔ ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no anim. Nnipa ɔpeha aduanan ɛnan a wɔagye wɔn afiri asase so no nko ara na wɔtumi suaeɛ. 4Wɔyɛ mmarima bi a wɔamfa mmaa angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabunu. Baabiara a Odwammaa no bɛkɔ no na wɔdi nʼakyi. Wɔagye wɔn nkwa afiri nnipa mu na wɔne nnipa a wɔdi ɛkan a wɔde wɔn ama Onyankopɔn ne Odwammaa no. 5Wɔnka atorɔsɛm, na mfomsoɔ nni wɔn ho.

Abɔfoɔ Baasa No

6Afei mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ sɛ watu nam ɔsorosoro a ɔrekɔka Asɛmpa a ɛntwam da no akyerɛ asase so nnipa a aman ne mmusuakuo ne kasa ne nkurɔfoɔ nyinaa ka ho. 7Ɔteaam sɛ, “Monsuro Onyankopɔn na monkamfo ne kɛseyɛ. Ɛfiri sɛ, ɛberɛ no aduru sɛ ɔbu adasamma atɛn. Monsom deɛ ɔbɔɔ ɔsoro, asase, ɛpo ne nsutire no!”

8Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu dii deɛ ɔdi ɛkan no akyi kaa sɛ. “Wahwe ase! Babilonia kɛseɛ ahwe ase! Ɛfiri sɛ, wama amanaman nyinaa anom nʼadwamammɔ nsã no bi.”

9Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa a ɔdi baanu a wɔdi ɛkan no akyi teaam kaa sɛ, “Obiara a ɔsom aboa no ne ne sɛso ohoni a na ɔma wɔhyɛ ne nsa ho anaa ne moma so agyiraeɛ 10no ankasa bɛnom Onyankopɔn nsã, nʼabufuo nsã a ɔde nʼahoɔden nyinaa ahwie agu nʼabufuo kuruwa mu no. Wɔn a wɔbɛyɛ saa no nyinaa, wɔbɛhyɛ wɔn ahoyera wɔ ogya ne sɔfe mu wɔ abɔfoɔ ne Odwammaa no anim. 11Na ogya no wisie a ɛhyɛ wɔn ahoyera no kɔ ɔsoro daa daa. Awia ne anadwo, ahomegyeɛ nni hɔ ma wɔn a wɔsom aboa no ne ne sɛso ohoni ne obiara a wɔde ne din ahyɛ no agyiraeɛ no.” 12Yei enti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ ne wɔn a wɔdi Onyankopɔn mmara so, na wɔgye Yesu di no nya boasetɔ no.

13Afei, metee nne bi firi ɔsoro a ɛkaa sɛ, “Twerɛ yei. Nhyira ne awufoɔ a wɔwu Awurade mu firi seesei rekɔ yi.”

Honhom no se, “Aane, wɔbɛhome afiri wɔn brɛ no mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi.”

14Mehunuu omununkum fitaa bi na obi a ɔte sɛ Onipa Ba a sikakɔkɔɔ ahenkyɛ hyɛ no na ɔkura kantankrankyi nnamnnam bi wɔ ne nsam. 15Afei, ɔbɔfoɔ foforɔ bi firii asɔredan no mu pueeɛ, teaam kyerɛɛ deɛ ɔte omununkum no so no sɛ, “Fa wo kantankrankyi no twa ɛfiri sɛ otwaberɛ no aduru, asase no aso aba a ɛsɛ sɛ wɔtwa!” 16Enti, deɛ ɔte omununkum so no hwim ne kantankrankyi asase so maa ɛtwaa asase so nnɔbaeɛ.

17Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ bi a ɔfiri ɔsoro asɔredan mu apue a ɔno nso kura kantankrankyi nnamnnam bi. 18Ɔbɔfoɔ foforɔ bi a ɔno nso hwɛ ogya no firi afɔrebukyia no mu pueeɛ. Ɔteaa ɔbɔfoɔ a ɔkura kantankrankyi nnamnnam no sɛ, “Fa wo kantankrankyi nnamnnam no twa asase so bobe no esia esia ɛfiri sɛ, nʼaba no abere.” 19Enti, ɔbɔfoɔ no hwim ne kantankrankyi no wɔ asase so de twitwaa bobe aba no na ɔde kɔguu Onyankopɔn abufuo nsakyiamena kɛseɛ no mu. 20Wɔtiatiaa bobe no so wɔ nsakyiamena a ɛwɔ kuropɔn no mfikyire, na mogya firii bobe no mu teneeɛ sɛ asubɔnten akwansini ahaanu a emu dɔ nso bɛyɛ anammɔn enum.

Slovo na cestu

Zjevení 14:1-20

Kristovi spojenci odměněni

1A tu jsem spatřil Beránka, jak stojí na hoře Sijónu, a kolem něho sto čtyřicet čtyři tisíce těch, jejichž čela jsou označena jménem Beránka a jeho Otce. 2Z nebe se ke mně donesl zvuk nejprve jako mohutného vodopádu nebo burácení hromu, potom jako hra na mnohé harfy. 3Těch sto čtyřiačtyřicet tisíc začalo zpívat před Božím trůnem, před čtyřmi bytostmi a čtyřiadvaceti starci docela novou píseň. Nikdo jiný se k ní nemohl připojit, uměli ji jen tito vykoupení. 4To jsou ti, kteří nejsou poskvrněni modloslužbou a následují Beránka všude. Byli jako první sklizeň vykoupeni pro Boha a pro Beránka. 5Jsou čistí a mají čistá ústa – nepropůjčili je nikdy lži.

Tři andělé: Ohlášení Božího soudu a porážky satanových spojenců

6Pak jsem viděl anděla, jak letěl vysoko nad nebeskou klenbou. Nesl radostnou zprávu o vykoupení, zprávu, která nikdy neztratí svou platnost. Ohlašoval ji všem obyvatelům země, lidem všech ras, kmenů, jazyků i národností. 7Volal silným hlasem: „Bojte se Boha, vzdejte mu čest! Chvíle jeho konečného soudu nastává. Poklekněte před Stvořitelem nebe i země, moře i pramenů vod!“

8Následoval ho druhý anděl a ten volal: „Padl, padl mocný Babylón, který opájel národy, aby zrazovaly Boha. Jeho číše se teď změnila v pohár Božího hněvu.“

9Za nimi letěl třetí anděl s důležitou zprávou: „Kdo uctívá šelmu a její sochu, kdo nese na čele nebo na ruce její znak, 10ten okusí víno Božího rozhořčení; už se nalévá nezředěné do poháru Božího hněvu. Ctitelé šelmy, její sochy a nositelé jejího znaku propadnou před svatými anděly a před Beránkem soudu. 11V jejich utrpení nebude pro ně úleva ve dne ani v noci. 12Vyplatí se vytrvalost těch, kdo zachovali Boží přikázání a věrnost Kristu!“

Druhý příchod Krista – žeň země

13K tomu se připojil hlas z nebe: „Piš! Ti, kdo umírají s Kristem a zůstávají mu věrní, mohou se od této chvíle radovat. Boží Duch jim dává odpočinek i zadostiučinění.“ 14Tu vidím sněhobílý oblak a na něm muže – ano, je to sám Kristus! Na hlavě má zlatou korunu a v ruce ostrý srp. 15Z chrámu vyšel anděl a volá na něj hlasitě: „Začni svou žeň, chvíle pro ni nastala, úroda země už dozrála!“ 16Pán z oblaku mávl srpem po zemi a země byla rázem požnutá. 17Z chrámu vyšel jiný anděl s ostrým vinařským nožem v ruce. 18Od oltáře vyšel další anděl, ten který měl moc nad ohněm. Hlasitě zavolal na anděla se srpem a vybídl ho: „Sklízej hrozny, vinice země dozrály k soudu!“ 19Anděl odřezával hrozny pozemské révy a házel je do obrovského lisu Božího hněvu za hradbami města. 20Tam byly hrozny tlačeny, až víno rudé jako krev se rozlévalo do nedohledna.