Adiyisɛm 10 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 10:1-11

Onyankopɔn Nhyehyɛeɛ Aba Mu

1Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ foforɔ bi a ɔfiri ɔsoro resiane ba fam. Na ɔhyɛ omununkum mu a nyankontɔn bɔ ne ti. Na nʼanim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum. 2Na nwoma ketewaa bi kura no a wabue mu. Ɔde ne nan nifa sii ɛpo so na benkum no si asase so. 3Ɔde nne kɛseɛ teaam sɛdeɛ gyata bobom. Ɔteaam no, aprannaa nson kasaeɛ. 4Wɔkasaeɛ pɛ, na mepɛ sɛ metwerɛ. Nanso, metee nne bi firii ɔsoro a ɛkaa sɛ, “Ma nsɛm a aprannaa nson no kaeɛ no nka wo tirim. Ntwerɛ!”

5Ɛhɔ ara ɔbɔfoɔ a mehunuu sɛ ɔgyina hɔ a ne nan baako si ɛpo so na baako si asase so no maa ne nsa nifa so kɔɔ soro, 6na ɔde Onyankopɔn a ɔte hɔ daa daa a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa no edin kaa ntam. Ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Ɛberɛ sɛeɛ biara nni hɔ. 7Na sɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛne ne totorobɛnto no a ansa na Onyankopɔn bɛwie nʼahintasɛm mu nhyehyɛeɛ no, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a wɔyɛ adiyifoɔ no.”

8Afei, nne a metee sɛ ɛfiri ɔsoro no kasa kyerɛɛ me bio sɛ. “Kɔ na kɔgye nwoma a wabue mu a ɛkura ɔbɔfoɔ a ɔgyina ɛpo ne asase so no.”

9Mekɔɔ ɔbɔfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa nwoma ketewa no mma me. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Gye na kɔwe. Ɛbɛkeka wɔ wo yam, nanso wʼanomu deɛ, ɛbɛyɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ.” 10Megyee nwoma ketewa no firii ne nsam weeɛ, na ɛyɛɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ wɔ mʼanom. Nanso, memeneeɛ no akyi, ɛmaa me yam kaa me. 11Afei, wɔka kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ so ka deɛ ɛbɛba kyerɛ aman bebree sofoɔ, kasa ahodoɔ ne ahemfo nso.”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 10:1-11

Onyankopɔn Nhyehyɛe Aba Mu

1Afei mihuu ɔbɔfo hoɔdenfo foforo bi a ofi ɔsoro resian aba fam. Na ɔhyɛ omununkum mu a nyankontɔn bɔ ne ti. Na nʼanim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum. 2Na nhoma ketewaa bi kura no a wabue mu. Ɔde ne nan nifa sii po so na benkum no si asase so. 3Ɔde nne kɛse teɛɛ mu sɛnea gyata bobɔ mu. Ɔteɛɛ mu no, aprannaa ason kasae. 4Wɔkasae no, na mepɛ sɛ mekyerɛw. Nanso metee nne bi fii ɔsoro a ɛkae se, “Ma nsɛm a aprannaa ason no kaa no nka wo tirim. Nkyerɛw!”

5Ɛhɔ ara ɔbɔfo a mihuu sɛ ogyina hɔ a ne nan baako si po so na baako si asase so no maa ne nsa nifa so kɔɔ soro, 6na ɔde Onyankopɔn a ɔte hɔ daa daa a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase ne po ne nea ɛwɔ mu nyinaa no din kaa ntam. Ɔbɔfo no kae se, “Beresɛe biara nni hɔ. 7Na sɛ ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛn ne torobɛnto no a, ansa na Onyankopɔn bewie nʼahintasɛm mu nhyehyɛe no, sɛnea ɔka kyerɛɛ nʼasomfo a wɔyɛ adiyifo no.”

8Afei nne a metee sɛ efi ɔsoro no kasa kyerɛɛ me bio se. “Kɔ na kogye nhoma a wɔabue mu a ɔbɔfo a ogyina po ne asase so no kitae no.”

9Mekɔɔ ɔbɔfo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se ɔmfa nhoma ketewa no mma me. Ɔka kyerɛɛ me se, “Gye na kɔwe. Ɛbɛkeka wɔ wo yam, nanso wʼanom de, ɛbɛyɛ dɛ te sɛ ɛwo.” 10Migyee nhoma ketewa no fii ne nsam wee, na ɛyɛɛ dɛ te sɛ ɛwo wɔ mʼanom. Nanso, memenee akyi no, ɛmaa me yam kaw me. 11Afei wɔka kyerɛɛ me se, “Kɔ so ka nea ɛbɛba kyerɛ aman bebree sofo, ɔkasahorow ne ahemfo nso.”