5 Mose 9 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 9:1-29

Israel Nkonimdie Firi Onyankopɔn Adom

1Ao Israel, montie! Morekɔtwa Yordan na moawura mu akɔgye aman a ɛsoso na wɔwɔ ahoɔden kyɛn mo na wɔwɔ nkuropɔn akɛseɛ na wɔn afasuo kɔka sorosoro no agyapadeɛ. 2Nnipa no wɔ ahoɔden na wɔwoware—Anakfoɔ. Moate wɔn nka na moate sɛ wɔka sɛ, “Hwan na ɔbɛtumi ne Anakfoɔ agyina?” 3Nanso, merehyɛ mo ase ɛnnɛ sɛ, Awurade mo Onyankopɔn na ɔredi mo anim te sɛ ogya dɛreɛ a ɛresɛe adeɛ. Ɔbɛsɛe wɔn. Ɔbɛbrɛ wɔn ase wɔ mo anim. Na moapam wɔn na moatɔre wɔn ase ntɛm pa ara sɛdeɛ Awurade hyɛɛ mo bɔ no.

4Sɛ Awurade, mo Onyankopɔn, tu wɔn gu a, monnka no wɔ mo akoma mu sɛ, “Esiane yɛn tenenee enti na Awurade de saa asase yi ama yɛn.” Dabi. Esiane sɛ aman no yɛ amumuyɛfoɔ no enti na Awurade reyɛ saa. 5Ɛnyɛ sɛ moyɛ ateneneefoɔ ne nokwafoɔ no enti na morekɔfa wɔn asase no. Esiane wɔn amumuyɛ enti, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛpamo saa aman yi adi mo anim de akyerɛ sɛ, wadi ntam a ɔka kyerɛɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no so. 6Meka bio sɛ, ɛnyɛ sɛ moyɛ teneneefoɔ enti na Awurade, mo Onyankopɔn, de saa asase pa yi rema mo. Ɛnte saa. Moyɛ ɔman a asoɔden ahyɛ mo ma.

Sikakɔkɔɔ Nantwie Ba

7Monkae yei na mommma mo werɛ mfiri sɛdeɛ mohyɛɛ Awurade, mo Onyankopɔn Abufuo wɔ ɛserɛ so hɔ no. Ɛfiri ɛberɛ a motu firii Misraim bɛsi sɛ moduruu ha yi, moate Awurade anim atua. 8Mohyɛɛ Awurade abufuo wɔ Horeb a anka ɔpɛ sɛ ɔsɛe mo. 9Mekɔɔ bepɔ no so sɛ merekɔgye aboɔ twerɛpono a na wɔatwerɛ apam a na Awurade ne mo apam no agu so no, metenaa hɔ nnafua aduanan. Mannidi na mannom. 10Awurade de apam a ɛwɔ aboɔ twerɛpono so a Onyankopɔn ankasa atwerɛ so nsɛm maa me. Ɔfiri ogya a ɛwɔ bepɔ no so no mu na ɔde maa me.

11Na adaduanan awia ne anadwo no baa awieeɛ no, Awurade de aboɔ ɛpono mmienu a wɔatwerɛ apam no wɔ so no maa me. 12Afei, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Siane firi ha ntɛm kɔ, ɛfiri sɛ, nnipa a wodii wɔn anim firi Misraim no adane abɔnefoɔ. Wɔamane afiri ɛkwan a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔntena ase no so dada, na wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ ohoni afa.”

13Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Mahwɛ saa nnipa yi ara ahunu sɛ, wɔn aso yɛ den pa ara. 14Ma me ɛkwan na mensɛe na mempepa wɔn din mfiri ɔsoro ase. Na menam so mayɛ wʼasefoɔ ɔman kɛseɛ; ɔman a ɛso na ɛwɔ ahoɔden sene sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi.”

15Enti, mesiane firii ogya bepɔ no so a aboɔ apono mmienu a apam no wɔ so no kura me. 16Mʼase hɔ no, mehunuu sikakɔkɔɔ nantwie ba a mofiri mo bɔne kɛseɛ mu ayɛ atia Awurade, mo Onyankopɔn. Ankyɛre koraa na modane firii Awurade ɛkwan a ɔkyerɛɛ mo sɛ momfa so no so. 17Enti, mepagyaa boɔ apono no kɔɔ soro ɛnna meto hwee fam. Mebubuu no wɔ mo anim.

18Afei, medaa Awurade anim awia ne anadwo adaduanan a manni burodo. Mannom nsuo. Meyɛɛ yei, ɛfiri sɛ moyɛɛ adeɛ a Awurade kyi, na ɛnam so maa ne bo fuu yie. 19Mesuro maa mo, ɛfiri sɛ, na Awurade ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛsɛe mo. Nanso, ɔtiee me bio. 20Awurade bo fuu Aaron ara kɔsii sɛ anka ɔpɛ sɛ ɔsɛe no. Nanso, mebɔɔ mpaeɛ maa Aaron nso. 21Mefaa mo bɔne no, nantwie ba a moayɛ no, na menanee no wɔ ogya mu yamoo no muhumuhu. Metoo ne mfuturo no guu asuwa a ɛtene firi bepɔ no so no mu.

22Mohyɛɛ Awurade abufuo wɔ Tabera, Masa ne Kibrot-Hataawa nso.

23Kades-Barnea nso, Awurade somaa mo wɔ saa ɔhyɛ yi so sɛ, “Monkɔ soro hɔ nkɔfa asase a mede ama mo no”. Nanso, motiaa Awurade mo Onyankopɔn ahyɛdeɛ no na moamfa mo ho anto no so antie nʼasɛm. 24Aane, ɛfiri sɛ mehunuu mo no, daa mosɔre tia Awurade.

25Ɛno enti na ɛberɛ a Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔpɛ sɛ ɔsɛe mo no, mekɔdaa nʼanim awia ne anadwo nnafua aduanan no. 26Mebɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Awurade sɛ, “Otumfoɔ Awurade, nsɛe wo ɔman ne wʼagyapadeɛ a wode wo kɛseyɛ agye asi hɔ na wode wo nsa a ɛyɛ den ayi wɔn afiri Misraim no. 27Yi wʼani firi saa nnipa asoɔdenfoɔ yi so na kae wʼasomfoɔ Abraham, Isak ne Yakob. 28Sɛ wosɛe saa nnipa yi a, Misraimfoɔ bɛka sɛ, ‘Awurade sɛee wɔn, ɛfiri sɛ, wantumi amfa wɔn ankɔ asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so. Anaasɛ nso, wɔbɛka sɛ, ɔsɛee wɔn, ɛfiri sɛ, ɔtan wɔn; ɔde wɔn baa ɛserɛ so sɛ ɔrekɔkunkum wɔn.’ 29Nanso, wɔyɛ wo nkurɔfoɔ ne wʼagyapadeɛ a wonam tumi a ɛso ne wʼabasa a wama soɔ so yii wɔn.”

New International Reader’s Version

Deuteronomy 9:1-29

Why the Lord Gave Canaan to Israel

1Israel, listen to me. You are now about to go across the Jordan River. You will take over the land of the nations that live there. Those nations are greater and stronger than you are. Their large cities have walls that reach up to the sky. 2The people who live there are Anakites. They are strong and tall. You know all about them. You have heard people say, “Who can stand up against the Anakites?” 3But today you can be sure the Lord your God will go over there ahead of you. He is like a fire that will burn them up. He’ll destroy them. He’ll bring them under your control. You will drive them out. You will put an end to them quickly, just as the Lord has promised you.

4The Lord your God will drive them out to make room for you. When he does, don’t say to yourself, “The Lord has done it because I am godly. That’s why he brought me here to take over this land.” That isn’t true. The Lord is going to drive out those nations to make room for you because they are very evil. 5You are not going in to take over their land because you have done what is right or honest. It’s because those nations are so evil. That’s why the Lord your God will drive them out to make room for you. He will do what he said he would do. He made a promise to your fathers, to Abraham, Isaac and Jacob. 6The Lord your God is giving you this good land to take as your own. But you must understand that it isn’t because you are a godly nation. In fact, you are stubborn.

Israel Worshiped the Golden Calf

7Here is something you must remember. Never forget it. You made the Lord your God angry in the desert. You refused to obey him from the day you left Egypt until you arrived here. 8At Mount Horeb you made the Lord angry enough to destroy you. 9I went up the mountain. I went there to receive the tablets of the covenant law. They were made out of stone. It was the covenant the Lord had made with you. I stayed on the mountain for 40 days and 40 nights. I didn’t eat any food or drink any water. 10The Lord gave me two stone tablets. The words on them were written by the finger of God. All the commandments the Lord gave you were written on the tablets. He announced them to you out of the fire on the mountain. He wrote them on the day you gathered together there.

11The 40 days and 40 nights came to an end. Then the Lord gave me the two stone tablets. They were the tablets of the covenant law. 12The Lord told me, “Go down from here right away. The people you brought out of Egypt have become very sinful. They have quickly turned away from what I commanded them. They have made a statue of a god for themselves.”

13The Lord also said to me, “I have seen these people. They are so stubborn! 14Do not try to stop me. I am going to destroy them. I will wipe them out from the earth. Then I will make you into a great nation. Your people will be stronger than they were. There will be more of you than there were of them.”

15So I turned and went down the mountain. It was blazing with fire. I was carrying the two tablets of the covenant law. 16When I looked, I saw that you had sinned against the Lord your God. You had made for yourselves a metal statue of a god. It looked like a calf. You had quickly turned away from the path the Lord had commanded you to follow. 17So I threw the two tablets out of my hands. You watched them break into pieces.

18Then once again I fell down flat in front of the Lord with my face toward the ground. I lay there for 40 days and 40 nights. I didn’t eat any food or drink any water. You had committed a terrible sin. You had done an evil thing in the Lord’s sight. You had made him angry. 19I was afraid of the Lord’s great anger. He was so angry with you he wanted to destroy you. But the Lord listened to me again. 20And he was so angry with Aaron he wanted to destroy him too. But at that time I prayed for Aaron. 21I also got that sinful calf you had made. I burned it in the fire. I crushed it and ground it into fine powder. Then I threw the powder into a stream that was flowing down the mountain.

22You also made the Lord angry at Taberah, Massah and Kibroth Hattaavah.

23The Lord sent you out from Kadesh Barnea. He said, “Go up and take over the land I have given you.” But you refused to do what the Lord your God had commanded you to do. You didn’t trust him or obey him. 24You have been refusing to obey the Lord as long as I’ve known you.

25I lay down in front of the Lord with my face toward the ground for 40 days and 40 nights. I did it because the Lord had said he would destroy you. 26I prayed to him. “Lord and King,” I said, “don’t destroy your people. They belong to you. You set them free by your great power. You used your mighty hand to bring them out of Egypt. 27Remember your servants Abraham, Isaac and Jacob. Forgive the Israelites for being so stubborn. Don’t judge them for the evil and sinful things they’ve done. 28If you do, the Egyptians will say, ‘The Lord wasn’t able to take them into the land he had promised to give them. He hated them. So he brought them out of Egypt to put them to death in the desert.’ 29But they are your people. They belong to you. You used your great power to bring them out of Egypt. You reached out your mighty arm and saved them.”