5 Mose 4 – ASCB & NIV

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 4:1-49

Ɔsetie Ho Afotuo

1Afei, Israel montie mmara ne nhyehyɛeɛ a merebɛkyerɛkyerɛ mo yi yie. Monni so na moanya nkwa, na moatumi akɔ asase a Awurade mo agyanom Onyankopɔn de rema mo no so na moatena hɔ. 2Mommfa bi nka ho, na monnyi biribiara nso mfiri mmara a Awurade mo Onyankopɔn de ama me sɛ memfa mma mo no mu, na mmom monni so.

3Mode mo ani hunuu deɛ Awurade yɛɛ mo wɔ Baal-peor no. Ɔsɛee nnipa pii a na wɔsom abosom no. 4Nanso, wɔn a na wɔdi Awurade mo Onyankopɔn nokorɛ nyinaa da so te ase bɛsi ɛnnɛ.

5Sɛ moduru asase a mobɛtena so no so a, yeinom ne mmara a ɛsɛ sɛ modi so. Ɛfiri Awurade, yɛn Onyankopɔn, nkyɛn. Ɔde ama me sɛ memfa mma mo. 6Sɛ modi so a, ɛbɛma mo agye nim wɔ adwene ne nyansa mu. Na sɛ aman a wɔatwa mo ho ahyia no te saa mmara yi a, wɔbɛteam sɛ, “Ɔman bɛn na wɔwɔ nyansa ne adwene sɛ Israel!” 7Ɔman kɛseɛ bɛn na ɛwɔ onyame a ɔbɛn wɔn pɛɛ te sɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, a yɛfrɛ no a ɔgye yɛn so yi? 8Na ɔman bɛn na ɛwɔ edin sei a ɛwɔ mmara pa te sɛ saa mmara yi a mede rema mo ɛnnɛ yi?

9Monhwɛ yie! Monhwɛ yie pa ara na mo werɛ amfiri deɛ moahunu sɛ Awurade yɛ ma mo. Sɛ mote ase yi, mommma saa nsɛm yi mfiri mo adwene mu da! Na monhwɛ nso sɛ mo mma ne mo nananom nso bɛte. 10Ka kyerɛ wɔn, ne titire no, ɛda a mokɔgyinaa Awurade mo Onyankopɔn anim wɔ bepɔ Horeb a ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Frɛ ɔmanfoɔ no wɔ mʼanim na mɛkyerɛ wɔn deɛ wɔnyɛ no. Sɛ ɛba saa a, wɔbɛsua sɛdeɛ wɔbɛdi me ni berɛ dodoɔ a wɔte ase no, na ɛnam so ma wɔatumi akyerɛ wɔn mma mmara no.” 11Mobɛgyina bɛnee bepɔ no ayaase ɛberɛ a na bepɔ no rehye no. Egyaframa no tu kɔɔ soro a omununkum ne esum kabii aduru no. 12Na Awurade kasa faa ogya no mu kyerɛɛ mo. Motee nsɛm no, nanso moanhunu no. Ɛnne kɛkɛ na ɛbaeɛ. 13Ɔdaa nʼapam a ɔkyerɛɛ mo sɛ monni so no adi; mmaransɛm edu a ɔtwerɛɛ guu aboɔ ɛpono mmienu so no. 14Saa ɛberɛ no na Awurade hyɛɛ me sɛ memfa mmara a ɛsɛ sɛ modi so wɔ asase a morebɛhyɛne so akɔtena so no mma mo.

Ahonisom Ho Kɔkɔbɔ

15Monhwɛ yie! Ɛberɛ a Awurade kasa faa ogya mu kyerɛɛ mo firi bepɔ Horeb so no, moanhunu no. 16Ɛno enti, Monnnaadaa mo ho nyɛ mfoni hunu bi wɔ mo tirim sɛ ɔyɛ ɔbaa anaa ɔbarima, 17aboa anaa anomaa, 18aboa a ɔwea fam anaa nsuomnam. 19Na sɛ mohwɛ ewiem na mohunu owia, ɔsrane ne nsoromma a, mma wɔnntwetwe mo nkɔsom wɔn. Awurade, mo Onyankopɔn, yɛɛ saa ewiem abɔdeɛ yi maa nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa. 20Na mo deɛ, Awurade yii mo firii dadeɛ fononoo mu wɔ Misraim sɛ mommɛyɛ nʼadedifoɔ sɛdeɛ mote ɛnnɛ yi.

21Mo enti, Awurade bo fuu me yie. Ɔkaa ntam sɛ, merentwa Asubɔnten Yordan nkɔ asase pa a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ mo agyapadeɛ sononko no so da. 22Ɛwom sɛ mobɛtwa Yordan akɔtena hɔ asase no so, na me deɛ, mɛwu wɔ asuo no fa ha. 23Enti, monhwɛ yie na moammu apam a Awurade, mo Onyankopɔn, ne mo ayɛ no so. Sɛ moyɛ abosom sɛso biara a mo Awurade mo Onyankopɔn abra mo no a, na ɛkyerɛ sɛ, moabu apam no so. 24Awurade, mo Onyankopɔn, yɛ Onyame ninkunfoɔ ne ogya a ɔhye adeɛ Onyankopɔn.

25Moawowo mma ne mmanana akyi, na moatena asase no so akyɛre no, sɛ bɔne fa mo na moyɛ ohoni bi nam so yɛ bɔne wɔ Awurade mo Onyankopɔn ani so nam so hyɛ no Abufuo a, 26mefrɛ ɔsoro ne fam sɛ mʼadansefoɔ de tia mo saa ɛda yi sɛ, ntɛm so, mobɛhye afiri asase a moretwam wɔ so akɔ Yordan akɔfa no so. Morentena hɔ nkyɛ na wɔasɛe mo pasapasa. 27Na Awurade bɛbɔ mo apansam aman mu a mo mu kakra bi na wɔbɛtena ase. 28Ɛhɔ a ɛyɛ ahɔhosase no so na mobɛsom ahoni a wɔde nnua ne aboɔ na ayɛ, anyame a wɔnhunu adeɛ na wɔnte asɛm na wɔnnidi nte hwa no. 29Ɛhɔ na mobɛpere bio ahwehwɛ Awurade mo Onyankopɔn. Na sɛ mode mo akoma ne mo kra nyinaa hwehwɛ no a, mobɛhunu no. 30Sɛ ɔhaw bi to mo na yeinom nyinaa ba mo so a, akyire no, mobɛsane akɔ Awurade mo Onyankopɔn nkyɛn na moayɛ ɔsetie ama no. 31Ɛfiri sɛ, mo Awurade mo Onyankopɔn no yɛ mmɔborɔhunu Onyankopɔn. Ɔrennya mo na ɔrensɛe mo anaa ne werɛ remfiri apam a ɔne mo agyanom pameeɛ a ɔkaa ntam sii so no.

Onyankopɔn Yɛ Baako

32Hwehwɛ abakɔsɛm mu firi ɛberɛ a Onyankopɔn bɔɔ nnipa wɔ asase so bɛsi ɛnnɛ yi. Afei, hwehwɛ firi ɔsoro ano kɔsi ɔsoro ano. Hwɛ sɛ biribi kɛseɛ a ɛte sɛ yei asi pɛn anaasɛ woate biribi saa pɛn? 33Ɔman bi ate Onyankopɔn nne sɛ ɔrekasa afiri ogya mu sɛdeɛ moteeɛ na wɔda so te ase yi anaa? 34Onyame foforɔ bi nam ɔgye a ɔnam amanehunu, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ nwanwa, ɔko, tumidie ne ahodwiredeɛ so agye ɔman bi afiri ɔman foforɔ bi nsam afa sɛ ne dea anaa? Nanso, saa na Awurade, mo Onyankopɔn, yɛ maa mo wɔ Misraim a mo ani hunuiɛ.

35Ɔdaa yeinom nyinaa adi kyerɛɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a nʼakyi obi nni hɔ. 36Ɔmaa motee ne nne firi soro nam so tenetenee mo so. Ɔmaa mohunuu ne ogya fadum wɔ asase so, ɛnna motee ne nne firii ogya no mfimfini. 37Esiane sɛ na ɔpɛ mo agyanom asɛm, na ɔpɛɛ sɛ ɔhyira wɔn asefoɔ enti na ɔno ara nam ne tumi kɛseɛ so yii mo firii Misraim no. 38Ɔpamoo saa aman yi a na wɔn ho yɛ den sene mo wɔ mo anim sɛdeɛ mobɛba wɔn asase so abɛdi so sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi.

39Enti, monkae na momma no ntim mo akoma mu: Awurade yɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro ne asase so, na onyame bi nka ne ho bio! 40Sɛ moyɛ ɔsetie ma mmara no ne ahyɛdeɛ no a mede bɛma mo ɛnnɛ no a, ɛbɛsi mo ne mo mma yie. Mobɛnyini akyɛre wɔ asase a Awurade mo Onyankopɔn de rema mo afebɔɔ no so.

Apueeɛ Fam Dwanekɔbea Nkuropɔn

41Afei, Mose yii nkuropɔn mmiɛnsa bi wɔ Yordan apueeɛ fam 42a, sɛ ɛba sɛ obi akum obi a wanhyɛ da na ɔnni onipa ko no ho menasepɔ bi a, ɔtumi dwane kɔ hɔ kɔbɔ ne ho adwaa. 43Ɔyii Beser a ɛda ɛserɛ ne asase tata so no maa Rubenfoɔ. Ɔde Ramot a ɛwɔ Gilead no maa Gadfoɔ ɛnna ɔde Golan a ɛwɔ Basan no nso maa Manase abusuakuo.

Wɔda Mmara No Adi

44Yeinom ne mmara a Mose de maa Israelfoɔ no. 45Israelfoɔ no firii Misraim no, yeinom ne akwankyerɛ, mmara ne ahyɛdeɛ a Mose de maa wɔn 46ɛberɛ a wɔduruu bɔnhwa a ɛbɛn Bet-Peor a ɛda Asubɔnten Yordan apueeɛ fam. Kane no, na Amorifoɔ na wɔte asase yi so ɛberɛ a wɔn ɔhene Sihon a ɔfiri Hesbon di adeɛ. Mose ne Israelfoɔ firi Misraim ɛreba no, wɔsɛe ɔhene yi ne nkurɔfoɔ. 47Wɔfaa nʼasase no sane faa Basanhene Og asase nso kaa ho. Saa ahemfo baanu yi na wɔyɛ Amorifoɔ ahemfo a wɔte Yordan apueeɛ. 48Saa asase yi na ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subɔnhwa ano kɔsi Sion bepɔ, a wɔfrɛ no Hermon no ho. 49Israelfoɔ no sane faa nsaase a ɛfiri Araba ɛpo no ano kɔsi bepɔ Pisga ase.

New International Version

Deuteronomy 4:1-49

Obedience Commanded

1Now, Israel, hear the decrees and laws I am about to teach you. Follow them so that you may live and may go in and take possession of the land the Lord, the God of your ancestors, is giving you. 2Do not add to what I command you and do not subtract from it, but keep the commands of the Lord your God that I give you.

3You saw with your own eyes what the Lord did at Baal Peor. The Lord your God destroyed from among you everyone who followed the Baal of Peor, 4but all of you who held fast to the Lord your God are still alive today.

5See, I have taught you decrees and laws as the Lord my God commanded me, so that you may follow them in the land you are entering to take possession of it. 6Observe them carefully, for this will show your wisdom and understanding to the nations, who will hear about all these decrees and say, “Surely this great nation is a wise and understanding people.” 7What other nation is so great as to have their gods near them the way the Lord our God is near us whenever we pray to him? 8And what other nation is so great as to have such righteous decrees and laws as this body of laws I am setting before you today?

9Only be careful, and watch yourselves closely so that you do not forget the things your eyes have seen or let them fade from your heart as long as you live. Teach them to your children and to their children after them. 10Remember the day you stood before the Lord your God at Horeb, when he said to me, “Assemble the people before me to hear my words so that they may learn to revere me as long as they live in the land and may teach them to their children.” 11You came near and stood at the foot of the mountain while it blazed with fire to the very heavens, with black clouds and deep darkness. 12Then the Lord spoke to you out of the fire. You heard the sound of words but saw no form; there was only a voice. 13He declared to you his covenant, the Ten Commandments, which he commanded you to follow and then wrote them on two stone tablets. 14And the Lord directed me at that time to teach you the decrees and laws you are to follow in the land that you are crossing the Jordan to possess.

Idolatry Forbidden

15You saw no form of any kind the day the Lord spoke to you at Horeb out of the fire. Therefore watch yourselves very carefully, 16so that you do not become corrupt and make for yourselves an idol, an image of any shape, whether formed like a man or a woman, 17or like any animal on earth or any bird that flies in the air, 18or like any creature that moves along the ground or any fish in the waters below. 19And when you look up to the sky and see the sun, the moon and the stars—all the heavenly array—do not be enticed into bowing down to them and worshiping things the Lord your God has apportioned to all the nations under heaven. 20But as for you, the Lord took you and brought you out of the iron-smelting furnace, out of Egypt, to be the people of his inheritance, as you now are.

21The Lord was angry with me because of you, and he solemnly swore that I would not cross the Jordan and enter the good land the Lord your God is giving you as your inheritance. 22I will die in this land; I will not cross the Jordan; but you are about to cross over and take possession of that good land. 23Be careful not to forget the covenant of the Lord your God that he made with you; do not make for yourselves an idol in the form of anything the Lord your God has forbidden. 24For the Lord your God is a consuming fire, a jealous God.

25After you have had children and grandchildren and have lived in the land a long time—if you then become corrupt and make any kind of idol, doing evil in the eyes of the Lord your God and arousing his anger, 26I call the heavens and the earth as witnesses against you this day that you will quickly perish from the land that you are crossing the Jordan to possess. You will not live there long but will certainly be destroyed. 27The Lord will scatter you among the peoples, and only a few of you will survive among the nations to which the Lord will drive you. 28There you will worship man-made gods of wood and stone, which cannot see or hear or eat or smell. 29But if from there you seek the Lord your God, you will find him if you seek him with all your heart and with all your soul. 30When you are in distress and all these things have happened to you, then in later days you will return to the Lord your God and obey him. 31For the Lord your God is a merciful God; he will not abandon or destroy you or forget the covenant with your ancestors, which he confirmed to them by oath.

The Lord Is God

32Ask now about the former days, long before your time, from the day God created human beings on the earth; ask from one end of the heavens to the other. Has anything so great as this ever happened, or has anything like it ever been heard of? 33Has any other people heard the voice of God4:33 Or of a god speaking out of fire, as you have, and lived? 34Has any god ever tried to take for himself one nation out of another nation, by testings, by signs and wonders, by war, by a mighty hand and an outstretched arm, or by great and awesome deeds, like all the things the Lord your God did for you in Egypt before your very eyes?

35You were shown these things so that you might know that the Lord is God; besides him there is no other. 36From heaven he made you hear his voice to discipline you. On earth he showed you his great fire, and you heard his words from out of the fire. 37Because he loved your ancestors and chose their descendants after them, he brought you out of Egypt by his Presence and his great strength, 38to drive out before you nations greater and stronger than you and to bring you into their land to give it to you for your inheritance, as it is today.

39Acknowledge and take to heart this day that the Lord is God in heaven above and on the earth below. There is no other. 40Keep his decrees and commands, which I am giving you today, so that it may go well with you and your children after you and that you may live long in the land the Lord your God gives you for all time.

Cities of Refuge

41Then Moses set aside three cities east of the Jordan, 42to which anyone who had killed a person could flee if they had unintentionally killed a neighbor without malice aforethought. They could flee into one of these cities and save their life. 43The cities were these: Bezer in the wilderness plateau, for the Reubenites; Ramoth in Gilead, for the Gadites; and Golan in Bashan, for the Manassites.

Introduction to the Law

44This is the law Moses set before the Israelites. 45These are the stipulations, decrees and laws Moses gave them when they came out of Egypt 46and were in the valley near Beth Peor east of the Jordan, in the land of Sihon king of the Amorites, who reigned in Heshbon and was defeated by Moses and the Israelites as they came out of Egypt. 47They took possession of his land and the land of Og king of Bashan, the two Amorite kings east of the Jordan. 48This land extended from Aroer on the rim of the Arnon Gorge to Mount Sirion4:48 Syriac (see also 3:9); Hebrew Siyon (that is, Hermon), 49and included all the Arabah east of the Jordan, as far as the Dead Sea,4:49 Hebrew the Sea of the Arabah below the slopes of Pisgah.