5 Mose 3 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 3:1-29

Basanhene Og So Nkonimdie

1Afei, yɛde yɛn ani kyerɛɛ Basan ɛkwan so. Basanhene Og ne nʼasraadɔm firi bɛhyiaa yɛn wɔ Edrei ne yɛn koeɛ. 2Nanso, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Nsuro no, ɛfiri sɛ, mede ɔno ne nʼakodɔm ne nʼasase nyinaa ahyɛ wo nsa. Asɛm a ɛtoo Amorifoɔhene Sihon wɔ Hesbon no, saa asɛm korɔ no ara bi na ɛbɛto no.”

3Enti, Awurade, yɛn Onyankopɔn, sane de Basanhene Og ne nʼakodɔm nyinaa hyɛɛ yɛn nsa. Yɛbɔɔ wɔn guiɛ a anka wɔn mu baako koraa. 4Saa ɛberɛ no, yɛfaa wɔn nkuropɔn nyinaa. Nkuropɔn aduosia no mu baako koraa nni hɔ a yɛannye amfiri wɔn nsam. Argob mantam a ɛyɛ Og ahenkuro wɔ Basan nyinaa ka ho. 5Saa nkuropɔn yi nyinaa, na wɔato afasuo atentene afa ho de nnadeɛ apono atoto ano. Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, yɛfaa nkuraa a na wɔntoo afasuo mfaa ho bebree. 6Yɛsɛee Basan kuropɔn no korakora sɛdeɛ yɛsɛee Hesbonhene Sihon no. Yɛsɛee nkuro no ne emu mmarima, mmaa ne mmɔfra nyinaa pasapasa. 7Nanso, afieboa nyinaa ne nkuro no mu asadeɛ deɛ, yɛfom faeɛ.

8Amorifoɔ ahemfo baanu nsase a na ɛdeda Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no nyinaa, yɛfaeɛ—nsase a ɛfiri Arnon subɔnhwa kɔsi bepɔ Hermon so nyinaa. 9Sidonfoɔ frɛ no Hermon Sirion ɛnna Amorifoɔ frɛ no Senir. 10Yɛadi nkuropɔn a ɛwɔ bepɔ no apampam no nyinaa so a Gilead ne Basan ka ho de kɔsi nkuro a ɛwɔ Saleka ne Edrei, a na ɛyɛ Og ahemman wɔ Basan no nso ka ho bi. 11Abrane no deɛ, Basanhene Og nko na na waka. Ne dadeɛ mpa tenten boro anammɔn dumiɛnsa ɛnna ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nsia. Ɛda so wɔ Amonfoɔ kuropɔn Raba mu seesei ara.

Nsase No Mu Kyekyɛ Wɔ Yordan Apueeɛ Fam

12Yɛfaa asase no, mede asase no fa a ɛda firi Aroer Arnon subɔnhwa mu ne Gilead bepɔ fa ne ne nkuro no maa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ. 13Afei, mede asase no nkaeɛ a ɛyɛ Gilead ne Basan nyinaa a ɛyɛ na anka ɛyɛ Og ahemman no maa Manase abusua fa no. Saa Basan no nyinaa na wɔfrɛ no abrane asase. 14Manase abusua ɔkannifoɔ Yair faa Argob asase no nyinaa a ɛne Basan kɔsii Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ hyeɛ so. Ɔde ne din too asase no frɛɛ hɔ Hawot-Yair de bɛsi ɛnnɛ. 15Mede Gilead maa Makir, 16Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no, memaa wɔn asase bi a ɛfiri Gilead fa bi, kɔsi Arnon subɔnhwa ho, de kɔsi Asubɔnten Yabok a ɛyɛ Amonfoɔ hyeɛ no so. 17Atɔeɛ hyeɛ no firi Asubɔnten Yordan a ɛda Araba a ɛfiri Kineret kɔsi Nkyene Ɛpo a ɛda Pisga bepɔ ayaase no.

18Na mehyɛɛ mo saa ɛberɛ no sɛ, “Awurade mo Onyankopɔn de asase yi ama mo sɛ momfa. Nanso mo mmarima akofoɔ nyinaa nhyɛ akodeɛ nni mo nuanom Israelfoɔ anim ntwa Yordan. 19Mo yerenom, mo mma ne mo afieboa bebrebe no deɛ, monnya wɔn wɔ mo akyi wɔ nkuro a mede ama mo no so. 20Awurade bɔ Israelfoɔ a wɔaka no ho ban na wɔtena asase a Awurade de ama wɔn a ɛtwam Asubɔnten Yordan no so a, afei motumi sane mo akyi ba asase a mede ama mo no so.”

Wɔamma Mose Ankɔ Asase No So

21Saa ɛberɛ no, meka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Woahunu deɛ Awurade wo Onyankopɔn ayɛ saa ahemfo baanu yi. Saa ara na ɔbɛyɛ ahemman a ɛwɔ Yordan atɔeɛ fam no nyinaa. 22Nsuro aman a wɔwɔ hɔ no na Awurade bɛko ama wo.”

23Saa ɛberɛ no, mesrɛɛ Awurade sɛ, 24“Ao Otumfoɔ Awurade, meyɛ wʼakoa. Afei, na worekyerɛ me wo kɛseyɛ ne wo tumi. Onyame bɛn na ɔwɔ ɔsoro anaa asase so a ɔbɛtumi ayɛ mmaninneɛ te sɛ wo? 25Mesrɛ wo, ma me ntwa Yordan nkɔhwɛ asase nwanwa a ɛda ɛfa hɔ, ɔman fɛfɛ no ne Lebanon mmepɔ no.”

26Nanso ɛsiane mo enti, Awurade bo fuu me. Na wantie me. Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ “Ɛyɛ, nka saa asɛm yi ho hwee bio nkyerɛ me. 27Foro kɔ Pisga na hwɛ atɔeɛ ne atifi ne anafoɔ ne apueeɛ. Esiane sɛ, worentwa Yordan no enti, wʼankasa fa wʼani hwɛ asase no. 28Nanso, tu Yosua na bɔ nʼaba so, na hyɛ no den na ɔno na ɔbɛdi saa nnipa yi anim atwa na wama wɔadi asase a wʼani tua yi so.” 29Ɛno enti, yɛtenaa subɔnhwa a ɛbɛn Bet-Peor.