5 Mose 29 – ASCB & NIVUK

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 29:1-29

Apam No Ntimu

1Yei ne nhyehyɛeɛ a ɛwɔ apam a Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfoɔ no nyɛ wɔ Moab nka apam a ɔne wɔn yɛɛ no wɔ Horeb no.

2Mose frɛɛ Israelfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ:

Mo ahunu deɛ Awurade yɛɛ Farao ne ne mpanimfoɔ ne ne ɔman nyinaa wɔ Misraim no. 3Mo ankasa mohunuu sɔhwɛ akɛseɛ, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu ne anwanwadeɛ akɛseɛ no. 4Nanso, ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Awurade mmaa mo adwene a ɛte asɛm ase anaa ani a ɛhunu adeɛ anaa aso a ɛte asɛm. 5Mfeɛ aduanan mu a medii mo anim faa ɛserɛ so no, mo ntoma antete; saa ara na mo mpaboa a ɛhyɛ mo nan nso anhi. 6Moanni aduane, annom nsã anaa nsã a ano yɛ den. Meyɛɛ saa sɛdeɛ mobɛhunu sɛ mene Awurade, mo Onyankopɔn, no.

7Yɛduruu ha no, Hesbonhene Sihon ne Basanhene Og ba bɛko tiaa yɛn, nanso, yɛdii wɔn so. 8Yɛfaa wɔn asase de maa Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no sɛ wɔn agyapadeɛ.

9Ɛno enti, monni saa apam yi so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, biribiara a mobɛyɛ no bɛyɛ yie. 10Mo nyinaa—mo mmusuakuo mpanimfoɔ, mo atemmufoɔ, mo ahwɛfoɔ ne Israel mmarima nyinaa, ɛnnɛ mogyina Awurade, mo Onyankopɔn, anim, 11mo ne mo mma ne mo yerenom ne ahɔhoɔ a wɔte mo mu a wɔbu mo nnua, soa mo nsuo. 12Mogyina ha sɛ mo ne Awurade, mo Onyankopɔn, rebɛyɛ apam, apam a Awurade ne mo reyɛ ɛnnɛ. Ɔde ntam bɛsɔ ano, 13na wasi so gyinaeɛ sɛ ɛnnɛ, moyɛ ne nkurɔfoɔ na ɔno nso bɛyɛ mo Onyankopɔn sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo bɔ no na ɔkaa ntam kyerɛɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no. 14Mereyɛ saa apam yi a ne ntam bata ho. Apam yi, ɛnyɛ mo a 15mo ne yɛn gyina ha ɛnnɛ wɔ Awurade mo Onyankopɔn anim no nko dea. Na mmom ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔnni ha nso.

16Mo ankasa monim sɛdeɛ yɛtenaa Misraim ne sɛdeɛ yɛreba ha no yɛfaa aman so bɛsii ha. 17Mohunuu akyiwadeɛ ahoni a wɔde nnua ne aboɔ ne dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ wɔ wɔn nkyɛn. 18Monhwɛ yie sɛ ɔbarima anaa ɔbaa anaa abusua biara a wɔwɔ mo mu ɛnnɛ no mu biara akoma rennane mfiri Awurade, mo Onyankopɔn, ho nkɔsom saa aman yi anyame; monhunu sɛ, duhini biara nni mo mu a ɛpu bɔnwoma a ɛyɛ nwono saa.

19Ɛnsɛ sɛ obiara a ɔte nnome ho kɔkɔbɔ nsɛm yi susu sɛ ɔno deɛ hwee renka no. Mma no nka wɔ ne tirim sɛ, “Me ho sɔnn, ɛmfa ho sɛ menam asoɔden kwan so.” Yei de ɔsɛeɛ a ɛso bɛba. 20Awurade remfa nkyɛ saa nnipa no. Nʼabufuo ne ne ninkunu bɛhye atia wɔn. Nnome a wɔatwerɛ no saa nwoma yi mu nyinaa bɛba wɔn so na Awurade bɛpepa wɔn din afiri ɔsoro ase. 21Awurade bɛtwe wɔn afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu na wahwie apam no mu nnome nyinaa a wɔatwerɛ wɔ saa mmara nwoma no mu agu wɔn so.

22Afei, nkyirimma a wɔbɛba, wɔn a wɔfiri mo ase ne wɔn a wɔfiri ahɔhoɔ ase a wɔfiri akyirikyiri asase so bɛhunu asase no sɛeɛ ne nyarewa a Awurade de bɛbrɛ asase no. 23Wɔbɛhunu sɛ, wɔn asase no dɔteɛ adane sɔfe ne nkyene a wɔdua so biribiara a ɛnyɛ yie, na hwee nso nnyini wɔ so—mpo, ɛserɛ ahahan. Ɛbɛyɛ te sɛ Sodom ne Gomora, Adma ne Seboim a Awurade sɛee no nʼabufuo mu no. 24Aman a atwa ahyia no bɛbisa sɛ, “Adɛn enti na Awurade ayɛ saa asase yi saa? Adɛn enti na ne bo fu denden saa?”

25Na wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ, “Saa asɛm yi siiɛ, ɛfiri sɛ, nnipa a wɔwɔ asase no so buu apam a wɔne Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn yɛeɛ ɛberɛ a ɔyii wɔn firii Misraim asase so. 26Wɔdane kɔsom anyame foforɔ a wɔyɛ ahɔhoɔ ma wɔn, anyame a Awurade nkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsom. 27Ɛno enti na Awurade abufuo dɛre tiaa saa asase yi, nam so de nnome a wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no baa wɔn so no. 28Abufuhyeɛ mu, Awurade tutuu ne nkurɔfoɔ ase firii wɔn asase so twaa wɔn asuo de wɔn kɔguu asase foforɔ a wɔte so seesei no.”

29Ahintasɛm nyinaa firi Awurade mo Onyankopɔn hɔ, na nneɛma a wada no adi akyerɛ yɛn ne yɛn asefoɔ no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛbɛdi ne mmaransɛm yi so.

New International Version – UK

Deuteronomy 29:1-29

Renewal of the covenant

In Hebrew texts 29:1 is numbered 28:69, and 29:2-29 is numbered 29:1-28. 1These are the terms of the covenant the Lord commanded Moses to make with the Israelites in Moab, in addition to the covenant he had made with them at Horeb.

2Moses summoned all the Israelites and said to them:

Your eyes have seen all that the Lord did in Egypt to Pharaoh, to all his officials and to all his land. 3With your own eyes you saw those great trials, those signs and great wonders. 4But to this day the Lord has not given you a mind that understands or eyes that see or ears that hear. 5Yet the Lord says, ‘During the forty years that I led you through the wilderness, your clothes did not wear out, nor did the sandals on your feet. 6You ate no bread and drank no wine or other fermented drink. I did this so that you might know that I am the Lord your God.’

7When you reached this place, Sihon king of Heshbon and Og king of Bashan came out to fight against us, but we defeated them. 8We took their land and gave it as an inheritance to the Reubenites, the Gadites and the half-tribe of Manasseh.

9Carefully follow the terms of this covenant, so that you may prosper in everything you do. 10All of you are standing today in the presence of the Lord your God – your leaders and chief men, your elders and officials, and all the other men of Israel, 11together with your children and your wives, and the foreigners living in your camps who chop your wood and carry your water. 12You are standing here in order to enter into a covenant with the Lord your God, a covenant the Lord is making with you this day and sealing with an oath, 13to confirm you this day as his people, that he may be your God as he promised you and as he swore to your fathers, Abraham, Isaac and Jacob. 14I am making this covenant, with its oath, not only with you 15who are standing here with us today in the presence of the Lord our God but also with those who are not here today.

16You yourselves know how we lived in Egypt and how we passed through the countries on the way here. 17You saw among them their detestable images and idols of wood and stone, of silver and gold. 18Make sure there is no man or woman, clan or tribe among you today whose heart turns away from the Lord our God to go and worship the gods of those nations; make sure there is no root among you that produces such bitter poison.

19When such a person hears the words of this oath and they invoke a blessing on themselves, thinking, ‘I will be safe, even though I persist in going my own way,’ they will bring disaster on the watered land as well as the dry. 20The Lord will never be willing to forgive them; his wrath and zeal will burn against them. All the curses written in this book will fall on them, and the Lord will blot out their names from under heaven. 21The Lord will single them out from all the tribes of Israel for disaster, according to all the curses of the covenant written in this Book of the Law.

22Your children who follow you in later generations and foreigners who come from distant lands will see the calamities that have fallen on the land and the diseases with which the Lord has afflicted it. 23The whole land will be a burning waste of salt and sulphur – nothing planted, nothing sprouting, no vegetation growing on it. It will be like the destruction of Sodom and Gomorrah, Admah and Zeboyim, which the Lord overthrew in fierce anger. 24All the nations will ask: ‘Why has the Lord done this to this land? Why this fierce, burning anger?’

25And the answer will be: ‘It is because this people abandoned the covenant of the Lord, the God of their ancestors, the covenant he made with them when he brought them out of Egypt. 26They went off and worshipped other gods and bowed down to them, gods they did not know, gods he had not given them. 27Therefore the Lord’s anger burned against this land, so that he brought on it all the curses written in this book. 28In furious anger and in great wrath the Lord uprooted them from their land and thrust them into another land, as it is now.’

29The secret things belong to the Lord our God, but the things revealed belong to us and to our children for ever, that we may follow all the words of this law.