5 Mose 27 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 27:1-26

Bepɔ Ebal Afɔrebukyia

1Mose ne Israel mpanimfoɔ hyɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ, “Monni mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi nyinaa so. 2Sɛ motwa Yordan kɔduru asase a Awurade, mo Onyankopɔn de rema mo no so a, monhyehyɛ aboɔ akɛseɛ na momfa akaadoo nsra ho. 3Sɛ motwa Yordan kɔ asase a Awurade, mo Onyankopɔn de rema mo no so, asase a ɛwoɔ ne nufosuo resene so no so a, montwerɛ mmara no nyinaa ngu so sɛdeɛ Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, hyɛɛ mo bɔ no. 4Na sɛ motwa Yordan a, monhyehyɛ aboɔ no wɔ Ebal bepɔ so sɛdeɛ merehyɛ mo ɛnnɛ yi na momfa akaadoo no mfa ho. 5Monsi afɔrebukyia, aboɔ afɔrebukyia wɔ hɔ mma Awurade, mo Onyankopɔn. Mommfa dadeɛ biribiara nka. 6Momfa aboɔ nkunkuma nsi Awurade, mo Onyankopɔn afɔrebukyia no na mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so mma Awurade, mo Onyankopɔn. 7Mommɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ nso wɔ so na momfa anigyeɛ nnidi wɔ hɔ wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim. 8Montwerɛ mmara no mu nhyehyɛeɛ nyinaa pɛpɛɛpɛ ngu aboɔ a wɔde akaadoo aka so no so.”

Nnome A Ɛfiri Bepɔ Ebal So

9Afei, Mose ne Lewifoɔ asɔfoɔ kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Ao Israel, monyɛ komm na montie! Ɛnnɛ, moabɛyɛ Awurade, mo Onyankopɔn manfoɔ. 10Monyɛ ɔsetie mma Awurade, mo Onyankopɔn, na monni ne mmara ne nʼahyɛdeɛ a mede rema mo ɛnnɛ yi so.”

11Saa ɛda no ara, Mose hyɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ,

12Sɛ motwa Asubɔnten Yordan a, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef ne Benyamin mmusuakuo na wɔnnyina Gerisim bepɔ so nhyira ɔman no. 13Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan ne Naftali mmusuakuo nso nnyina Ebal bepɔ so nnome.

14Na afei, Lewifoɔ nteam ngu nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa so sɛ:

15“Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasene anaa deɛ wɔagu de ahyɛ kɔkoam. Saa ahoni adwumfoɔ nsaano nnwuma yi yɛ Awurade akyiwadeɛ.”

Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

16“Nnome nka obiara a ɔbɛbu nʼagya anaa ne maame animtia.”

Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

17“Nnome nka obiara a ɔsesa hyeɛ nam so bɔ ne yɔnko korɔno.”

Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

18“Nnome nka obiara a ɔma onifirani fom ɛkwan.”

Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

19“Nnome nka obiara a ɔsisi ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ.”

Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

20“Nnome nka obiara a ɔne nʼagya yere bɛda, ɛfiri sɛ, wagu nʼagya mpa ho fi.”

Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

21“Nnome nka obiara a ɔne aboa bɛda.”

Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

22“Nnome nka obiara a ɔne ne nuabaa bɛda, sɛ ɔyɛ nʼagya babaa anaa ne maame babaa.”

Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

23“Nnome nka obiara a ɔne nʼase baa bɛda.”

Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

24“Nnome nka obiara a ɔbɛkum ɔfoforɔ wɔ kɔkoam.”

Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

25“Nnome nka obiara a ɔgye apaabɔdeɛ na ɔkum onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara.”

Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

26“Nnome nka obiara a wanni mmaransɛm yi so na wannye anto mu.”

Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”