5 Mose 24 – ASCB & PCB

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 24:1-22

1Sɛ ɔbarima ware yere na sɛ nʼani nnye ne ho bio, ɛfiri sɛ wahunu ade bɔne bi wɔ ne ho, na sɛ ɔtwerɛ awaregyaeɛ krataa de ma no, na ɔpamoo no firi ne fie, 2na ɔfiri fie hɔ na ɔbarima foforɔ kɔware no, 3na ne kunu a ɔtɔ so mmienu no gyaa no anaa sɛ ɔwu a, 4ne kunu a ɔdi ɛkan a ɔgyaa no no nni ho ɛkwan sɛ ɔware no bio, ɛfiri sɛ, wagu ne ho fi. Ɛyɛ akyiwadeɛ wɔ Awurade ani so. Mommfa afɔbuo mma asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ no so.

5Sɛ ɔbarima aware foforɔ a, ɛnsɛ sɛ wɔde no kɔ ɔko anaasɛ nso wɔde dwuma bi die to no so. Ɛsɛ sɛ ɔtena fie afe a ɔnyɛ adwuma biara sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛma ne yere foforɔ a waware no no anya ahotɔ.

6Obi nnye adeyam boba kɛseɛ no ne ne ketewa no anaa adeyam boba ketewa no nko ara awowa, ɛfiri sɛ, deɛ ɛyɛ ne dea no, ɛno ho na ɔdidi.

7Sɛ obi kyere ne yɔnko Israelni na ɔdi no nya sɛ ɔdɔnkɔ anaa ɔtɔn no a, ɛsɛ sɛ onyadifoɔ no wuo. Ɛsɛ sɛ motu bɔne ase firi mo mu.

8Monhwɛ honam ani nsaneyadeɛ nyinaa yie na monni ɛho mmara a Lewifoɔ asɔfoɔ bɛkyerɛ mo no so; monni mmara a mahyɛ ama mo no so. 9Monkae deɛ ɛberɛ a mofiri Misraim reba no Awurade, mo Onyankopɔn, yɛɛ Miriam.

10Sɛ wode biribi fɛm wo yɔnko a, nkɔ wo yɔnko fie nkɔgye awowasideɛ. 11Gyina afikyire na ɔyɔnko a ɔfɛm wʼadeɛ no de awowasideɛ no bɛbrɛ wo. 12Sɛ ɔyɔnko no yɛ ohiani na ɔwɔ ntoma baako a ɔpɛ sɛ ɔde si wo awowa a, nkora ntoma no nkɔsi adekyeeɛ. 13Fa ntoma no kɔma wo yɔnko no owiatɔberɛ sɛdeɛ ɔde bɛda na wahyira wo. Na Awurade, wo Onyankopɔn, bɛka sɛ woayɛ wo nyamedwuma na wahyira wo.

14Nhyɛ ɔpaani mmɔborɔni a ɔyɛ wo nua Israelni anaa ɔhɔhoɔ a ɔte mo nkuro baako mu no so. 15Tua nʼapaadeɛ ma no ɛda biara ansa na owia akɔtɔ, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ohiani na nʼani da saa akatua no so. Anyɛ saa a, ɔbɛsu afrɛ Awurade atia wo, na wobɛdi bɔne ho fɔ.

16Ɛnsɛ sɛ mma bɔne bi a wɔayɛ enti wɔkum wɔn awofoɔ de si anan. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ awofoɔ bɔne bi a wɔayɛ enti wɔkum wɔn mma de si anan. Wɔn a owuo sɛ wɔn no, ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn wɔ wɔn ankasa bɔne ano.

17Ɛsɛ sɛ wɔbu ahɔhoɔ a wɔte mo mu no ne nwisiaa atɛntenenee, na ɛnsɛ sɛ mogye okunafoɔ ɔbaa ntoma de si ɛka a ɔde ho awowa. 18Daa monkae sɛ, na mo nso moyɛ nkoa wɔ Misraim na Awurade, mo Onyankopɔn, na ɔgyee mo. Ɛno enti na mede saa mmara yi ama mo no.

19Sɛ woretwa wʼafuo mu nnɔbaeɛ, na wo werɛ firi afi bi wɔ afuom hɔ a, nsane nkɔfa. Gya wɔ hɔ ma ahɔhoɔ, awisiaa anaa akunafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo nsa ano nnwuma nyinaa so. 20Sɛ wote wo ngo nnua so aba a, nkɔ so mprenu. Gya aba no a aka so no ma ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ. 21Saa nso na wote wo bobe nturo so aba a, nkɔ so mprenu. Gya aba a aka wɔ so no ma ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ. 22Monkae sɛ, moyɛɛ nkoa wɔ Misraim. Ɛno enti na mehyɛ mo sɛ monyɛ yei no.

Persian Contemporary Bible

تثنيه 24:1-22

1اگر مردی پس از ازدواج با زنی، به عللی از او راضی نباشد، و طلاقنامه‌ای نوشته، به دستش دهد و او را رها سازد 2و آن زن دوباره ازدواج كند 3و شوهر دومی نيز از او راضی نباشد و او را طلاق دهد يا بميرد، 4آنگاه شوهر اولش نمی‌تواند دوباره با او ازدواج كند، زيرا آن زن نجس شده است. خداوند از چنين ازدواجی متنفر است و اين عمل باعث می‌شود زمينی كه خداوند، خدايتان به شما داده است به گناه آلوده شود.

5مردی را كه تازه ازدواج كرده است نبايد به سربازی احضار نمود و يا مسئوليتهای بخصوص ديگری به وی محول كرد، بلكه مدت يک سال در خانهٔ خود آزاد بماند و با زنش خوش باشد.

6گرو گرفتن سنگ آسياب خلاف قانون است، چون وسيلهٔ امرار معاش صاحبش می‌باشد. 7اگر كسی يكی از برادران اسرائيلی خود را بدزدد و با او مثل برده رفتار كند و يا او را بفروشد، اين آدم دزد بايد كشته شود تا شرارت از ميان شما پاک گردد.

8هرگاه كسی به مرض جذام مبتلا شود، بايد به دقت آنچه را كه كاهنان به او می‌گويند انجام دهد؛ او بايد از دستوراتی كه من به كاهنان داده‌ام پيروی كند. 9به خاطر بياوريد آنچه را كه خداوند، هنگامی كه از مصر بيرون می‌آمديد با مريم كرد24‏:9 نگاه کنيد به اعداد 12‏:10‏-15.‏.

10اگر به كسی چيزی قرض می‌دهيد نبايد برای گرفتن گرو به خانه‌اش وارد شويد. 11بيرون خانه بايستيد تا صاحب خانه آن را برايتان بياورد. 12‏-13اگر آن مرد، فقير بوده، ردايش را كه در آن می‌خوابد به عنوان گرو به شما بدهد نبايد تا روز بعد، پيش خود نگه داريد بلكه هنگام غروب آفتاب آن را به او بازگردانيد تا بتواند شب در آن بخوابد. آنگاه او برای شما دعای خير خواهد كرد و خداوند، خدايتان از شما راضی خواهد بود.

14‏-15هرگز به يک كارگر روزمزد فقير و محتاج ظلم نكنيد، چه اسرائيلی باشد و چه غريبی كه در شهر شما زندگی می‌كند. مزدش را هر روز قبل از غروب آفتاب به وی پرداخت كنيد، چون او فقير است و چشم اميدش به آن مزد است. اگر چنين نكنيد، ممكن است نزد خداوند از دست شما ناله كند و اين برای شما گناه محسوب شود.

16پدران نبايد به سبب گناهان پسرانشان كشته شوند، و نه پسران به سبب گناهان پدرانشان. هر كس بايد به سبب گناه خودش كشته شود.

17با غريبان و يتيمان به عدالت رفتار كنيد و هرگز لباس بيوه‌زنی را در مقابل قرضی كه به او داده‌ايد گرو نگيريد. 18هميشه به ياد داشته باشيد كه در مصر برده بوديد و خداوند، خدايتان شما را نجات داد. به همين دليل است كه من اين دستور را به شما می‌دهم.

19اگر هنگام درو كردن محصول فراموش كرديد يكی از بافه‌ها را از مزرعه بياوريد، برای برداشتن آن به مزرعه باز نگرديد. آن را برای غريبان، يتيمان و بيوه‌زنان بگذاريد تا خداوند، خدايتان دسترنج شما را بركت دهد. 20وقتی كه محصول زيتون خود را از درخت می‌تكانيد شاخه‌ها را برای بار دوم تكان ندهيد، بلكه باقيمانده را برای غريبان، يتيمان و بيوه‌زنان بگذاريد. 21در مورد انگور تاكستانتان نيز چنين عمل كنيد. دوباره سراغ تاكی كه انگورهايش را چيده‌ايد نرويد، بلكه آنچه را كه از انگورها باقی مانده است برای نيازمندان بگذاريد. 22يادتان باشد كه در سرزمين مصر برده بوديد. به همين سبب است كه من اين دستور را به شما می‌دهم.