5 Mose 20 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 20:1-20

Akodie Ho Nkyerɛkyerɛ

1Sɛ mokɔ ɔko de tia mo atamfoɔ na mohunu apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne akodɔm a wɔdɔɔso sen mo a, monnsuro wɔn. Awurade, mo Onyankopɔn, a ɔyii mo firii Misraim no bɛka mo ho. 2Sɛ morebɛkɔ ɔko a, ɔsɔfoɔ no bɛba abɛkasa akyerɛ akodɔm no. 3Ɔbɛka sɛ, “Montie me, mo Israel mmarima! Ɛnnɛ, morekɔ ɔsa yi, mommma mo akoma ntu! Mommma mo abasa mu mmu, na momma mo ho mpopo. 4Na Awurade, mo Onyankopɔn, na ɔne mo rekɔ. Ɔbɛko atia mo atamfoɔ no ama mo, na moadi nkonim.”

5Akodɔm mpanimfoɔ no bɛbisa akodɔm no sɛ, “Mo mu bi asi ɛdan foforɔ a ɔntenaa mu da? Sɛ obi wɔ ha saa a, ɔnsane nkɔ! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu na ama obi akɔtena mu! 6Obi wɔ ha a wadɔ bobefuo na ɔnnii mu aba da? Sɛ obi wɔ ha saa a, ɔnsane nkɔ! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu, na ama obi akɔdi mu aba. 7Obi wɔ ha a wagye ɔbaa bi awadeɛ? Sɛ obi wɔ ha saa a, ɔnsane nkɔ! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu, na ama obi akɔware ne siyere no.” 8Afei, mpanimfoɔ bɛkɔ so abisa sɛ, “Mo mu bi suro anaa nʼakoma atu? Ɛnneɛ, ɔnkɔ fie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ne nuammarima nso akoma ntu.” 9Sɛ mpanimfoɔ no wie akodɔm no kasakyerɛ a, afei wɔbɛpa asahene asisi wɔn ano.

10Sɛ mobɛn kuro biara a morekɔto ahyɛ wɔn so no ano a, deɛ ɛdi ɛkan no, monkyerɛ nnipa no asomdwoeɛ nhyehyɛeɛ a mowɔ ma wɔn. 11Sɛ wɔpene mo nhyehyɛeɛ no so na wɔbue wɔn apono ma mo a, nnipa a wɔwɔ mu no nyinaa, mobɛhyɛ wɔn ama wɔasom mo. 12Na sɛ wɔampene asomdwoeɛ nhyehyɛeɛ no so na sɛ wɔse wɔne mo bɛko a, ɛnneɛ, monto nhyɛ kuro no so. 13Awurade, mo Onyankopɔn, dane kuro no hyɛ mo nsa a, monkum kuro no mu mmarima nyinaa. 14Nanso, ɛyɛ a momfa kuro no mu mmaa, mmɔfra, nyɛmmoa ne asadeɛ a aka nyinaa sɛ agyapadeɛ. Momfa asadeɛ no nyinaa a Awurade de ama mo no. 15Saa nhyɛ yi fa nkuro a ɛwɔ akyiri nko ara ho, na ɛnyɛ nkuro a ɛwɔ bɔhyɛ asase no so.

16Na amanaman nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no deɛ, monsɛe biribiara a nkwa wɔ mu wɔ hɔ no. 17Monsɛe Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ pasaa sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn, hyɛɛ mo no. 18Sɛ ɛba saa a, ɛremma nnipa a wɔte asase no so no nkyerɛ mo akyiwadeɛ ho amanneɛ a wɔnam so somm wɔn anyame a anka ɛbɛma mo ayɛ bɔne a emu yɛ duru atia Awurade, mo Onyankopɔn, no.

19Sɛ moretua kuropɔn bi na ɔko no rekɔ so a, monnsɛe nnua. Monni nnuaba no na monntwitwa nnua no ngu. Nnua no nyɛ atamfoɔ a ɛsɛ sɛ moto hyɛ so! 20Nanso, motumi twa nnua a monim sɛ ɛnyɛ aduane. Momfa nyɛ deɛ ɛho hia mo mfa ntua kuro no kɔsi sɛ ɛbɛdi nkoguo.