5 Mose 2 – ASCB & CCBT

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 2:1-37

Ɛserɛ So Ananteananteɛ

1Afei, yɛsane yɛn akyi de yɛn ani kyerɛɛ ɛserɛ so wɔ baabi a Ɛpo Kɔkɔɔ no da hɔ sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Yɛnantenante faa Seir bepɔ ho nna bebree.

2Akyire no, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, 3“Moatwa afa saa bepɔ yi ho akyɛre yie enti monnane mo ani nkyerɛ atifi fam. 4Hyɛ ɔman no sɛ, ‘Mobɛfa mo nuanom Edomfoɔ a wɔyɛ Esau asefoɔ a wɔte Seir no asase so. Edomfoɔ no bɛsuro mo, nanso monhwɛ yie. 5Monnhyɛ wɔn abufuo a ɛde ɔko bɛba, na meremfa wɔn nsase no mu biara mma mo; mpo, baabi a mode mo nan bɛtia, ɛfiri sɛ, mede Seir bepɔ kuro ama Esau sɛ nʼatenaeɛ. 6Aduane biara a mobɛdi ne nsuo biara a mobɛnom no, montua wɔn ho ka.’ ”

7Awurade ahyira mo nsa ano nnwuma nyinaa. Wahwɛ mo so wɔ mo akwantuo wɔ ɛserɛ kakraa yi nyinaa so. Saa mfeɛ aduanan yi nyinaa mu, Awurade aka mo ho na hwee ho anhia mo.

8Yɛtwa faa yɛn nuanom a wɔyɛ Esau asefoɔ a wɔte Seir no ho. Yɛfaa Araba subɔnhwa ɛkwan no a ɛfiri Elat ne Esion-Geber no so na yɛbɛfaa Moab ɛserɛ so ɛkwan no so.

9Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Monnha Moabfoɔ no anaa monnteetee wɔn sɛdeɛ ɛde ɔko bɛba, na meremfa wɔn nsase no mu biara mma mo. Ɛfiri sɛ, mede Ar ama Lot asefoɔ sɛ agyapadeɛ.”

10Kane no na Emifoɔ na wɔte hɔ. Na wɔsoso na wɔdɔɔso a wɔwoware te sɛ Anakfoɔ no. 11Wɔn nso, na wɔyɛ abrane sɛ Anakfoɔ no ara pɛ, a na wɔfrɛ wɔn Refaimfoɔ, nanso Moabfoɔ deɛ, na wɔfrɛ wɔn Emifoɔ. 12Kane no na Horifoɔ na wɔte Seir, nanso Esau asefoɔ tuu wɔn firii hɔ. Wɔsɛee Horifoɔ no tenaa wɔn ananmu sɛdeɛ Israel yɛɛ wɔ asase a Awurade de maa wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ no so no pɛpɛɛpɛ.

13Awurade kaa sɛ, “Afei, sɔre na kɔtwa asuwa Sered no.” Na yɛkɔtwaa asuwa Sered.

14Na nna dodoɔ a yɛde nante firi Kades-Barnea bɛsii sɛ yɛtwaa asuwa Sered no yɛ mfirinhyia aduasa nwɔtwe. Saa ɛberɛ no, na mmarima a wɔanyinyini yie a wɔbɛtumi akɔ ɔko no nyinaa awuwu wɔ ɛserɛ no so sɛdeɛ Awurade kaeɛ no. 15Na Awurade nsa tiaa wɔn ara kɔsi sɛ wɔn nyinaa bɛwuwuu wɔ wɔn atenaeɛ hɔ.

16Akofoɔ no nyinaa wuwu firii nnipa no mu pɛ, 17Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, 18“Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ wofa Ar kɔsi Moab mantam mu. 19Na sɛ woduru Amonfoɔ mu a, nha wɔn anaa nhyɛ wɔn ahometeɛ a ɛde wɔn bɛkɔ ɔko mu, ɛfiri sɛ, meremma mo Amorifoɔ nsase no bi. Mede ama Lot asefoɔ sɛ agyapadeɛ.”

20Saa beaeɛ hɔ na abrane akɛseɛ a na Amonfoɔ frɛ wɔn Samsumin no na wɔte kane no. 21Na wɔyɛ nnipa ahoɔdenfoɔ a wɔdɔɔso na wɔwoware te sɛ Anakfoɔ no. Na Awurade sɛee Samsumifoɔ no wɔ Amonfoɔ anim ma wɔtuu wɔn tenaa wɔn anan mu. 22Saa ara na Awurade sɛee Horifoɔ wɔ Esau asefoɔ a na wɔte Seir no anim ma wɔtuu wɔn, tenaa wɔn anan mu de bɛsi ɛnnɛ yi. 23Na Awifoɔ nso a wɔtenaa nkuraa nkuraa hwete kɔduruu Gasa no nso, Kaftorfoɔ a wɔfiri Kaftor bɛsɛee wɔn, tenaa wɔn anan mu.

Wɔdi Amorihene Sihon So

24“Sɔre kɔtwa Arnon subonhwa. Mede Hesbonhene Sihon a ɔyɛ Amorini no ne nʼasase ahyɛ wo nsa. Kɔto hyɛ ne so, na monko, na fa nʼasase no. 25Ɛfiri ɛnnɛ yi ara, mede mo ho suro ne hu bɛhyɛ aman a wɔwɔ ɔsoro ase nyinaa mu. Wɔbɛte mo ho nsɛm na wɔn ho bɛpopo na mo enti, wɔanya adwenemhaw.”

26Metuu abɔfoɔ firii Kedemot ɛserɛ so kɔɔ Hesbonhene Sihon nkyɛn asomdwoeɛ so kɔka kyerɛɛ no sɛ, 27“Ma yɛntwam wʼasase so ha. Yɛbɛfa ɛkwan tempɔn mu a yɛremmane mfa benkum anaa nifa so baabiara. 28Tɔn aduane ma yɛnni na tɔn nsuo nso ma yɛnnom. Deɛ yɛrehwehwɛ ara ne ɛkwan a wobɛma yɛn ama yɛatwam wɔ wʼasase so, 29sɛdeɛ Esau asefoɔ a na wɔte Seir ne Moabfoɔ a na wɔte Ar yɛɛ yɛn no. Ma yɛntwam nkɔsi sɛ yɛbɛtwam Yordan akɔsi asase a Awurade de ama yɛn no so.” 30Nanso, Hesbonhene Sihon amma yɛamfa nʼasase so antwam. Ɛfiri sɛ, Awurade yɛɛ ne honhom sisirii, pirim nʼakoma sɛdeɛ ɔnam so de no bɛhyɛ wo nsam nam so adi wɔn so nkonim sɛdeɛ wayɛ no ɛnnɛ yi.

31Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Mafiti aseɛ de Sihon ne ne ɔman ahyɛ wo nsam. Afei, fiti aseɛ na di wɔn so, na fa nʼasase no.”

32Ɛberɛ a Sihon ne ne dɔm bɛhyiaa yɛn ɔko so wɔ Yahas no, 33Awurade de no maa yɛn ma yɛdii ɔno, ne ne manfoɔ nyinaa so. 34Na yɛfaa ne nkuro nyinaa saa ɛberɛ no sɛee ne mmarima, mmaa ne mmɔfra a wɔwɔ kuropɔn biara mu a yɛannya obiara, 35gye afieboa nko na yɛfomm wɔn faeɛ, ɛnna nkuro a yɛfaeɛ no mu asadeɛ. 36Ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subɔnhwa ano ne kuro a ɛda subɔnhwa no mu no so de kɔsi Gilead no, kuro biara nni hɔ a na ɛsodie yɛ den ma yɛn; Awurade de ne nyinaa hyɛɛ yɛn nsa. 37Nanso, yɛammɛn Amorifoɔ a na wɔwɔ Asubɔnten Yabok ho ne mmepɔ no so nkuro no baabiara a Awurade yɛn Onyankopɔn hyɛɛ yɛn sɛ yɛnnkɔ no.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

申命記 2:1-37

曠野漂流

1「之後,我們遵照耶和華的吩咐掉轉頭,沿紅海的路前往曠野,在西珥山區繞行了很久。 2後來,耶和華對我說, 3『你們在這山區繞行的日子夠了,現在轉向北方吧。 4你告訴眾人,你們將經過西珥,那裡住著你們的親屬以掃的子孫。他們懼怕你們,所以要格外謹慎, 5不要惹他們,因為我已把西珥山賜給以掃作產業,他們的土地,我一寸也不會賜給你們。 6你們吃的、喝的,都要花錢向他們買。 7你們的上帝耶和華使你們凡事蒙福,看顧著你們走過這遼闊的曠野,四十年來與你們同在,使你們一無所缺。』

8「於是,我們繞過我們親屬以掃的子孫所住的西珥,沿亞拉巴的路,經過以拉他以旬·迦別,向摩押曠野走去。 9耶和華對我說,『不可騷擾摩押人,不可與他們爭戰,因為我不會把他們的土地賜給你,我已把亞珥賜給羅得的子孫為業。』

10「從前以米人住在亞珥,他們人數眾多,像亞衲人一樣身材高大。 11以米人同亞衲人一樣也被稱為利乏音人,但摩押人稱他們為以米人。 12以前,何利人也住在西珥,但以掃的子孫消滅了他們,佔領了他們的土地,住在那裡,正如後來以色列人佔領了耶和華賜給他們的土地。 13耶和華又說,『現在,你們要動身過撒烈溪。』於是,我們過了撒烈溪。 14我們從離開加低斯·巴尼亞到穿過撒烈溪用了三十八年。期間,那一代戰士都死光了,正如耶和華的誓言。 15其實是耶和華的手攻擊他們,直到把他們從營中全部消滅。

16「所有的戰士都死後, 17耶和華對我說, 18『今天你要從亞珥繞過摩押邊境。 19亞捫人之地後,不可騷擾他們,不可與他們爭戰,因為我不會把他們的土地賜給你們,我已把那裡賜給羅得的子孫作產業。』 20那裡以前也是利乏音人住的地方,亞捫人稱利乏音人為散送冥21利乏音族人數眾多,像亞衲人一樣身材高大。耶和華消滅了他們,讓亞捫人佔領他們的土地,住在那裡。 22耶和華也曾為以掃的子孫消滅住在西珥何利人,讓他們佔據何利人的土地,住在那裡,直到今日。 23同樣,來自克里特迦斐托人消滅了迦薩附近的亞衛人,住在那裡。 24耶和華說,『起來穿過亞嫩谷,我已將亞摩利希實本西宏和他的土地交在你手中,你要攻打他,佔領他的土地。 25從今天起,我要使天下萬民在你面前驚恐萬狀,一聽到你的名字就嚇得發抖。』

擊敗希實本王

26「於是,我從基底莫曠野派使者去見希實本西宏,提出和平的建議,說, 27『請允許我們從貴國經過,我們只走大路,不會偏離。 28我們吃的喝的,都會按價向你買,只求讓我們借道經過, 29就像西珥以東人和亞珥摩押人那樣對待我們。我們只想過約旦河,去我們的上帝耶和華所賜之地。』 30希實本西宏卻拒絕我們的請求,因為我們的上帝耶和華使他頑固不化,好讓我們擊敗他,正如今日的情形。 31耶和華對我說,『看啊,我已把西宏和他的土地交給你了,去佔領那裡,奪取他的土地吧。』 32西宏率領全軍在雅雜與我們交戰。 33我們的上帝耶和華使西宏父子及其軍隊敗在我們手下,全軍覆沒。 34我們攻佔了西宏的所有城邑,將其夷為平地,殺光城中的男女老幼,一個不留, 35只留下牲畜和財物作戰利品。 36亞嫩谷邊的亞羅珥和谷中的城,直到基列的所有城邑全被我們攻克,我們的上帝耶和華把這一切都交給了我們。 37我們遵照我們的上帝耶和華的吩咐,沒有侵犯亞捫人的土地,即雅博河一帶和山區的城邑。