5 Mose 18 – ASCB & KJV

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 18:1-22

Asɔfoɔ Ne Lewifoɔ Akyɛdeɛ

1Asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ, nokorɛm Lewi abusuakuo nyinaa nni kyɛfa ne agyapadeɛ biara wɔ Israel ɔman mu te sɛ mmusuakuo a aka no. Mmom, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no bɛdi ogya afɔdeɛ a wɔbɔ ma Awurade no bi sɛ wɔn agyapadeɛ. 2Israelfoɔ mu deɛ, wɔrennya agyapadeɛ biara sɛ wɔn ankasa kyɛfa. Awurade ankasa bɛyɛ wɔn kyɛfa sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn bɔ no ara.

3Yei ne kyɛfa a asɔfoɔ no bɛnya afiri anantwie ne odwan a nnipa no de bɛbɔ afɔdeɛ no mu: nʼabati, nʼapantan ne nʼayamdeɛ. 4Afei, momma wɔn mo aburookan mu adeɛ, nsã foforɔ ne ngo ne nwi a ɛdi ɛkan a wɔtwitwa firi odwan ho. 5Ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, ayi Lewifoɔ afiri mo mmusuakuo nyinaa mu sɛ wɔnnyina, nsom daa wɔ Awurade din mu.

6Sɛ Lewini bi pɛ na ɔfiri mo nkuro no mu biara a ɔte so mu wɔ Israel kɔ baabi a Awurade ayi a, 7ɔtumi som wɔ Awurade, ne Onyankopɔn, din mu te sɛ deɛ ne nkurɔfoɔ Lewifoɔ a wɔsom wɔ hɔ wɔ Awurade anim no yɛ no ara. 8Sɛ mpo wanya sika bi afiri abusua agyapadeɛ bi tɔn mu a, wɔde ne kyɛfa a ɛwɔ afɔrebɔdeɛ no mu sɛ Lewini no bɛma no sɛ asɛdeɛ.

Nneyɛɛ A Ɛyɛ Akyiwadeɛ

9Sɛ monya duru asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so a, monhwɛ yie na moansua amanaman a ɛwɔ hɔ no amanneɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ. 10Mommma wɔnnhunu sɛ mo mu bi de ne babarima anaa ne babaa abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Na mommma mo nnipa no nnyɛ akɔmfoɔ a wɔhyɛ abosom nkɔm, abayifoɔ ne abisakorɔfoɔ, ne ntafowayifoɔ 11ne nkaberɛkyerefoɔ ne asamanfrɛfoɔ, adutofoɔ a ɔbisa afunu. 12Obiara a ɔyɛ saa adeɛ yi bi no yɛ Awurade akyiwadeɛ na saa akyiwadeɛ yi enti, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛpamo saa aman no afiri mo anim. 13Na wɔmmfa so bi nto mo so wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim.

Odiyifoɔ

14Aman a morekɔtu wɔn yi tie wɔn a wɔpɛ abayisɛm ne nkɔmhyɛsɛm. Nanso mo deɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, mma mo kwan sɛ monyɛ saa. 15Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi odiyifoɔ a ɔte sɛ me afiri mo Israelfoɔ yi ara mu. Ɛsɛ sɛ moyɛ ɔsetie ma no. 16Saa na mo ankasa mobisaa Awurade, mo Onyankopɔn, ɛberɛ a mohyiaa wɔ Horeb no. Mosrɛɛ sɛ mompɛ sɛ mote Awurade, mo Onyankopɔn, nne anaa mohunu egyadɛreɛ bio, ɛfiri sɛ, mosuro sɛ anhwɛ a, mobɛwuwu.

17Na Awurade buaa sɛ, “Mɛyɛ wɔn abisadeɛ ama wɔn. 18Mɛda odiyifoɔ te sɛ wo adi afiri wɔn nkurɔfoɔ Israelfoɔ mu. Mɛkyerɛ saa odiyifoɔ no asɛm a mɛhyɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ nnipa no, na ɔbɛka akyerɛ wɔn. 19Obiara a wantie asɛm a odiyifoɔ no bɛka wɔ me din mu no, mʼankasa me ne ɔsoɔdenfoɔ no bɛdi. 20Na odiyifoɔ biara a ɔnam onyame foforɔ bi so ka asɛm anaa ɔdi atorɔ wɔ me din mu no bɛwu.”

21Mobɛbisa mo ho sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yɛahunu sɛ adiyisɛm no firi Awurade anaasɛ ɛmfiri no?” 22Sɛ odiyifoɔ no hyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu na amma mu a, na ɛnyɛ Awurade na ɔde asɛm no maeɛ. Na ɛkyerɛ sɛ, saa odiyifoɔ no ara kaa ɔno ankasa nʼasɛm bi kwa enti ɛnsɛ sɛ wɔsuro no.

King James Version

Deuteronomy 18:1-22

1The priests the Levites, and all the tribe of Levi, shall have no part nor inheritance with Israel: they shall eat the offerings of the LORD made by fire, and his inheritance. 2Therefore shall they have no inheritance among their brethren: the LORD is their inheritance, as he hath said unto them.

3¶ And this shall be the priest’s due from the people, from them that offer a sacrifice, whether it be ox or sheep; and they shall give unto the priest the shoulder, and the two cheeks, and the maw. 4The firstfruit also of thy corn, of thy wine, and of thine oil, and the first of the fleece of thy sheep, shalt thou give him. 5For the LORD thy God hath chosen him out of all thy tribes, to stand to minister in the name of the LORD, him and his sons for ever.

6¶ And if a Levite come from any of thy gates out of all Israel, where he sojourned, and come with all the desire of his mind unto the place which the LORD shall choose; 7Then he shall minister in the name of the LORD his God, as all his brethren the Levites do, which stand there before the LORD. 8They shall have like portions to eat, beside that which cometh of the sale of his patrimony.18.8 that…: Heb. his sale by the fathers

9¶ When thou art come into the land which the LORD thy God giveth thee, thou shalt not learn to do after the abominations of those nations. 10There shall not be found among you any one that maketh his son or his daughter to pass through the fire, or that useth divination, or an observer of times, or an enchanter, or a witch, 11Or a charmer, or a consulter with familiar spirits, or a wizard, or a necromancer. 12For all that do these things are an abomination unto the LORD: and because of these abominations the LORD thy God doth drive them out from before thee. 13Thou shalt be perfect with the LORD thy God.18.13 perfect: or, upright, or, sincere 14For these nations, which thou shalt possess, hearkened unto observers of times, and unto diviners: but as for thee, the LORD thy God hath not suffered thee so to do.18.14 possess: or, inherit

15¶ The LORD thy God will raise up unto thee a Prophet from the midst of thee, of thy brethren, like unto me; unto him ye shall hearken; 16According to all that thou desiredst of the LORD thy God in Horeb in the day of the assembly, saying, Let me not hear again the voice of the LORD my God, neither let me see this great fire any more, that I die not. 17And the LORD said unto me, They have well spoken that which they have spoken. 18I will raise them up a Prophet from among their brethren, like unto thee, and will put my words in his mouth; and he shall speak unto them all that I shall command him. 19And it shall come to pass, that whosoever will not hearken unto my words which he shall speak in my name, I will require it of him. 20But the prophet, which shall presume to speak a word in my name, which I have not commanded him to speak, or that shall speak in the name of other gods, even that prophet shall die. 21And if thou say in thine heart, How shall we know the word which the LORD hath not spoken? 22When a prophet speaketh in the name of the LORD, if the thing follow not, nor come to pass, that is the thing which the LORD hath not spoken, but the prophet hath spoken it presumptuously: thou shalt not be afraid of him.