5 Mose 14 – ASCB & JCB

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 14:1-29

Nnuane A Ɛho Teɛ Ne Nea Ɛho Nteɛ

1Moyɛ Awurade mo Onyankopɔn mma. Ɛno enti mommotabota mo ho anaa monnnyi mo moma so mma awufoɔ, 2ɛfiri sɛ, moyɛ nnipa kronkron ma Awurade, mo Onyankopɔn. Nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa, mo na Awurade ayi mo sɛ nʼagyapadeɛ a ɛsom bo.

3Monnni akyiwadeɛ biara. 4Yeinom ne mmoa a ɛsɛ sɛ mowe: nantwie, odwan, abirekyie 5ɔforoteɛ, adowa, ɔwansane, eyuo, ɔtwe, ɛkoɔ ne abereɛ. 6Na monni atɔteboa biara a ne tɔte mu apae mmienu na ɔpu wesa. 7Nanso, ntɔteboa a wɔpu wesa anaa wɔn tɔte mu apae mmienu koraa mu no, monnwe yoma, adanko ne atwaboa, ɛfiri sɛ, wɔpu wesa deɛ, nanso wɔn tɔte mu mpaeɛ; wɔn ho nte mma mo. 8Ɔprako nso ho nte. Ɛwom sɛ ne tɔte mu apae deɛ, nanso ɔmpu nwesa. Ɛnsɛ sɛ mowe ne nam anaa mode mo nsa sɔ ne funu mu koraa.

9Nsuomnam a wɔwɔ tɛtɛ ne abon nyinaa motumi we. 10Nanso, nsuomnam a wɔnni tɛtɛ ne abon deɛ, monnwe. Wɔn ho nte mma mo.

11Anomaa biara a ne ho te no, monwe. 12Nnomaa a ɛnsɛ sɛ mowe nie: ɔkɔdeɛ, opete, asuo so ɔkɔdeɛ, 13ɔkompete, nkorɔma ahodoɔ nyinaa 14kwaakwaadabi ahodoɔ nyinaa, 15sohori, anadwo akorɔma, ɛpo so asomfena ne akorɔma ahodoɔ nyinaa, 16ɔpatuo, ɔpatukɛseɛ, bakanoma 17nantwinoma, opete ne ɛpo so anene, 18ne asukɔnkɔn ahodoɔ nyinaa, asɔkwaa ne apan.

19Ntuboa a wɔnante nyinaa ho nnte mma mo; monnwe. 20Nanso ntuboa a wɔn ho te nyinaa deɛ, monwe.

21Monnwe aboa bi a ɔno ankasa awuo. Momfa ma ɔhɔhoɔ a ɔne mo te, anaasɛ montɔn ma ɔnanani. Na mo ankasa deɛ, monnwe, ɛfiri sɛ, wɔayi mo asi nkyɛn sɛ ɔman kronkron ama Awurade, mo Onyankopɔn.

Monnoa abirekyie ba wɔ ne maame nufosuo mu.

Ntotosoɔ Dudu Ho Mmara

22Mo mfuo mu nnɔbaeɛ no, monyi mu ntotosoɔ dudu a ɛyɛ nkyɛmu edu mu baako wɔ mo nnɔbaeɛ mu afe biara otwaberɛ mu. 23Momfa saa ntotosoɔ dudu yi mmra baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛkyerɛ mo na momfa nkamfo ne din na monni wɔ nʼanim. Mo aburoo, mo nsa, mo ngo ne mo anantwie ne mo nnwan abakan mmarima nso, monyɛ wɔn saa ara. Ntotosoɔ dudu no botaeɛ ne sɛ, ɛkyerɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ daa mosuro Awurade, mo Onyankopɔn. 24Sɛ beaeɛ a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛkyerɛ mo sɛ monkamfo ne din no kwan ware firi mo fie a, 25motumi tɔn mo afudeɛ ne mo nyɛmmoa ntotosoɔ dudu no kyɛfa gye sika de kɔ faako a Awurade, mo Onyankopɔn, akyerɛ mo hɔ. 26Sɛ moduru hɔ a, momfa sika no ntɔ biribiara a mo kɔn dɔ, sɛ ebia, nantwie, odwan, bobesa, anaa nsã biara a ɛyɛ den ne adeɛ biara a mo kra pɛ na monni wɔ hɔ wɔ Awurade mo Onyankopɔn anim, na mo ne mo fiefoɔ ani nnye. 27Lewifoɔ a wɔfra mo mu no, mommma mo werɛ mfiri wɔn, ɛfiri sɛ, wɔnni kyɛfa biara a wɔdi so sɛdeɛ mowɔ no.

28Mfeɛ mmiɛnsa biara awieeɛ no, momfa mo mfudeɛ ntotosoɔ dudu no mmra mmɛkora no wɔ kuro a ɛbɛn mu. 29Momfa mma Lewifoɔ a wɔnni kyɛfa wɔ mo mu no ne ananafoɔ a wɔwɔ mo nkuro so no, nwisiaa ne akunafoɔ a wɔwɔ mo nkuro so sɛdeɛ wɔbɛtumi adidi amee. Na Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo nnwuma nyinaa so.

Japanese Contemporary Bible

申命記 14:1-29

14

神の民として

1あなたがたは神の民ですから、〔異邦人が偶像を拝むときするように〕体を傷つけたり、葬式の時に額をそったりしてはいけません。 2あなたがたは特別な民なのです。神様が地上のどの民よりも、あなたがたをご自分のものとしてお選びになったからです。

きよい動物と汚れた動物

3-5礼拝規定で汚れたものとみなされる動物を食べてはいけません。食べていい動物は次のとおりです。牛、羊、やぎ、鹿、かもしか、のろじか、野やぎ、くじか(大かもしかの一種)、大鹿、野羊。

6ひづめが分かれていて反芻する動物は、食べてかまいません。 7それ以外のものはだめです。らくだ、野うさぎ、岩だぬきなどは反芻しますが、ひづめが分かれていないので食べられません。 8その反対に、豚はひづめが分かれていますが、反芻しないので、やはり食べてはいけません。このような動物は死体にも触れてはいけません。

9水中の動物では、ひれとうろこのあるものは食べてかまいません。 10それ以外はみな汚れたものです。

11-18鳥は、次のものを除いて全部食べられます。はげわし、はげたか、黒はげたか、黒とび、はやぶさ、とびの類、からすの類全部、だちょう、よたか、かもめ、たかの類、ふくろう、みみずく、白ふくろう、ペリカン、野がん、鵜、こうのとり、さぎの類、やつがしら、こうもり。

19-20例外もありますが、羽のある昆虫類は汚れたもので、食べてはいけません。

21自然に死んだものは食べてはいけません。ただ、在留外国人は別です。その肉を彼らに与えても、売ってもかまいません。しかし、あなたがたは主にとってきよい者とされているのですから、食べてはいけません。

子やぎをその母の乳で煮てはいけません。

収穫の十分の一をささげよ

22毎年、収穫の十分の一をささげなさい。 23それを、主が聖所としてお選びになった場所へ持って行き、いっしょに食べなさい。穀物、新しいぶどう酒、オリーブ油、牛や羊の初子などの十分の一です。こうして、いつも神を第一にして生きることを学ぶのです。 24聖所が遠すぎてささげ物を持って行けないときは、 25それを売った代金を持って行きなさい。 26着いてから、その金で牛や羊、ぶどう酒や強い酒など、何でも欲しい物を買い、家族とともに主の前で楽しく食事し、祝い合いなさい。 27同じ町に住むレビ人にも、忘れずにその一部を分け与えなさい。レビ人には土地もなければ、収穫もないからです。

28三年ごとに、その年の十分の一のささげ物を、それぞれの地域の福祉に使いなさい。 29財産のないレビ人や外国人、町に住む未亡人や身寄りのない子に与えるのです。そうすれば、だれもが食べて満ち足り、主があなたも、あなたの仕事も祝福してくださいます。